< 2 Chronicles 11 >

1 When Rehoboam had come to Jerusalem, he assembled the house of Judah and Benjamin, one hundred eighty thousand chosen men, who were warriors, to fight against Israel, to bring the kingdom again to Rehoboam.
Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm a ɛyɛ akodɔm papa ɔpeha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wagye ahennie no afa.
2 But the word of the LORD came to Shemaiah the man of God, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa Semaia sɛ,
3 "Speak to Rehoboam the son of Solomon, king of Judah, and to all Israel in Judah and Benjamin, saying,
“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a ɔdi ɔhene wɔ Yuda ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin sɛ,
4 'Thus says the LORD, "You shall not go up, nor fight against your brothers. Return every man to his house; for this thing is of me."'" So they listened to the word of the LORD, and returned from going against Jeroboam.
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Nko ntia wʼabusuafoɔ. Sane wʼakyi kɔ efie, ɛfiri sɛ, me na memaa asɛm a asie no ho kwan!’” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.
5 Rehoboam lived in Jerusalem, and built cities for defense in Judah.
Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkuro ahodoɔ ho ban, maa Yuda yɛɛ den.
6 He built Bethlehem, and Etam, and Tekoa,
Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,
7 Beth Zur, and Soco, and Adullam,
Bet-Sur, Soko, Adulam,
8 and Gath, and Mareshah, and Ziph,
Gat, Maresa, Sif,
9 and Adoraim, and Lachish, and Azekah,
Adoraim, Lakis, Aseka,
10 and Zorah, and Aijalon, and Hebron, which are in Judah and in Benjamin, fortified cities.
Sora, Ayalon ne Hebron. Yeinom ne nkuro a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.
11 He fortified the strongholds, and put captains in them, and stores of food, and oil and wine.
Rehoboam yeree wɔn banbɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuane, ngo ne nsã wɔ kuropɔn biara so.
12 He put shields and spears in every city, and made them exceeding strong. Judah and Benjamin belonged to him.
Ɔde akokyɛm ne mpea siee wɔ saa nkuro yi mu, de hyɛɛ wɔn banbɔ mu den. Enti, Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.
13 The priests and the Levites who were in all Israel resorted to him out of all their border.
Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuo te no kɔɔ Rehoboam afa.
14 For the Levites left their suburbs and their possession, and came to Judah and Jerusalem: for Jeroboam and his sons cast them off, that they should not execute the priest's office to the LORD;
Na Lewifoɔ no mpo gyaa wɔn afie ne wɔn agyapadeɛ kɔɔ Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ, Yeroboam ne ne mmammarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfoɔ.
15 and he appointed him priests for the high places, and for the male goats, and for the calves which he had made.
Yeroboam yii nʼankasa asɔfoɔ, ma wɔsomm abosonsomfoɔ asɔreeɛ so a na wɔsom abirekyie ne nantwie mma ahoni a na wɔayɛ.
16 After them, out of all the tribes of Israel, such as set their hearts to seek the LORD, the God of Israel, came to Jerusalem to sacrifice to the LORD, the God of their fathers.
Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Onyankopɔn no dii Lewifoɔ no akyi kɔɔ Yerusalem baabi a wɔbɛtumi de ayɛyɛdeɛ ama Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no.
17 So they strengthened the kingdom of Judah, and made Rehoboam the son of Solomon strong, three years; for they walked three years in the way of David and Solomon.
Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahennie mu no.
18 Rehoboam took him a wife, Mahalath the daughter of Jerimoth the son of David, and of Abihail the daughter of Eliab the son of Jesse;
Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso.
19 and she bore him sons: Jeush, and Shemariah, and Zaham.
Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham.
20 After her he took Maacah the daughter of Absalom; and she bore him Abijah, and Attai, and Ziza, and Shelomith.
Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit.
21 Rehoboam loved Maacah the daughter of Absalom above all his wives and his secondary wives: (for he took eighteen wives, and sixty secondary wives, and became the father of twenty-eight sons and sixty daughters.)
Na Rehoboam dɔ Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia.
22 Rehoboam appointed Abijah the son of Maacah to be chief, the prince among his brothers; for he intended to make him king.
Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene maa ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene.
23 He dealt wisely, and dispersed of all his sons throughout all the lands of Judah and Benjamin, to every fortified city: and he gave them food in abundance. He sought for them many wives.
Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadie hyehyɛɛ ne mmammarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkuro a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, hyehyɛɛ awadeɛ bebree maa wɔn mu biara.

< 2 Chronicles 11 >