< 1 Kings 1 >

1 Now king David was old and advanced in years; and they covered him with clothes, but he couldn't keep warm.
Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na sɛ wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa.
2 Therefore his servants said to him, "Let there be sought for my lord the king a young virgin. And let her attend the king, and care for him; and let her lie in your bosom, that my lord the king may keep warm."
Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye.”
3 So they sought for a beautiful young woman throughout all the borders of Israel, and found Abishag the Shunammite, and brought her to the king.
Enti, wɔkyinii ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi. Wɔkɔnyaa Abisag a ɔfiri Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no.
4 The young woman was very beautiful; and she became the king's attendant and served him; but the king did not know her intimately.
Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara.
5 Then Adonijah the son of Haggith exalted himself, saying, "I will be king." So he prepared for himself chariots and horsemen, and fifty men to run before him.
Saa ɛberɛ no mu Dawid babarima Adoniya a na wɔfrɛ ne maame Hagit no yɛɛ ahomasoɔ kaa sɛ ɔbɛsi ne ho ɔhene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akɔkoraa no ananmu. Enti, ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twii nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim.
6 His father had never scolded him at any time by saying, "Why have you done so?" And he was also a very handsome man; and he was born after Absalom.
Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteaa no da, mpo sɛ ɔbɛbisa no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfoɔ. Ɔno na na ɔdi Absalom akyi wɔ awoɔ mu.
7 And he conferred with Joab the son of Zeruiah, and with Abiathar the priest. And they followed Adonijah and helped him.
Adoniya gyee Seruia babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene.
8 But Zadok the priest, and Benaiah the son of Jehoiada, and Nathan the prophet, and Shimei, and Rei, and the mighty men who belonged to David, were not with Adonijah.
Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na ɔdi ɔhene no bi ne ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid ho banbɔfoɔ.
9 And Adonijah sacrificed sheep and oxen and fatlings by the stone of Zoheleth, which is near En Rogel; and he called all his brothers, the king's sons, and all the men of Judah, the king's servants:
Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ.
10 but he did not invite Nathan the prophet, or Benaiah, or the mighty men, or his brother Solomon.
Nanso, wamfrɛ odiyifoɔ Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho banbɔfoɔ anaa ne nuabarima Salomo.
11 Then Nathan spoke to Bathsheba the mother of Solomon, saying, "Haven't you heard that Adonijah the son of Haggith reigns, and David our lord doesn't know it?
Na odiyifoɔ Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo maame no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wonim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho ɔhene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee?
12 Now therefore come, please let me give you advice, that you may save your own life, and the life of your son Solomon.
Sɛ wopɛ sɛ wonya wo tiri didi mu, na wogye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotuo yi.
13 Go in to king David, and tell him, 'Did you not, my lord, king, swear to your handmaid, saying, "Surely Solomon your son shall be king after me, and he shall sit on my throne"? Why then does Adonijah reign?'
Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kɔbisa no sɛ, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi ɔbɛdi wʼadeɛ sɛ ɔhene, na watena wʼahennwa no so? Na adɛn enti na Adoniya ayɛ ɔhene?’
14 And look, while you are still there speaking with the king, I also will come in after you and confirm your words."
Na ɛberɛ a wɔgu so ne no rekasa no, mɛba abɛsi asɛm biara a woaka no so dua.”
15 Bathsheba went in to the king into the room. The king was very old; and Abishag the Shunammite was attending to the king.
Na Batseba kɔɔ ɔhene piam. Afei, na wabɔ akɔkoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no.
16 Bathsheba bowed, and showed respect to the king. The king said, "What would you like?"
Batseba kotoo no, na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
17 And she said to him, "My lord, you swore by the LORD your God to your handmaid, 'Assuredly Solomon your son shall be king after me, and he shall sit on my throne.'
Ɔbuaa no sɛ, “Me wura, wogyina Awurade, wo Onyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na ɔbɛdi wʼadeɛ, na watena wʼahennwa so.
18 Now, look, Adonijah reigns; and you, my lord the king, do not know it.
Nanso, ɛwiee aseɛ no, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforɔ a mpo, wonnim ho hwee.
19 And he has sacrificed many oxen and fatlings and sheep, and has invited all the sons of the king, and Abiathar the priest, and Joab the commander of the army; but he hasn't invited Solomon your servant.
Ɔde anantwie ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no. Nanso, wanto nsa amfrɛ wo ɔsomfoɔ Salomo bi.
