< Genesis 7 >

1 And the LORD said unto Noah, Come thou and all thy house into the ark; for thee have I seen righteous before me in this generation.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Noa se, “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ Adaka no mu, efisɛ asase so nnipa nyinaa mu no, wo na mahu sɛ woyɛ ɔtreneeni.
2 Of every clean beast thou shalt take to thee seven and seven, the male and his female; and of the beasts that are not clean two, the male and his female;
Fa mmoa a wɔn ho tew biara, anini ason ne abere ason ka wo ho. Na fa mmoa biara a wɔn ho ntew nso abien, onini ne ɔbere.
3 of the fowl also of the air, seven and seven, male and female: to keep seed alive upon the face of all the earth.
Na fa nnomaa biara anini ason ne abere, sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no akyi no, wɔn ase bɛfɛe.
4 For yet seven days, and I will cause it to rain upon the earth forty days and forty nights; and every living thing that I have made will I destroy from off the face of the ground.
Nnanson akyi no mɛma osu atɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan. Mɛpepa abɔde biara a nkwa wɔ mu a mabɔ afi asase so.”
5 And Noah did according unto all that the LORD commanded him.
Noa dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa so.
6 And Noah was six hundred years old when the flood of waters was upon the earth.
Bere a nsuyiri baa asase so no, na Noa adi mfe ahansia.
7 And Noah went in, and his sons, and his wife, and his sons’ wives with him, into the ark, because of the waters of the flood.
Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn.
8 Of clean beasts, and of beasts that are not clean, and of fowls, and of every thing that creepeth upon the ground,
Mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, nnomaa ne mmoa a wɔwea fam,
9 there went in two and two unto Noah into the ark, male and female, as God commanded Noah.
abien abien a wɔyɛ anini ne abere kɔkaa Noa ho wɔ adaka no mu, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ no.
10 And it came to pass after the seven days, that the waters of the flood were upon the earth.
Na nnanson no akyi no, nsuyiri no fii ase.
11 In the six hundredth year of Noah’s life, in the second month, on the seventeenth day of the month, on the same day were all the fountains of the great deep broken up, and the windows of heaven were opened.
Noa dii mfe ahansia no mu no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunson no, nsuti a ɛwɔ asase mu no nyinaa bobɔe, na ɔsoro mfɛnsere nso buebuei.
12 And the rain was upon the earth forty days and forty nights.
Osu tɔɔ wɔ asase so awia ne anadwo adaduanan.
13 In the selfsame day entered Noah, and Shem, and Ham, and Japheth, the sons of Noah, and Noah’s wife, and the three wives of his sons with them, into the ark;
Saa da no ara, Noa ne ne mmabarima Sem, Ham ne Yafet ne ne yere ne ne mmabarima baasa no yerenom kɔhyɛɛ adaka no mu.
14 they, and every beast after its kind, and all the cattle after their kind, and every creeping thing that creepeth upon the earth after its kind, and every fowl after its kind, every bird of every sort.
Na wuram mmoa ahorow ne nyɛmmoa ahorow ne aboa biara a ɔnam asase so ne anomaa biara ne abɔde biara a ɛwɔ ntaban ka wɔn ho wɔ Adaka no mu.
15 And they went in unto Noah into the ark, two and two of all flesh wherein is the breath of life.
Abɔde biara a nkwa wɔ wɔn mu abien abien baa Noa nkyɛn bewuraa Adaka no mu.
16 And they that went in, went in male and female of all flesh, as God commanded him: and the LORD shut him in.
Mmoa a wowuraa mu no nyinaa, na wɔyɛ anini ne abere, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. Afei, Awurade kaa Noa hyɛɛ adaka no mu, too no mu.
17 And the flood was forty days upon the earth; and the waters increased, and bare up the ark, and it was lift up above the earth.
Nsuyiri no toaa so adaduanan wɔ asase so. Ɛmaa Adaka no so maa ɛtɛn nsu no ani.
18 And the waters prevailed, and increased greatly upon the earth; and the ark went upon the face of the waters.
Nsu no kɔɔ so yirii tɛnn wɔ asase so, maa Adaka no tɛn nsu no ani.
19 And the waters prevailed exceedingly upon the earth; and all the high mountains that were under the whole heaven were covered.
Nsu no yirii tɛnn wɔ asase so ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw atenten akɛse a ɛwɔ asase so nyinaa so.
20 Fifteen cubits upward did the waters prevail; and the mountains were covered.
Nsu no yirii ara kosii sɛ ɛkataa mmepɔw no so boroo so anammɔn aduonu.
21 And all flesh died that moved upon the earth, both fowl, and cattle, and beast, and every creeping thing that creepeth upon the earth, and every man:
Abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛnam asase so te sɛ nnomaa, wuram mmoa a wɔwea asase so ne adesamma ase hyewee.
22 all in whose nostrils was the breath of the spirit of life, of all that was in the dry land, died.
Biribiara a ɛte asase ani no nso ase hyewee.
23 And every living thing was destroyed which was upon the face of the ground, both man, and cattle, and creeping thing, and fowl of the heaven; and they were destroyed from the earth: and Noah only was left, and they that were with him in the ark.
Wɔpepaa biribiara a nkwa wɔ mu a ɛte asase so no. Nnipa ne mmoa ne abɔde a wɔnam asase so ne wim nnomaa nyinaa nso wɔpepaa wɔn fii asase so. Ɛkaa Noa ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ adaka no mu no nko ara.
24 And the waters prevailed upon the earth an hundred and fifty days.
Nsuyiri no toaa so wɔ asase so nnafua ɔha aduonum.

< Genesis 7 >

The Great Flood
The Great Flood