< Luke 22 >

1 The feast of the unleavened bread, known as the Passover, was near.
Afei, na Yudafoɔ Apiti Afahyɛ a wɔsane frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn.
2 The chief priest and the teachers of the Law were looking for an opportunity of destroying Jesus, for they were afraid of the people.
Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro.
3 Now Satan took possession of Judas, who was known as Iscariot, and who belonged to the Twelve;
Ɔbonsam kɔwuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no mu.
4 and he went and discussed with the chief priests and officers in charge at the Temple the best way of betraying Jesus to them.
Yuda kɔɔ asɔfoɔ mpanin ne Asɔredan no mu awɛmfoɔ mpanin nkyɛn ne wɔn kɔsusuu ɛkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.
5 They were glad of this, and agreed to pay him.
Wɔn ani gyeeɛ, penee so sɛ wɔbɛma no sika.
6 So Judas assented, and looked for an opportunity to betray Jesus to them, in the absence of a crowd.
Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu ɛberɛ a nnipa dodoɔ biara nni ne ho.
7 When the day of the Festival of the unleavened bread came, on which the Passover lambs had to be killed,
Afei, da a wɔkum Twam Afahyɛ odwan de di burodo a mmɔreka nni mu no duruiɛ no,
8 Jesus sent forward Peter and John, saying to them, ‘Go and make preparations for our eating the Passover.’
Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduane a yɛbɛdi no.”
9 ‘Where do you wish us to make preparations?’ they asked.
Wɔbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduane no?”
10 ‘Listen,’ he answered, ‘when you have reached the city, a man carrying a pitcher of water will meet you; follow him into whatever house he enters;
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ moduru kuro no mu a, mobɛhunu obi a wakɔ asuo reba. Monni nʼakyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu
11 and you will say to the owner of the house “The teacher says to you – Where is the room where I am to eat the Passover with my disciples?”
na mommisa efiewura no sɛ, ‘Yɛn ɔkyerɛkyerɛfoɔ se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafoɔ no sɛ wɔmmɛdi Twam Afahyɛ aduane no?’
12 The man will show you a large upstairs room, set out; there make preparations.’
Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto ɛpono no.”
13 So Peter and John went on, and found everything just as Jesus had told them, and they prepared the Passover.
Wɔkɔɔ kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ Twam Afahyɛ aduane no wɔ hɔ.
14 When the time came, Jesus took his place at the table, and the apostles with him.
Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho.
15 ‘I have most earnestly wished,’ he said, ‘to eat this Passover with you before I suffer.
Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam Afahyɛ aduane yi, ansa na mahunu amane no akyɛre.
16 For I tell you that I will not eat it again, until it has had its fulfilment in the kingdom of God.’
Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”
17 Then, on receiving a cup, after saying the thanksgiving, he said, ‘Take this and share it among you.
Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Monnye na obiara nnom bi.
18 For I tell you that I will not, after today, drink of the fruit of the vine, until the kingdom of God has come.’
Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”
19 Then Jesus took some bread, and, after saying the thanksgiving, broke it and gave to them, with the words, ‘This is my body.
Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.”
Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa.
21 Yet see! The hand of the man who is betraying me is beside me on the table!
Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama.
22 True, the Son of Man is passing, by the way ordained for him, yet alas for that man by whom he is being betrayed!’
Ɛtwa sɛ Onipa Ba no wu, sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso deɛ ɔbɛyi no ama no deɛ, ɔnnue.”
23 Then they began questioning one another which of them it could be who was going to do this.
Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no.
24 And a dispute arose among them as to which of them was to be regarded as the greatest.
Asuafoɔ no gyee wɔn ho akyinnyeɛ pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no mu.
25 Jesus, however, said, ‘The kings of the Gentiles lord it over them, and their oppressors are styled “Benefactors.”
Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ, “Ewiase deɛ, atumfoɔ hyɛ wɔn a wɔdi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfoɔ.
26 But with you it must not be so. No, let the greatest among you become like the youngest, and him who leads like him who serves.
Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ.
27 Which is the greater – the master at the table or his servant? Is not it the master at the table? Yet I myself am among you as one who serves.
