< 1 Samuel 29 >

1 Now the Philistines gathered together all their hosts to Aphek: and the Israelites pitched by the fountain which is in Jezreel.
Filistifo no boaboaa wɔn asraafo nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso kɔkyeree nsraban wɔ asuti bi ho wɔ Yesreel.
2 And the lords of the Philistines passed on by hundreds, and by thousands: and David and his men passed on in the rearward with Achish.
Bere a Filistifo ntuanofo de wɔn asraafo akuwakuw ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu ɔsa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho.
3 Then said the princes of the Philistines, What do these Hebrews here? And Achish said unto the princes of the Philistines, Is not this David, the servant of Saul the king of Israel, which hath been with me these days or these years, and I have found no fault in him since he fell away [unto me] unto this day?
Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?” Akis buae se, “Oyi ne Dawid, ɔbarima a oguan fii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe ni. Na efi bere a ogyaw Saulo hɔ besi nnɛ yi, minhuu ne ho mfomso biara.”
4 But the princes of the Philistines were wroth with him; and the princes of the Philistines said unto him, Make the man return, that he may go back to his place where thou hast appointed him, and let him not go down with us to battle, lest in the battle he become an adversary to us: for wherewith should this [fellow] reconcile himself unto his lord? should it not be with the heads of these men?
Na Filistifo asahene no bo fuw no kae se, “Ma ɔbarima no nsan nkɔ, sɛnea ɔbɛkɔ faako a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, efisɛ sɛ anhwɛ a, ɔbɛdan nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɔkwan foforo bi nni hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛbɛma no ako atia yɛn ana?
5 Is not this David, of whom they sang one to another in dances, saying, Saul hath slain his thousands, and David his ten thousands?
Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asaw mu se: “Saulo akum ne apem apem na Dawid de, wakum mpem du du no?”
6 Then Achish called David, and said unto him, As the LORD liveth, thou hast been upright, and thy going out and thy coming in with me in the host is good in my sight: for I have not found evil in thee since the day of thy coming unto me unto this day: nevertheless the lords favour thee not.
Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, minhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifo asodifo a wɔaka no mpene so.
7 Wherefore now return, and go in peace, that thou displease not the lords of the Philistines.
Enti san wʼakyi na kɔ no asomdwoe mu. Ɛno nti, nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Filistifo no.”
8 And David said unto Achish, But what have I done? and what hast thou found in thy servant so long as I have been before thee unto this day, that I may not go and fight against the enemies of my lord the king?
Dawid bisae se, “Dɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɔkwan yi so? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfo?”
9 And Achish answered and said to David, I know that thou art good in my sight, as an angel of God: notwithstanding the princes of the Philistines have said, He shall not go up with us to the battle.
Nanso Akis gyinaa mu pintinn kae se, “Me nko ara me fa mu de, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn bɔfo. Nanso asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu.
10 Wherefore now rise up early in the morning with the servants of thy lord that are come with thee: and as soon as ye be up early in the morning, and have light, depart.
Enti sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ bere a anim retetew no.”
11 So David rose up early, he and his men, to depart in the morning, to return into the land of the Philistines. And the Philistines went up to Jezreel.
Na Dawid san kɔɔ Filistifo asase so, na Filistifo asraafo no nso kɔɔ Yesreel.

< 1 Samuel 29 >