< Psalms 145 >

1 [A praise psalm by David.] I will exalt you, my God, the King. I will praise your name forever and ever.
Ayeyi dwom. Dawid de. Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse; mɛkamfo wo din daa daa.
2 Every day I will praise you. I will extol your name forever and ever.
Da biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa.
3 Great is the LORD, and greatly to be praised. His greatness is unsearchable.
Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse; obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.
4 One generation will commend your works to another, and will declare your mighty acts.
Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo; wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.
5 Of the glorious splendor of your majesty they will speak, of your wondrous works, I will meditate.
Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.
6 Men will speak of the might of your awesome acts. I will declare your greatness.
Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.
7 They will utter the memory of your great goodness, and will sing of your righteousness.
Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa, na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.
8 The LORD is gracious, merciful, slow to anger, and of great loving kindness.
Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
9 The LORD is good to all. His tender mercies are over all his works.
Awurade ye ma obiara; na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.
10 All your works will give thanks to you, LORD. And your faithful ones will bless you.
Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefo bɛma wo so.
11 They will speak of the glory of your kingdom, and talk about your power;
Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
12 to make known to the descendants of Adam his mighty acts, the glory of the majesty of his kingdom.
sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.
13 Your kingdom is an everlasting kingdom. Your dominion endures throughout all generations. The LORD is faithful in all his words, and gracious in all his deeds.
Wʼahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
14 The LORD upholds all who fall, and raises up all those who are bowed down.
Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
15 The eyes of all wait for you. You give them their food in due season.
Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.
16 You yourself open your hand and satisfy the desire of every living thing.
Wubue wo nsam, na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.
17 The LORD is righteous in all his ways, and faithful in all his deeds.
Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.
18 The LORD is near to all those who call on him, to all who call on him in truth.
Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.
19 He will fulfill the desire of those who fear him. He also will hear their cry, and will save them.
Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn; otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.
20 The LORD preserves all those who love him, but all the wicked he will destroy.
Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so, nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
21 My mouth will speak the praise of the LORD. Let all flesh bless his holy name forever and ever.
Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.

< Psalms 145 >