Merebisa mo sɛ, nnipa baanu yi mu hwan na ɔdi ne yɔnko so, deɛ ɔte adidipono ho anaa deɛ ɔsom deɛ ɔte adidipono no ho no? Nanso, me deɛ, mewɔ mo mu sɛ mo ɔsomfoɔ.
28 You are the men who have stood by me in my trials;
Me ne mo na afa ɔhaw ne amaneɛ mu a, moda so ne me nam.
29 and, just as my Father has assigned me a kingdom, I assign you places,
Mʼagya de Ahennie no ama me. Saa ara nso na mede rema mo.
30 so that you may eat and drink at my table in my kingdom, and be seated on twelve thrones as judges of the twelve tribes of Israel.
Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.”
31 Simon! Simon! listen. Satan demanded leave to sift you all like wheat,
Afei, Awurade kaa sɛ, “Simon, Simon! Monhwɛ yie na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ.
32 but I prayed for you, Simon, that your faith should not fail. And you, when you have returned to me, are to strengthen the others.’
Nanso, wo Simon deɛ, masrɛ ama wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wonu wo ho sane ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidie mu den.”
33 ‘Master,’ said Peter, ‘with you I am ready to go both to prison and to death.’
Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.”
34 ‘I tell you, Peter,’ replied Jesus, ‘the cock will not crow today until you have disowned all knowledge of me three times.’
Yesu nso buaa no sɛ, “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
35 Then he said to them all, ‘When I sent you out as my messengers, without either purse, or bag, or sandals, were you in need of anything?’ ‘No; nothing,’ they answered.
Afei, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a mesomaa mo a na monkura sikabɔtɔ anaa akwantubɔtɔ na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?” Asuafoɔ no buaa no sɛ, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
36 ‘Now, however,’ he said, ‘he who has a purse must take it and his bag as well; and he who has not must sell his cloak and buy a sword.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika no, ɔmfa; deɛ ɔwɔ akwantubɔtɔ no nso, ɔmfa. Deɛ ɔnni akofena no ntɔn ne ntoma mfa nkɔtɔ bi.
37 For, I tell you, that passage of scripture must be fulfilled in me, which says – “He was counted among the godless”; indeed all that refers to me is finding its fulfilment.’
Na berɛ aduru sɛ, nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfoɔ mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
38 ‘Master,’ they exclaimed, ‘look, here are two swords!’ ‘Enough!’ said Jesus.
Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, yɛwɔ akofena mmienu wɔ ha.” Yesu buaeɛ sɛ, “Ɛyɛ, ɛno ara dɔɔso.”
39 Jesus then went out, and made his way as usual to the Mount of Olives, followed by his disciples.
Yesu ne nʼasuafoɔ no firii kuro no mu kɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na nʼasuafoɔ no ka ne ho.
40 And, when he reached the spot, he said to them, ‘Pray that you may not fall into temptation.’
Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”
41 Then he withdrew about a stone’s throw, and knelt down and began to pray.
Afei, ɔtwee ne ho firii asuafoɔ no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotoeɛ, bɔɔ mpaeɛ sɛ,
42 ‘Father,’ he said, ‘if it is your pleasure, spare me this cup; only, not my will but your be done.’
“Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ”
43 Presently there appeared to him an angel from heaven, who strengthened him.
Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.
44 And, as his anguish became intense, he prayed still more earnestly, while his sweat was like great drops of blood falling on the ground.
Esiane sɛ na Yesu ho yera no wɔ Honhom mu no enti, ɔmaa ne mpaeɛbɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa sosɔ guu fam.
45 Then he rose from praying, and came to the disciples and found them sleeping for sorrow.
Mpaeɛbɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhoɔ ne ɔbrɛ enti, wɔadeda.
46 ‘Why are you asleep?’ he asked them. ‘Rise and pray so that you don’t fall into temptation.’
Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”
47 While he was still speaking, a crowd appeared in sight, led by the man called Judas, who was one of the Twelve. Judas approached Jesus, to kiss him;
Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako di wɔn anim, baa ne so. Yuda Iskariot twe bɛn Yesu yɛɛ no atuu.
