< 2 Kings 22 >

1 Josiah was eight years old when he began to reign; and he reigned thirty-one years in Jerusalem: and his mother's name was Jedidah the daughter of Adaiah of Bozkath.
Ɛberɛ a Yosia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ aduasa baako. Na ne maame din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat no babaa.
2 He did that which was right in the eyes of Jehovah, and walked in all the way of David his father, and did not turn aside to the right hand or to the left.
Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, na ɔfaa ne tete agya Dawid nhwɛsoɔ. Wammane ankɔ nifa anaa benkum.
3 It happened in the eighteenth year of king Josiah, that the king sent Shaphan, the son of Azaliah the son of Meshullam, the scribe, to the house of Jehovah, saying,
Ɔhene Yosia dii mfirinhyia dunwɔtwe wɔ nʼahennie mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Mesulam nana, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ,
4 "Go up to Hilkiah the high priest, that he may melt down the silver which is brought into the house of Jehovah, which the keepers of the threshold have gathered of the people.
“Kɔ ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a apono anohwɛfoɔ no agyegye afiri nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no.
5 Let them deliver it into the hand of the workmen who have the oversight of the house of Jehovah; and let them give it to the workmen who are in the house of Jehovah, to repair the breaches of the house,
Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho nsiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfoɔ a wɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no ho ka.
6 to the carpenters, and to the builders, and to the masons, and for buying timber and cut stone to repair the house.
Ɛho bɛhia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfoɔ, adansifoɔ ne abohyehyɛfoɔ. Afei, ma wɔntɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie asɔredan no.
7 However there was no accounting made with them of the money that was delivered into their hand; for they dealt faithfully."
Nanso, ɛho nhia sɛ adansie no sohwɛfoɔ bɛbu sika a wɔn nsa bɛka no ho nkonta, ɛfiri sɛ, wɔyɛ nokwafoɔ.”
8 Hilkiah the high priest said to Shaphan the scribe, "I have found the scroll of the law in the house of Jehovah." Hilkiah delivered the book to Shaphan, and he read it.
Ɔsɔfopanin Hilkia ka kyerɛɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan sɛ, “Mahunu Mmara Nwoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan, na ɔkenkaneeɛ.
9 Shaphan the scribe came to the king, and brought the king word again, and said, "Your servants have emptied out the money that was found in the house, and have delivered it into the hand of the workmen who have the oversight of the house of Jehovah."
Safan sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no de sika a wɔgyegyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ama adwumayɛfoɔ no ne sohwɛfoɔ a wɔwɔ asɔredan no ho no.”
10 Shaphan the scribe told the king, saying, "Hilkiah the priest has delivered a scroll to me." Shaphan read it before the king.
Safan sane ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.
11 It happened, when the king had heard the words of the scroll of the law, that he tore his clothes.
Ɛberɛ a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nwoma no mu no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu.
12 The king commanded Hilkiah the priest, and Ahikam the son of Shaphan, and Achbor the son of Micaiah, and Shaphan the scribe, and Asaiah the king's servant, saying,
Na ɔhyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan ne ɔhene fotufoɔ Asaia sɛ,
13 "Go inquire of Jehovah for me, and for the people, and for all Judah, concerning the words of this scroll that is found; for great is the wrath of Jehovah that is kindled against us, because our fathers have not listened to the words of this scroll, to do according to all that which is written concerning us."
“Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
14 So Hilkiah the priest, and Ahikam, and Achbor, and Shaphan, and Asaiah, went to Huldah the prophetess, the wife of Shallum the son of Tikvah, the son of Harhas, keeper of the wardrobe (now she lived in Jerusalem in the second quarter); and they talked with her.
Enti, ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforɔ Misne kɔhunuu odiyifoɔ Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntadeɛ adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nana.
15 She said to them, "Thus says Jehovah, the God of Israel: 'Tell the man who sent you to me,
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ,
16 "Thus says Jehovah, 'Look, I will bring disaster on this place, and on its inhabitants, even all the words of the scroll which the king of Judah has read.
‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛdeɛ matwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a mokenkaneɛ no mu no.
17 Because they have forsaken me, and have burned incense to other gods, that they might provoke me to anger with all the work of their hands, therefore my wrath shall be kindled against this place, and it shall not be quenched.'"
Ɛfiri sɛ, me nkurɔfoɔ agya me, na wɔsom anyame huhuo, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuo. Mʼabufuhyeɛ redɛre wɔ ha, na ɛrennum.’
18 But to the king of Judah, who sent you to inquire of Jehovah, thus you shall tell him, "Thus says Jehovah, the God of Israel: 'Concerning the words which you have heard,
Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔhwehwɛ Awurade, na monka nkyerɛ no sɛ, Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa asɛm a woate no seesei no ho.
19 because your heart was tender, and you humbled yourself before Jehovah, when you heard what I spoke against this place, and against its inhabitants, that they should become a desolation and a curse, and have torn your clothes, and wept before me; I also have heard you,' says Jehovah.
Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo ya, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometeɛ sunsuanee wo ntadeɛ mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti, nokorɛm, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ.
20 'Therefore look, I will gather you to your fathers, and you shall be gathered to your grave in peace, neither shall your eyes see all the disaster which I will bring on this place.'"'" They brought back this message to the king.
Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’” Enti, wɔsane de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.

< 2 Kings 22 >