< Luke 20 >

1 On one of those days, as he was teaching the people in the temple and preaching the Good News, the priests and Torah-Teachers came to him with the elders.
Ɛda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no sɛ,
2 They asked him, “Tell us: by what authority do you do these things? Or who is giving you this authority?”
“Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?”
3 He answered them, “I also will ask you one question. Tell me:
Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.
4 the baptism of John [Yah is gracious], was it from heaven, or from men?”
Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?”
5 They reasoned with themselves, saying, “If we say, ‘From heaven,’ he will say, ‘Why didn’t you believe him?’
Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’
6 But if we say, ‘From men,’ all the people will stone us, for they are persuaded that John [Yah is gracious] was a prophet.”
Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
7 They answered that they didn’t know where it was from.
Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.”
8 Yeshua [Salvation] said to them, “Neither will I tell you by what authority I do these things.”
Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ.”
9 He began to tell the people this parable. “A man planted a vineyard, and rented it out to some farmers, and went into another country for a long time.
Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa hɔ kyɛree.
10 At the proper season, he sent a servant to the farmers to collect his share of the fruit of the vineyard. But the farmers beat him, and sent him away empty.
Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan.
11 He sent yet another servant, and they also beat him, and treated him shamefully, and sent him away empty.
Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan.
12 He sent yet a third, and they also wounded him, and threw him out.
Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no.
13 The lord of the vineyard said, ‘What shall I do? I will send my agapetos ·beloved, esteemed· son. It may be that seeing him, they will respect him.’
“Yei maa bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.’
14 “But when the farmers saw him, they reasoned among themselves, saying, ‘This is the heir. Come, let’s kill him, that the inheritance may be ours.’
“Nanso, ɛberɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no nie, momma yɛnkum no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no.’
15 They threw him out of the vineyard, and killed him. What therefore will the lord of the vineyard do to them?
Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkumm no. “Mogye di sɛ ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi?
16 He will come and destroy these farmers, and will give the vineyard to others.” When they heard it, they said, “May it never be!”
Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.” Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!”
17 But he looked at them, and said, “Then what is this that is written, ‘The stone which the builders rejected, the same was made the chief cornerstone'?
Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, “‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn?
18 Everyone who falls on that stone will be broken to pieces, but it will crush whomever it falls on to dust.”
Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.”
19 The chief priests and the Torah-Teachers sought to lay hands on him that very hour, but they feared the people— for they knew he had spoken this parable against them.
Esiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro.
20 They watched him, and sent out spies, who pretended to be upright, that they might trap him in something he said, so as to deliver him up to the power and authority of the governor.
Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.
21 They asked him, “Teacher, we know that you say and teach what is right, and are not partial to anyone, but truly teach the way of God.
Saa nnipa yi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
22 Does Torah ·Teaching· permit us to pay taxes to Caesar [Ruler], or not?”
Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?”
23 But he perceived their craftiness, and said to them, “Why do you test me?
Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
24 Show me a denarius [one day’s wage]. Whose image and inscription are on it?” They answered, “Caesar’s [Ruler]’s.”
“Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ Kaesare dea.”
25 He said to them, “Then give to Caesar [Ruler] the things that are Caesar’s, and to God the things that are God’s.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”
26 They were not able to trap him in his words before the people. They marveled at his answer, and were silent.
Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.
27 Some of the Sadducees [Morally-upright] came to him, those who deny that there is a resurrection.
Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
28 They asked him, “Teacher, Moses [Drawn out] wrote to us that if a man’s brother dies having a wife, and he is childless, his brother should take the wife, and raise up children for his brother.
“Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no.
29 There were therefore seven brothers. The first took a wife, and died childless.
Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na ɔwuiɛ.
30 The second took her as wife, and he died childless.
Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ.
31 The third took her, and likewise the seven all left no children, and died.
Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wɔwuwuiɛ.
32 Afterward the woman also died.
Akyire no, ɔbaa no nso wuiɛ.
33 Therefore in the resurrection whose wife of them will she be? For the seven had her as a wife.”
Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?”
34 Yeshua [Salvation] said to them, “The children of this age marry, and are given in marriage. (aiōn g165)
Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. (aiōn g165)
35 But those who are considered worthy to attain to that age and the resurrection from the dead, neither marry, nor are given in marriage. (aiōn g165)
Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. (aiōn g165)
36 For they can’t die any more, for they are like the angels, and are children of God, being children of the resurrection.
Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.
37 But that the dead are raised, even Moses [Drawn out] showed at the bush, when Yahweh said ‘The God of Abraham [Father of a multitude], the God of Isaac [Laughter], and the God of Jacob [Supplanter].’
Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din.
38 Now he is not the God of the dead, but of the living, for all are alive to him.”
Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”
39 Some of the Torah-Teachers answered, “Teacher, you speak well.”
Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.”
40 They didn’t dare to ask him any more questions.
Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
41 He said to them, “Why do they say that the Messiah [Anointed one] is David [Beloved]’s son?
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?”
42 For David [Beloved] himself says in the book of Psalms,
Ɛfiri sɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ. ‘Tena me nifa so
43 ‘Yahweh said to adoni [my Lord], “Sit at my right hand until I make your enemies a footstool for your feet.”’
kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.’
44 “David [Beloved] therefore calls him Lord, so how is he his son?”
Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba?”
45 In the hearing of all the people, he said to his disciples,
Ɛberɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
46 “Beware of the Torah-Teachers, who like to walk in long robes, and phileo ·affectionately love, have high regard for· greetings in the marketplaces, the best seats in the synagogues, and the best places at feasts;
“Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea.
47 who devour widows’ houses, and for a pretense make long prayers: these will receive greater condemnation.”
Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”

< Luke 20 >