< Ezekiel 25 >

1 The word of the LORD came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 "Son of man, set your face toward the people of Ammon, and prophesy against them:
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfoɔ so na hyɛ nkɔm tia wɔn.
3 and tell the people of Ammon, 'Hear the word of the LORD: Thus says the LORD, "Because you said, 'Aha,' against my sanctuary, when it was profaned; and against the land of Israel, when it was made desolate; and against the house of Judah, when they went into captivity:
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wokaa “Ahaa” guu me kronkronbea so ɛberɛ a wɔguu ho fi ne Israel asase ɛberɛ a ɛdaa mpan, ne Yudafoɔ ɛberɛ a wɔkɔɔ nnommumfa mu
4 therefore, look, I will deliver you to the people of the east for a possession, and they shall set their encampments in you, and make their dwellings in you; they shall eat your fruit, and they shall drink your milk.
enti, mede mo rebɛma nnipa a wɔfiri Apueeɛ fam na wɔde mo ayɛ wɔn dea. Wɔbɛkyekyere wɔn nsraban, asisi wɔn ntomadan wɔ mo mu; wɔbɛdi mo nnuaba na wɔanom mo nufosuo.
5 I will make Rabbah a stable for camels, and the people of Ammon a resting place for flocks: and you shall know that I am the LORD."
Mɛdane Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ baabi a nnwan gye wɔn ahome. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
6 For thus says the LORD: "Because you have clapped your hands, and stamped with the feet, and rejoiced with all the despite of your soul against the land of Israel;
Na sei na Otumfoɔ Awurade sɛe: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo nan apempem hɔ, na mo de akoma mu bɔne nyinaa adi ahurisie atia Israel asase enti,
7 therefore, look, I have stretched out my hand on you, and will deliver you for a spoil to the nations; and I will cut you off from the peoples, and I will cause you to perish out of the countries: I will destroy you; and you shall know that I am the LORD."'"
mɛtene me nsa atia mo na moayɛ afodeɛ ama amanaman no. Mɛtwa mo afiri amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no mu. Mɛsɛe mo na mobɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
8 "Thus says the LORD: 'Because Moab and Seir say, "Look, the house of Judah is like all the nations";
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kaa sɛ, “Monhwɛ, Yuda efie ayɛ sɛ amanaman a aka no”
9 therefore, look, I will open the side of Moab from the cities, from his cities which are on his frontiers, the glory of the country, Beth Jeshimoth, Baal Meon, and Kiriathaim,
enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam.
10 to the people of the east, to go against the people of Ammon; and I will give them for a possession, that the people of Ammon may not be remembered among the nations.
Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ wɔ amanaman no mu;
11 and I will execute judgments on Moab; and they shall know that I am the LORD.'"
na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
12 "Thus says the LORD: 'Because Edom has dealt against the house of Judah by taking vengeance, and has greatly offended, and revenged himself on them';
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Edom tɔɔ werɛ wɔ Yuda efie so na ɔnam so dii fɔ no enti,
13 therefore thus says the LORD, 'I will stretch out my hand on Edom, and will cut off man and animal from it; and I will make it desolate from Teman; even to Dedan shall they fall by the sword.
deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano.
14 I will lay my vengeance on Edom by the hand of my people Israel; and they shall do in Edom according to my anger and according to my wrath; and they shall know my vengeance, says the LORD.'"
Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so wereɛ na wɔ ne no bɛdi no sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ teɛ; wɔbɛhunu mʼaweretɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
15 "Thus says the LORD: 'Because the Philistines have dealt by revenge, and have taken vengeance with despite of soul to destroy with perpetual enmity;
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Filistifoɔ tɔɔ awere, na wɔde akoma mu nsusuiɛ bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtane a ɛfiri tete sɛee Yuda enti,
16 therefore thus says the LORD, Look, I will stretch out my hand on the Philistines, and I will cut off the Cherethites, and destroy the remnant of the sea coast.
sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Merebɛtene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no.
17 I will execute great vengeance on them with wrathful rebukes; and they shall know that I am the LORD, when I shall lay my vengeance on them.'"
Mɛtɔ wɔn so were a ɛso, na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuhyeɛ mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”

< Ezekiel 25 >