< 1 John 2 >

1 My children, I am writing to you to keep you from sinning. But if anyone does sin, we have an advocate with the Father – Jesus Christ, the righteous.
Me mma, meretwerɛ yei abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔteneneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn.
2 He is the atoning sacrifice for our sins, and not for ours only, but the sins of the whole world.
Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
3 It is by keeping God’s commands that we can be sure we know him.
Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no.
4 Whoever says ‘I know him,’ but does not keep his commands, is a liar. The truth has no place in them.
Sɛ obi ka sɛ, “Menim no”, nanso ɔnni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofoɔ a nokorɛ nni ne mu.
5 But the person who keeps God’s word, in them the love of God has indeed reached its perfection. This is how we can be sure we are in him:
Na obiara a ɔtie nʼAsɛm no yɛ obi a nokorɛm, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛ yɛ. Yei na ɛma yɛgye to mu sɛ yɛte ne mu.
6 whoever claims to live in him should live just as Jesus did.
Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anammɔn akyi.
7 Dear friends, it is no new command that I am writing to you, but an old command, which you have had from the beginning. That old command is the message you have already heard.
Anuanom, saa mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɛyɛ mmara dada a moate firi ahyɛaseɛ pɛɛ no. Mmara dada no yɛ adeɛ a moate ho asɛm dada.
8 Yet, in a way, it is a new command that I am writing to you – which is shown true in Christ’s life and in yours – for the darkness is passing away and the true light is already shining.
Nanso, mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi yɛ foforɔ na emu nokorɛ no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.
9 The person who says that they are in the light, and yet hates others, is still in the darkness.
Obiara a ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtane ne nua no wɔ sum mu bɛsi saa dɔnhwereɛ yi mu.
10 The person who loves others is always in the light, and there is nothing within them to cause them to stumble.
Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne.
11 The person who hates is in the dark. They stumble along in the darkness; they do not know where they are going because the darkness blinds them.
Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani.
12 Little children, I am writing to you because your sins have been forgiven for Christ’s sake.
Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
13 Parents, I am writing to you because you have come to know him who has been from the beginning. Young people, I am writing to you because you have conquered the evil one. Children, I write to you because you have come to know the Father.
Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so.
14 Parents, I write to you because you have learned to know him who has been from the beginning. Young people, I write to you because you are strong, and God’s message is always in your hearts, and you have conquered the evil one.
Mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim Agya no. Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbonsam so.
15 Do not love the world or what the world can offer. When anyone loves the world, there is no love for the Father in them.
Monnnɔ ewiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ ewiase dea. Sɛ modɔ ewiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.
16 For all that the world can offer – the desires for physical pleasure, the enticements to the eye, the arrogance of wealth – belongs, not to the Father, but to the world.
Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase.
17 And the world, and all that it gratifies, is passing away, but they who do God’s will remain for ever. (aiōn g165)
Ewiase ne mu akɔnnɔdeɛ retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa. (aiōn g165)
18 My children, it is the last hour. You were told that an antichrist was coming; and many antichrists have already arisen. This is why we know that this is the last hour.
Me mma, awieeɛ no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ Kristo Tamfoɔ no bɛba, nanso seesei, Kristo atamfoɔ bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahunu sɛ ampa awieeɛ no abɛn.
19 These people come from our ranks, but they were never truly part of us – if they had been then they would have stayed with us. They left so it would be clear that none of them really belonged to us.
Nokorɛm, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno enti na wɔgyaa yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ. Nanso, wɔgyaa yɛn hɔ, sɛdeɛ wobɛhunu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.
20 You, however, have been annointed by the Holy One. You all know the truth.
Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no.
21 I am not writing to you because you do not know the truth, but because you do know it, and because no lie can come from the truth.
Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma.
22 Who is a liar, if not the one who denies that Jesus is the Christ? That person is the antichrist – one who rejects the Father and the Son.
Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa.
23 No one who rejects the Son has the Father; to acknowledge the Son is to have the Father also.
Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso.
24 As for you, you must let what you have heard from the beginning continue to live in you. If what you heard from the beginning dwells in you, you will remain both in the Son and the Father.
Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee ahyɛaseɛ no nsie mo akoma mu. Sɛ mode asɛm a motee ahyɛaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa.
25 And this is what he himself promised us – eternal life! (aiōnios g166)
Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no. (aiōnios g166)
26 In writing this to you, I have in mind those who are trying to mislead you.
Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho.
27 As for you, the anointing which you received from him remains with you. You do not need anyone to teach you. His anointing teaches you about everything. What it teaches you is true, it is not a lie. Do what it has taught you: abide in him.
Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.
28 Yes, my children, remain in him, so that when he appears our confidence doesn’t fail us, and we are not ashamed to meet him at his coming.
Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no.
29 Since you know he is righteous, you realise that everyone who does what is right is his child.
Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba.

< 1 John 2 >