< Genesis 3 >

1 Now the serpent was more shrewd than any of the wild animals which God had made. And he said to the woman, "Has God really said, 'You shall not eat of any tree of the garden?'"
Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafo wɔ wuram mmoadoma a Awurade Nyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kobisaa no se, “Enti ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Munnni turo yi mu aduaba biara?’”
2 And the woman said to the serpent, "Of the fruit of the trees of the garden we may eat,
Ɔbea no buaa ɔwɔ se, “Yetumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara,
3 but of the fruit of the tree which is in the middle of the garden, God has said, 'You shall not eat of it, neither shall you touch it, lest you die.'"
nanso Onyankopɔn kae se, ‘Ɛnsɛ sɛ yedi dua a esi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a yebewu.’”
4 The serpent said to the woman, "You won't surely die,
Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Morenwuwu.
5 for God knows that in the day you eat it, your eyes will be opened, and you will be like God, knowing good and evil."
Mmom, Onyankopɔn nim sɛ, da a mubedi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahu papa ne bɔne.”
6 When the woman saw that the tree was good for food, and that it was a delight to the eyes, and that the tree was to be desired to make one wise, she took of its fruit, and ate, and she also gave some to her husband who was with her, and he ate.
Bere a ɔbea no huu sɛ dua a esi mfimfini no so aba no wodi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛtew ani no, ɔtew bi dii, de bi maa ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ no, maa ɔno nso dii.
7 The eyes of both of them were opened, and they knew that they were naked. So they sewed fig leaves together, and made coverings for themselves.
Wodi wiee no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wohuu sɛ wɔn nyinaa da adagyaw. Enti wɔkekaa nhaban sisii anim, de kataa wɔn adagyaw so.
8 They heard the voice of God walking in the garden during the breeze of the day, and the man and his wife hid themselves from the presence of God among the trees of the garden.
Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn.
9 So God called to the man, and said to him, "Where are you?"
Na Awurade Nyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no se, “Mowɔ he?”
10 And he said, "I heard your voice in the garden, and I was afraid, because I was naked; so I hid myself."
Adam buae se, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na misuro, efisɛ na meda adagyaw nti mekɔtɛwee.”
11 And he said, "Who told you that you were naked? Have you eaten from the tree that I commanded you not to eat from?"
Na Onyankopɔn bisaa no se, “Hena na ɔka kyerɛɛ wo se na woda adagyaw? Woadi dua a meka kyerɛɛ wo se nni so aba no bi ana?”
12 The man said, "The woman whom you gave to be with me, she gave me of the tree, and I ate."
Adam kae se, “Yiw, nanso ɔbea no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔtew fii dua no so no brɛɛ me maa midii.”
13 Then God said to the woman, "What is this you have done?" The woman said, "The serpent deceived me, and I ate."
Enti Awurade Nyankopɔn bisaa ɔbea no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Ɔbea no buae se, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”
14 So God said to the serpent, "Because you have done this, cursed are you above every tame animal, and above every wild animal. On your belly you shall go, and you shall eat dust all the days of your life.
Enti Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no se, “Esiane saa ade a woayɛ yi nti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwanna nyinaa woadi mfutuma.
15 I will put enmity between you and the woman, and between your offspring and her offspring. He will bruise your head, and you will bruise his heel."
Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ne wʼasefo ne nʼasefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”
16 And to the woman he said, "I will greatly multiply your pain in childbirth. In pain you will bring forth children. Your desire will be for your husband, and he will rule over you."
Afei, Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no nso se, “Wobɛte ɔyaw pa ara wɔ wʼawo mu; ɔyaw mu na wobɛwo mma. Eyi nyinaa akyi no, wʼani begyina wo kunu na obedi wo so.”
17 To Adam he said, "Because you have listened to your wife's voice, and have eaten of the tree, of which I commanded you, saying, 'You shall not eat of it,' cursed is the ground for your sake. In toil you will eat of it all the days of your life.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso se, “Esiane sɛ wutiee wo yere asɛm, na wudii dua a mehyɛɛ wo se, ‘nni so aba no’ nti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wubedidi so wo nkwanna nyinaa.
18 Thorns also and thistles will it bring forth to you; and you will eat the plants of the field.
Ebefifi nsɔe ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wuram nhaban.
19 By the sweat of your face will you eat bread until you return to the ground, for out of it you were taken. For you are dust, and to dust you shall return."
Wubesiam wʼanim fifiri ansa na woanya aduan adi, kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu, efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii; woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”
20 The man called his wife Eve, because she was the mother of all living.
Adam too ne yere no din Hawa, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa na.
21 And God made clothing out of skins for Adam and for his wife, and clothed them.
Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.
22 Then God said, "Look, the man has become like one of us, knowing good and evil. So now, let us send him out, lest he reach out his hand and also take of the tree of life and eat, and live forever."
Awurade Nyankopɔn kae se, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan na ɔteɛ ne nsa kɔtew nkwa dua no so aba no bi di, na ɔtena ase afebɔɔ.”
23 Therefore the LORD sent him out of the garden of Eden, to till the ground from which he was taken.
Enti Awurade Nyankopɔn pam no fii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a wɔnwenee no fii mu no so.
24 So he drove out the man; and he stationed the cherubim at the east of the garden of Eden, and a flaming sword which turned every direction, to guard the way to the tree of life.
Ɔpam onipa no, ɔde Kerubim ne afoa a ɛdɛw twaa ne ho fa baabiara no sii Eden turo no apuei fam sɛ ɛnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

< Genesis 3 >