< Deuteronomy 24 >

1 When a man takes a wife, and marries her, then it shall be, if she find no favor in his eyes, because he has found some unseemly thing in her, that he shall write her a bill of divorce, and give it in her hand, and send her out of his house.
Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, ɛfiri sɛ wahunu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de ma no, na ɔpamoo no firi ne fie,
2 When she is departed out of his house, she may go and be another man's wife.
na ɔfiri fie hɔ na ɔbarima foforɔ kɔware no,
3 If the latter husband hate her, and write her a bill of divorce, and give it in her hand, and send her out of his house; or if the latter husband die, who took her to be his wife;
na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa sɛ ɔwu a,
4 her former husband, who sent her away, may not take her again to be his wife, after that she is defiled; for that is abomination before the LORD: and you shall not cause the land to sin, which the LORD your God gives you for an inheritance.
ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan sɛ ɔware no bio, ɛfiri sɛ, wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no so.
5 When a man takes a new wife, he shall not go out in the army, neither shall he be assigned any business: he shall be free at home one year, and shall cheer his wife whom he has taken.
Sɛ ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.
6 No man shall take the mill or the upper millstone to pledge; for he takes a life in pledge.
Obi nnye adeyam boba kɛseɛ no ne ne ketewa no anaa adeyam boba ketewa no nko ara awowa, ɛfiri sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea no, ɛno ho na ɔdidi.
7 If a man be found stealing any of his brothers of the children of Israel, and he deal with him as a slave, or sell him; then that thief shall die: so you shall put away the evil from the midst of you.
Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ sɛ motu bɔne ase firi mo mu.
8 Be careful in a case of leprous disease, that you observe diligently, and do according to all that the priests the Levites shall teach you: as I commanded them, so you shall observe to do.
Monhwɛ honam ani nsaneyadeɛ nyinaa yie na monni ɛho mmara a Lewifoɔ asɔfoɔ bɛkyerɛ mo no so; monni mmara a mahyɛ ama mo no so.
9 Remember what the LORD your God did to Miriam, by the way as you came forth out of Egypt.
Monkae deɛ ɛberɛ a mofiri Misraim reba no Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ Miriam.
10 When you do lend your neighbor any kind of loan, you shall not go into his house to get his pledge.
Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fie nkɔgye awowasideɛ.
11 You shall stand outside, and the man to whom you do lend shall bring forth the pledge outside to you.
Gyina afikyire na ɔyɔnko a ɔfɛm wʼadeɛ no de awowasideɛ no bɛbrɛ wo.
12 If he be a poor man, you shall not sleep with his pledge;
Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani na ɔwɔ ntoma baako a ɔpɛ sɛ ɔde si wo awowa a, nkora ntoma no nkɔsi adekyeeɛ.
13 you shall surely restore to him the pledge when the sun goes down, that he may sleep in his garment, and bless you: and it shall be righteousness to you before the LORD your God.
Fa ntoma no kɔma wo yɔnko no owiatɔberɛ sɛdeɛ ɔde bɛda na wahyira wo. Na Awurade, wo Onyankopɔn, bɛka sɛ woayɛ wo nyamedwuma na wahyira wo.
14 You shall not oppress a hired servant who is poor and needy, whether he be of your brothers, or of your foreigners who are in your land within your gates:
Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro baako mu no so.
15 in his day you shall give him his hire, neither shall the sun go down on it; for he is poor, and sets his heart on it: lest he cry against you to the LORD, and it be sin to you.
Tua nʼapaadeɛ ma no ɛda biara ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, ɔbɛsu afrɛ Awurade atia wo, na wobɛdi bɔne ho fɔ.
16 The fathers shall not be put to death for the children, neither shall the children be put to death for the fathers: every man shall be put to death for his own sin.
Ɛnsɛ sɛ mma bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn awofoɔ de si anan. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ awofoɔ bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn mma de si anan. Wɔn a owuo sɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn ankasa bɔne ano.
17 You shall not deprive the foreigner, or the fatherless of justice, nor take a widow's clothing in pledge;
Ɛsɛ sɛ wɔbu ahɔhoɔ a wɔte mo mu no ne nwisiaa atɛntenenee, na ɛnsɛ sɛ mogye okunafoɔ ɔbaa ntoma de si ɛka a ɔde ho awowa.
18 but you shall remember that you were a bondservant in Egypt, and the LORD your God redeemed you there: therefore I command you to do this thing.
Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔgyee mo. Ɛno enti na mede saa mmara yi ama mo no.
19 When you reap your harvest in your field, and have forgot a sheaf in the field, you shall not go again to get it: it shall be for the foreigner, for the fatherless, and for the widow; that the LORD your God may bless you in all the work of your hands.
Sɛ woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi wɔ afuom hɔ a, nsane nkɔfa. Gya wɔ hɔ ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.
20 When you beat your olive tree, you shall not go over the boughs again: it shall be for the foreigner, for the fatherless, and for the widow.
Sɛ wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.
21 When you harvest your vineyard, you shall not glean it after yourselves: it shall be for the foreigner, for the fatherless, and for the widow.
Saa nso na wote wo bobe nturo so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba a aka wɔ so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.
22 You shall remember that you were a bondservant in the land of Egypt: therefore I command you to do this thing.
Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno enti na mehyɛ mo sɛ monyɛ yei no.

< Deuteronomy 24 >