< 1 Chronicles 23 >

1 Now David was old and full of days; and he made Solomon his son king over Israel.
Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.
2 And he gathered together all the princes of Israel, with the priests and the Levites.
Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase.
3 And the Levites were numbered from thirty years old and upward: and their number by their polls, man by man, was thirty and eight thousand.
Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe.
4 Of these, twenty and four thousand were to oversee the work of the house of the LORD; and six thousand were officers and judges:
Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo.
5 and four thousand were doorkeepers; and four thousand praised the LORD with the instruments which I made, [said David], to praise therewith.
Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”
6 And David divided them into courses according to the sons of Levi; Gershon, Kohath, and Merari.
Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.
7 Of the Gershonites; Ladan and Shimei.
Gerson mmabarima ne: Libni ne Simei.
8 The sons of Ladan; Jehiel the chief, and Zetham, and Joel, three.
Libni asefo no mu baasa yɛ Yehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.
9 The sons of Shimei; Shelomoth, and Haziel, and Haran, three. These were the heads of the fathers’ [houses] of Ladan.
Eyinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanyimfo. Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
10 And the sons of Shimei; Jahath, Zina, and Jeush, and Beriah. These four were the sons of Shimei.
Simei asefo baanan a wɔaka no ne Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
11 And Jahath was the chief, and Zizah the second: but Jeush and Beriah had not many sons; therefore they became a fathers’ house in one reckoning.
Na Yahat yɛ ɔbeapanyin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, efisɛ na wɔn mu biara nni mmabarima dodow.
12 The sons of Kohath; Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel, four.
Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.
13 The sons of Amram; Aaron and Moses: and Aaron was separated, that he should sanctify the most holy things, he and his sons, for ever, to burn incense before the LORD, to minister unto him, and to bless in his name, for ever.
Amram mmabarima yɛ: Aaron ne Mose. Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wonhyira wɔ ne din mu daa daa.
14 But as for Moses the man of God, his sons were named among the tribe of Levi.
Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no de, wɔde ne mmabarima kaa Lewi abusuakuw ho.
15 The sons of Moses; Gershom and Eliezer.
Mose mmabarima no yɛ Gersom ne Elieser.
16 The sons of Gershom; Shebuel the chief.
Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanyin no ka Gersom asefo no ho.
17 And the sons of Eliezer were, Rehabiah the chief. And Eliezer had none other sons; but the sons of Rehabiah were very many.
Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanyin. Na Rehabia asefo yɛ bebree.
18 The sons of Izhar; Shelomith the chief.
Na Selomit a ɔyɛ abusuapanyin no ka Ishar asefo no ho.
19 The sons of Hebron; Jeriah the chief, Amariah the second, Jahaziel the third, and Jekameam the fourth.
Na Yeria a ɔyɛ abusuapanyin, Amaria a odi hɔ, Yahasiel a ɔto so abiɛsa ne Yekameam a ɔto so anan no ne Hebron asefo no.
20 The sons of Uzziel; Micah the chief, and Isshiah the second.
Na Mika a ɔyɛ abusuapanyin ne Yisia a odi hɔ no yɛ Usiel asefo no.
21 The sons of Merari; Mahli and Mushi. The sons of Mahli; Eleazar and Kish.
Na Mahli ne Musi yɛ Merari asefo no. Mahli mmabarima ne Eleasar ne Kis.
22 And Eleazar died, and had no sons, but daughters only: and their brethren the sons of Kish took them [to wife].
(Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.)
23 The sons of Mushi; Mahli, and Eder, and Jeremoth, three.
Musi mmabarima baasa no din de Mahli, Eder ne Yeremot.
24 These were the sons of Levi after their fathers’ houses, even the heads of the fathers’ [houses] of those of them that were counted, in the number of names by their polls, who did the work for the service of the house of the LORD, from twenty years old and upward.
Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som.
25 For David said, The LORD, the God of Israel, hath given rest unto his people; and he dwelleth in Jerusalem for ever:
Na Dawid kae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem.
26 and also the Levites shall no more have need to carry the tabernacle and all the vessels of it for the service thereof.
Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.”
27 For by the last words of David the sons of Levi were numbered, from twenty years old and upward.
Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
28 For their office was to wait on the sons of Aaron for the service of the house of the LORD, in the courts, and in the chambers, and in the purifying of all holy things, even the work of the service of the house of God;
Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi.
29 for the shewbread also, and for the fine flour for a meal offering, whether of unleavened wafers, or of that which is baked in the pan, or of that which is soaked, and for all manner of measure and size;
Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so.
30 and to stand every morning to thank and praise the LORD, and likewise at even;
Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.
31 and to offer all burnt offerings unto the LORD, in the sabbaths, in the new moons, and on the set feast, in number according to the ordinance concerning them, continually before the LORD:
Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.
32 and that they should keep the charge of the tent of meeting, and the charge of the holy place, and the charge of the sons of Aaron their brethren, for the service of the house of the LORD.
Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.

< 1 Chronicles 23 >