< Ezekiel 37 >

1 The hand of the LORD was upon me, and he brought me out by the Spirit of the LORD, and set me down in the midst of the valley; and it was full of bones.
Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom faa me fii adi de me besii obon no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma.
2 And he led me walk all around among them. And look, there were very many on the surface of the valley, and look, they were very dry.
Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mihuu nnompe bebree wɔ obon no ase, nnompe a ɛho akokwaw.
3 And he said to me, "Son of man, can these bones live?" And I answered, "LORD, you know."
Obisaa me se, “Onipa ba, saa nnompe yi betumi anya nkwa ana?” Mekae se, “Otumfo Awurade, wo nko ara na wunim.”
4 Then he said to me, "Prophesy over these bones, and tell them, 'Dry bones, hear the word of the LORD.'
Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn se, ‘Nnompe a mo ho akokwaw, muntie Awurade asɛm!
5 Thus says the LORD to these bones: 'Look, I will cause breath to enter into you, and you will live.
Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ɔhome aba mo mu na mubenya nkwa.
6 And I will put tendons on you, and make flesh grow on you, and cover you with skin, and put breath in you, and you will live. Then you will know that I am the LORD.'"
Mɛma ntin abesuso mo mu, na mede nam agu mo so na mede were akata mo ho. Mede ɔhome begu mo mu na moaba nkwa mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade.’”
7 So I prophesied as I was commanded; and as I prophesied, there was a sound, and look, a rattling, and the bones came together, bone to bone.
Ɛno nti mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no. Na migu so rehyɛ nkɔm no, nne bi bae, ɔwosow bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho.
8 And I watched, and look, there were tendons on them, and flesh grew and skin covered them. But there was no breath in them.
Na mehwɛ huu sɛ ntin baa so, na nam baa ho na were bɛkataa so, nanso na ɔhome biara nni mu.
9 Then he said to me, "Prophesy to the breath, prophesy, son of man, and tell the breath, 'Thus says the LORD: Come from the four winds, breath, and breathe on these corpses, that they may live.'"
Afei ɔka kyerɛɛ me se: “Hyɛ nkɔm kyerɛ home, hyɛ nkɔm, onipa ba na ka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔhome fi mframa anan no mu bra bɛhome gu saa awufo yi mu na wonnya nkwa.’”
10 So I prophesied as he commanded me, and the breath came into them, and they lived and stood up on their feet, an exceedingly great army.
Enti mehyɛɛ nkɔm sɛnea ɔhyɛɛ me no, na ɔhome hyɛn wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara.
11 Then he said to me, "Son of man, these bones are the whole house of Israel. Look, they say, 'Our bones are dried up, and our hope is lost; we are completely cut off.'
Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israelfi nyinaa. Wɔka se: ‘Yɛn nnompe ho akokwaw na yɛn anidaso asa, wɔatwa yɛn agu korakora.’
12 Therefore prophesy, and tell them, 'Thus says the LORD: Look, I will open your graves and will raise you from your graves, my people. And I will bring you into the land of Israel.
Ɛno nti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me nkurɔfo, merebebuebue mo nna na mayiyi mo afi mu apue. Mede mo bɛsan aba Israel asase so.
13 And you will know that I am the LORD, when I have opened your graves and raise you up out of your graves, my people.
Afei mo, me nkurɔfo, sɛ mibuebue mo nna na miyiyi mo fi mu a, mubehu sɛ mene Awurade no.
14 And I will put my breath in you and you will live, and I will place you in your own land. Then you will know that I am the LORD; I have spoken it and I will do it,' says the LORD."
Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mubenya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mubehu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm ni.’”
15 And the word of the LORD came again to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
16 "And you, son of man, take one stick and write on it, 'For Judah, and the people of Israel associated with him.' Then take another stick and write on it, 'For Joseph, the stick of Ephraim and all the house of Israel associated with him.'
“Onipa ba, fa dua na kyerɛw ho se, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho de.’ Afei fa dua foforo na kyerɛw ho se, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israelfi a wɔka ne ho nyinaa de.’
17 Then join them one to another for yourself into one stick, that they may become one in your hand.
Ka abien no bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.
18 And when your people ask you, saying, 'Will you not tell us what these things mean?'
“Sɛ wo nkurɔfo ka se, worenkyerɛ yɛn nea wode eyi kyerɛ ana a,
19 tell them, 'Thus says the LORD: "Look, I will take the stick of Joseph, which is in the hand of Ephraim, and the tribes of Israel associated with him, and I will put them on it, that is, on the stick of Judah, and make them into one stick, and they will be one in my hand."'
ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ abien no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’
20 And the sticks on which you write on will be in your hand in front of them.
Ma nnua a woakyerɛkyerɛw ho no so kyerɛ wɔn
21 "Then say to them, 'Thus says the LORD: Look, I am going to take the people of Israel from among the nations where they are gone, and will gather them from all around, and bring them into their own land.
na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Meyi Israelfo afi amanaman a wɔakɔ so no so. Mɛboaboa wɔn ano afi mmaa nyinaa na mede wɔn asan aba wɔn ankasa asase so.
22 And I will make them one nation in the land, on the mountains of Israel, and one king will rule over them, and they will no longer be two nations, and no longer be divided into two kingdoms.
Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔw so. Ɔhene baako bedi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahenni abien.
23 And they will no longer defile themselves with their idols, or with their detestable things, or with any of their transgressions. But I will save them from all their unfaithfulness in which they have sinned, and will cleanse them. And will they be my people, and I will be their God.
Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsode tantan no, anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa afi wɔn akyirisan bɔne mu na mɛtew wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn.
24 "'"And my servant David will be king over them; and they will all have one shepherd. And they will walk in my ordinances, and observe my statutes, and do them.
“‘Me somfo Dawid bedi wɔn so hene na wɔn nyinaa benya oguanhwɛfo baako. Wobedi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛde ayɛ.
25 And they will live in the land that I gave to Jacob my servant, in which your fathers lived; and they and their children and their children's children will live there forever, and David my servant will be their prince forever.
Wɔbɛtena asase a mede maa me somfo Yakob, asase a mo agyanom tenaa so. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me somfo Dawid bɛyɛ wɔn birɛmpɔn afebɔɔ.
26 And I will make a covenant of peace with them; it will be an everlasting covenant with them. And I will give to them and increase their numbers, and will set my sanctuary in their midst forever.
Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔ na mede me kronkronbea besi wɔn mu afebɔɔ.
27 And my dwelling place will be with them; and I will be their God, and they will be my people.
Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.
28 Then the nations will know that I am the LORD who sanctifies Israel, when my sanctuary is in their midst forever."'"
Afei amanaman no behu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, bere a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ no.’”

< Ezekiel 37 >