48 at which Jesus said to him, ‘Judas, is it by a kiss that you betray the Son of Man?’
Yesu bisaa no sɛ, “Yuda, ɔdɔ nsɛnkyerɛnneɛ yi so na wonam reyi Onipa Ba no ama?”
49 But when those who were round Jesus saw what was going to happen, they exclaimed, ‘Master, should we use our swords?’
Ɛberɛ a asuafoɔ a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛreba no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, yɛntwitwa wɔn akofena anaa?”
50 And one of them struck the high priest’s servant and cut off his right ear;
Asuafoɔ no mu baako twaa Ɔsɔfopanin no ɔsomfoɔ no aso nifa.
51 at which Jesus said, ‘Let me at least do this’; and, touching his ear, he healed the wound.
Yesu ampɛ deɛ osuani no yɛeɛ no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyae deɛ mopɛ sɛ moyɛ no.” Ɔfaa ɔsomfoɔ no aso no de taree hɔ bio.
52 Then, turning to the chief priests and officers in charge at the Temple and the elders, who had come for him, he said, ‘Have you come out, as if after a robber, with swords and clubs?
Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ, “Meyɛ odwotwafoɔ na mode akofena ne nkontimmaa aba me so?
53 When I was with you day after day in the Temple Courts, you did not lay hands on me; but now your time has come, and the power of darkness.’
Ɛberɛ a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankye me; afei na mo berɛ aso a ɔbonsam nam ne tumi so reyɛ adwuma ampa.”
54 Those who had taken Jesus prisoner took him away into the house of the high priest. Peter followed at a distance.
Afei, wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanin efie. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi.
55 But, when they had lit a fire in the centre of the courtyard and had all sat down there, Peter seated himself in the middle of them.
Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.
56 Presently a maidservant saw him sitting near the blaze of the fire. She looked carefully at him and said, ‘Why, this man was one of his companions!’
Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.”
57 But Peter denied it. ‘I do not know him,’ he replied.
Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 A little while afterwards someone else – a man – saw him and said, ‘Why, you are one of them!’ ‘No,’ Peter said, ‘I am not.’
Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.” Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”
59 About an hour later another man declared positively, ‘This man also was certainly with him. Why, he is a Galilean!’
Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 But Peter said, ‘I do not know what you are speaking about.’ Instantly, while he was still speaking, a cock crowed.
Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ.
61 And the Master turned and looked at Peter; and Peter remembered the words that the Master had said to him – ‘Before a cock has crowed today, you will disown me three times’;
Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,
62 and he went outside and wept bitterly.
Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ.
63 The men who held Jesus kept making sport of him and beating him.
Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no,
64 They blindfolded him and then questioned him. ‘Now play the prophet,’ they said. ‘Who was it that struck you?’
sane bisaa no sɛ, “Odiyifoɔ, hwan na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.”
65 And they heaped many other insults on him.
Wɔkɔɔ so yeyaa no kaa abususɛm ahodoɔ guu ne so.
66 At daybreak the assembly of the elders of the people met – both the chief priests and the teachers of the Law – and took Jesus before their High Council.
Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hyiaeɛ maa wɔde Yesu baa wɔn anim
67 ‘If you are the Christ,’ they said, ‘tell us so.’ ‘If I tell you,’ replied Jesus, ‘you will not believe me;
bisaa no sɛ, “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ meka sɛ mene Kristo no a, morennye nni,
68 and, if I question you, you will not answer.
na sɛ mebisa mo nso a, moremmua me.
69 But from this hour the Son of Man will be seated on the right hand of God Almighty.’
Na ɛfiri saa ɛberɛ yi mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Otumfoɔ no nifa so.”
70 ‘Are you, then, the Son of God?’ they all asked. ‘It is true,’ answered Jesus, ‘I am.’
Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Deɛ moreka no yɛ nokorɛ.”
71 At this they exclaimed, ‘Why do we want any more evidence? We have heard it ourselves from his own lips!’
Yei ma wɔkaa sɛ, “Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Yɛate afiri ɔno ankasa anom.”

< Luke 22 >