20 And now, my lord the king, the eyes of all Israel are on you to announce to them who shall sit on the throne of my lord the king after him.
Na, me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn deɛ wobɛkyerɛ sɛ ɔnni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
21 Otherwise it will happen, when my lord the king shall sleep with his fathers, that I and my son Solomon will be considered criminals."
Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wonya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ awudifoɔ.”
22 And look, while she was still speaking with the king, Nathan the prophet came in.
Ɔgu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifoɔ Natan bɛduruu hɔ.
23 And they told the king, saying, "Look, Nathan the prophet." And when he came in before the king, he bowed himself before the king with his face to the ground.
Ɔhene afotufoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Odiyifoɔ Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ɔhunu woɔ.” Natan kɔɔ mu kɔkotoo ɔhene no.
24 And Nathan said, "My lord, king, have you said, 'Adonijah shall be king after me, and he shall sit on my throne?'
Ɔbisaa sɛ, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na ɔnni wʼadeɛ, na ɔntena wʼahennwa so anaa?
25 For he has gone down today and has sacrificed oxen and fatlings and sheep in abundance, and has invited all the king's sons, and the commanders of the army, and Abiathar the priest. Look, they are eating and drinking before him, and say, 'Long live king Adonijah.'
Ɛnnɛ, ɔde anantwie, anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa, ma wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teateam sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’
26 But me, me your servant, and Zadok the priest, and Benaiah the son of Jehoiada, and your servant Solomon, he has not invited.
Na me a meyɛ wo ɔsomfoɔ no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso.
27 Has this thing been brought about by my lord the king, and you haven't told your servants who should sit on the throne of my lord the king after him?"
Ɛyɛ nokorɛ sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfoɔ no mu biara ante onipa a ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no ho hwee?”
28 Then king David answered, "Summon Bathsheba to me." So she came into the king's presence, and stood before him.
Dawid kaa sɛ, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim bɛgyinaa hɔ.
29 And the king vowed, saying, "As the LORD lives, who has redeemed my soul out of all adversity,
Na ɔhene hyɛɛ bɔ sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi,
30 most certainly as I vowed to you by the LORD, the God of Israel, saying, 'Assuredly Solomon your son shall be king after me, and he shall sit on my throne in my place;' so I certainly will do this day."
ɛnnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na ɔbɛdi adeɛ sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahennwa so, sɛdeɛ mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, anim no.”
31 Then Bathsheba bowed with her face to the ground, paying homage to the king, and said, "Let my lord king David live forever."
Na Batseba sane kotoo no bio, na ɔteaam sɛ, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”
32 And King David said, "Summon to me Zadok the priest, Nathan the prophet, and Benaiah the son of Jehoiada." They came before the king.
Na ɔhene Dawid hyɛɛ sɛ, “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no,
33 The king said to them, "Take with you the servants of your lord, and have Solomon my son ride on my own mule, and bring him down to Gihon.
ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Salomo ne me mpanimfoɔ no nkɔ Gihon asutire no ho. Salomo ntena mʼafunumpɔnkɔ so.
34 And have Zadok the priest and Nathan the prophet anoint him there king over Israel. Blow the trumpet, and say, 'Long live king Solomon.'
Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn totorobɛnto, na monteateam sɛ, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’
35 Then you shall come up after him, and he shall come and sit on my throne; for he shall be king in my place. I have appointed him to be prince over Israel and over Judah."
Na sɛ mosane de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahennwa so. Ɔbɛdi mʼadeɛ sɛ ɔhene, ɛfiri sɛ, mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.”
36 Benaiah the son of Jehoiada answered the king, and said, "Amen. May the LORD, the God of my lord the king, say so.
Yehoiada babarima Benaia gyee so sɛ, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Onyankopɔn no mmara no mmra mu saa.
37 As the LORD has been with my lord the king, even so may he be with Solomon, and make his throne greater than the throne of my lord king David."
Na Awurade nka Salomo ho sɛdeɛ ɔkaa wo ho no, na Salomo ahennie nyɛ yie nkyɛn wo deɛ no mpo.”
38 So Zadok the priest, and Nathan the prophet, and Benaiah the son of Jehoiada, and the Cherethites and the Pelethites, went down, and caused Solomon to ride on king David's mule, and brought him to Gihon.
