< Luke 4 >

1 Jesus, full of the Holy Spirit, returned from the Jordan, and was led by the Spirit into the wilderness
Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so.
2 for forty days, being tempted by the devil. He ate nothing in those days. When they were completed, he was hungry.
Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no.
3 The devil said to him, "If you are the Son of God, command this stone to become bread."
Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”
4 Jesus answered him, saying, "It is written, 'Humankind cannot live by bread alone.'"
Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’”
5 And leading him up to a high mountain, the devil showed him all the kingdoms of the world in a moment of time.
Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw bi so kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa bere tiaa bi mu.
6 The devil said to him, "I will give you all this authority, and their glory, for it has been delivered to me; and I give it to whomever I want.
Na ɔka kyerɛɛ Yesu se,
7 If you therefore will worship before me, it will all be yours."
“Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”
8 Jesus answered and said to him, "It is written, 'You are to worship the Lord your God, and serve him only.'"
Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
9 He led him to Jerusalem, and set him on the pinnacle of the temple, and said to him, "If you are the Son of God, cast yourself down from here,
Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam!
10 for it is written, 'He will put his angels in charge of you, to guard you;'
Efisɛ wɔakyerɛw se, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban;
11 and, 'On their hands they will bear you up, lest perhaps you dash your foot against a stone.'"
na wɔabɛwɛn wʼakwan nyinaa mu; wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.’”
12 And Jesus, answering, said to him, "It is said, 'Do not test the Lord, your God.'"
Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn nhwɛ.’”
13 When the devil had completed every temptation, he departed from him until another time.
Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe.
14 Jesus returned in the power of the Spirit into Galilee, and news about him spread through all the surrounding area.
Yesu san baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛ koraa na ne din trɛw faa ɔman no mu nyinaa.
15 He taught in their synagogues, being praised by all.
Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.
16 He came to Nazareth, where he had been brought up. He entered, as was his custom, into the synagogue on the Sabbath day, and stood up to read.
Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Kyerɛwsɛm.
17 The scroll of the prophet Isaiah was handed to him, and unrolling the scroll, he found the place where it was written,
Wɔde Odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se,
18 "The Spirit of the Lord is upon me, because he has anointed me to preach good news to the poor. He has sent me to heal the brokenhearted, to proclaim liberty to the captives, recovering of sight to the blind, to deliver those who are crushed,
“Awurade Honhom wɔ me so, na wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se, wobenya ahofadi, na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.
19 and to proclaim the acceptable year of the Lord."
Honhom no asoma me sɛ memmɛka se, Awurade adom no aba.”
20 He closed the scroll, gave it back to the attendant, and sat down. The eyes of all in the synagogue were fastened on him.
Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no komm.
21 He began to tell them, "Today, this Scripture has been fulfilled in your hearing."
Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ na Kyerɛwsɛm no aba mu.”
22 All testified about him, and wondered at the gracious words which proceeded out of his mouth, and they said, "Is not this Joseph's son?"
Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkaa no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisaa se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”
23 He said to them, "Doubtless you will tell me this parable, 'Physician, heal yourself. Whatever we have heard done at Capernaum, do also here in your hometown.'"
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me sɛ, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’
24 He said, "Truly I tell you, no prophet is acceptable in his hometown.
“Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom.
25 But truly I tell you, there were many widows in Israel in the days of Elijah, when the sky was shut up three years and six months, when a great famine came over all the land.
Nokware ni, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu.
26 Elijah was sent to none of them, except to Zarephath, in the land of Sidon, to a woman who was a widow.
Nanso Onyankopɔn ansoma Odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn.
27 There were many lepers in Israel in the time of Elisha the prophet, yet not one of them was cleansed, except Naaman, the Syrian."
Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.”
28 They were all filled with wrath in the synagogue, as they heard these things.
Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa.
29 They rose up, threw him out of the city, and led him to the brow of the hill that their city was built on, that they might throw him off the cliff.
Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatiko ama wakɔhwe bepɔw no ase.
30 But he, passing through the midst of them, went his way.
Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.
31 He came down to Capernaum, a city of Galilee. He was teaching them on the Sabbath day,
Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara.
32 and they were astonished at his teaching, for his word was with authority.
Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ ɔkasaa wɔ tumi so.
33 In the synagogue there was a man who had a spirit of an unclean demon, and he shouted with a loud voice,
Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu se,
34 saying, "Ah. What have we to do with you, Jesus, Nazarene? Have you come to destroy us? I know you who you are — the Holy One of God."
“Yesu Nasareni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”
35 Jesus rebuked him, saying, "Be silent, and come out of him." When the demon had thrown him down in their midst, he came out of him, having done him no harm.
Yesu hyɛɛ honhommɔne no se, “Tu fi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no.
36 Amazement came on all, and they spoke together, one with another, saying, "What is this word? For with authority and power he commands the unclean spirits, and they come out."
Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahonhommɔne ma wotie yi?”
37 News about him went out into every place of the surrounding region.
Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛw faa ɔman no mu nyinaa.
38 He rose up from the synagogue, and entered into Simon's house. Now Simon's mother-in-law was suffering from a high fever, and they appealed to him about her.
Yesu fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridiinini abɔ Simon asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare.
39 He stood over her, and rebuked the fever; and it left her. Immediately she rose up and served them.
Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amono mu hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.
40 When the sun was setting, all those who had any sick with various diseases brought them to him; and he laid his hands on every one of them, and healed them.
Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae se, Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare.
41 Demons also came out from many, crying out, and saying, "You are the Son of God." But he rebuked them and did not allow them to speak, because they knew that he was the Christ.
Ahohommɔne fii nnipa no pii mu a na wɔreteɛteɛ mu se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano, efisɛ na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.
42 When it was day, he departed and went into an uninhabited place, and the crowds looked for him, and came to him, and held on to him, so that he would not go away from them.
Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ.
43 But he said to them, "I must proclaim the good news of the Kingdom of God to the other cities also. For this reason I have been sent."
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no kyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ ɛno nti na wɔsomaa me.”
44 And he was preaching in the synagogues of Galilee.
Yesu kyinkyin Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkaa asɛmpa no.

< Luke 4 >