Enti, ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho banbɔfoɔ faa Salomo de no kɔɔ Gihon asutire no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afunumpɔnkɔ so.
39 Zadok the priest took the horn of oil out of the Tent, and anointed Solomon. They blew the trumpet; and all the people said, "Long live king Solomon."
Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok faa ngotoa firii ntomadan kronkron mu hɔ bɛhwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn totorobɛnto maa nnipa no nyinaa teateaam sɛ, “Ɔhene Salomo nkwa so!”
40 All the people came up after him, and the people piped with pipes, and rejoiced with great joy, so that the earth split open at their sound.
Na nnipa no nyinaa sane ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurisie. Na anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne nteateam no ano yɛɛ den ara kɔsii sɛ, wɔn nne no wosoo asase.
41 Adonijah and all the guests who were with him heard it as they had made an end of eating. When Joab heard the sound of the trumpet, he said, "Why is this noise of the city being in an uproar?"
Adoniya ne nʼahɔhoɔ tee osebɔ ne nteateam ɛberɛ a wɔreyɛ awie wɔn apontoɔ no. Na Yoab tee totorobɛnto nne no, ɔbisaa sɛ, “Na asɛm bɛn na asie? Na adɛn nso na kuro no mu ayɛ gyegyeegye yi?”
42 While he yet spoke, look, Jonathan the son of Abiathar the priest came: and Adonijah said, "Come in; for you are a worthy man, and bring good news."
Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra mu, ɛfiri sɛ, woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”
43 Jonathan answered Adonijah, "No. Our lord king David has made Solomon king.
Yonatan buaa sɛ, “Dabi! Seesei ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene.
44 The king has sent with him Zadok the priest, Nathan the prophet, Benaiah the son of Jehoiada, and the Cherethites and the Pelethites; and they have caused him to ride on the king's mule.
Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho banbɔfoɔ rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asutire ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afunumpɔnkɔ so,
45 Zadok the priest and Nathan the prophet have anointed him king in Gihon. They have come up from there rejoicing, so that the city rang again. This is the noise that you have heard.
ɛnna Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforɔ. Wɔreba ara ni, na kuro mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no asekyerɛ ara ne no.
46 Also, Solomon sits on the throne of the kingdom.
Afei, seesei, Salomo te ahennwa so sɛ ɔhene.
47 Moreover the king's servants came to bless our lord king David, saying, 'May your God make the name of Solomon better than your name, and make his throne greater than your throne;' and the king bowed himself on the bed.
Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no amo, kaa sɛ, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahennie nhyeta nkyɛn wo deɛ no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛseɛ nsene wo deɛ no!’ Na ɔhene sii ne tiri ase yii Awurade ayɛ, ɛberɛ a na ɔda ne mpa mu,
48 Also thus said the king, 'Blessed be the LORD, the God of Israel, who has given one to sit on my throne this day, my eyes even seeing it.'"
na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɛnnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahennwa so wɔ ɛberɛ a mete ase, na mehunu deɛ ɛrekɔ so nyinaa.’”
49 All the guests of Adonijah were afraid, and rose up, and each man went his way.
Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔhoɔ no nyinaa de ehu gyee bum, firii apontoɔ no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan.
50 Adonijah feared because of Solomon; and he arose, and went, and caught hold on the horns of the altar.
Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti ɔdwane kɔɔ ntomadan kronkron no mu kɔsosɔɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so no mu.
51 It was told Solomon, saying, "Look, Adonijah fears king Solomon; for, look, he has laid hold on the horns of the altar, saying, 'Let king Solomon swear to me first that he will not kill his servant with the sword.'"
Ankyɛre na Salomo tee sɛ Adoniya akɔsosɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so, na ɔresrɛ sɛ, “Momma Salomo nsuae nkyerɛ ɛnnɛ yi ara, na wankum me!”
52 Solomon said, "If he shows himself a worthy man, not a hair of him shall fall to the earth; but if wickedness be found in him, he shall die."
Salomo buaa sɛ, “Sɛ ɔbɛdi me nokorɛ deɛ a, wɔrenha no. Na sɛ wanyɛ saa deɛ a, wɔbɛkum no.”
53 So king Solomon sent, and they brought him down from the altar. He came and bowed down to king Solomon; and Solomon said to him, "Go to your house."
Enti, ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no firi afɔrebukyia no so kɔeɛ. Ɔkotoo ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie.”

< 1 Kings 1 >