< Ezekiel 14 >

1 Then came certain of the elders of Israel to me, and sat before me.
Israel mpanyimfo no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatenaa mʼanim.
2 The word of the LORD came to me, saying,
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
3 "Son of man, these men have taken their idols into their heart, and put the stumbling block of their iniquity before their face: should I be inquired of at all by them?
“Onipa ba, saa mmarima yi de ahoni ahyɛ wɔn koma mu na wɔde amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wobisa mʼase koraa ana?
4 Therefore speak to them, and tell them, 'Thus says the LORD: "Every man of the house of Israel who takes his idols into his heart, and puts the stumbling block of his iniquity before his face, and comes to the prophet; I the LORD will answer him in it according to the multitude of his idols;
Enti kasa kyerɛ wɔn na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ ne koma mu na ɔde amumɔyɛ hintidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuae a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ.
5 that I may take the house of Israel in their own heart, because they are all estranged from me through their idols."'
Mɛyɛ eyi de atwe Israelfo a wɔagyaw me akodi wɔn abosom akyi no koma aba bio.’
6 "Therefore tell the house of Israel, 'Thus says the LORD: "Return, and turn yourselves from your idols; and turn away your faces from all your abominations.
“Enti ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no!
7 For everyone of the house of Israel, or of the strangers who live in Israel, who separates himself from me, and takes his idols into his heart, and puts the stumbling block of his iniquity before his face, and comes to the prophet to inquire for himself of me; I the LORD will answer him by myself:
“‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho fi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ ne koma mu de amumɔyɛ hintidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn kobisa mʼase a, me, Awurade ankasa bebua no.
8 and I will set my face against that man, and will make him an astonishment, for a sign and a proverb, and I will cut him off from the midst of my people; and you shall know that I am the LORD.
Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.’
9 "'"If the prophet is deceived and speaks a word, I, the LORD, have deceived that prophet, and I will stretch out my hand on him, and will destroy him from the midst of my people Israel.
“‘Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifo no, mɛteɛ me nsa wɔ ne so na matwa no afi me nkurɔfo Israelfo mu.
10 They shall bear their iniquity: the iniquity of the prophet shall be even as the iniquity of him who seeks him;
Wɔbɛsoa wɔn afɔdi; odiyifo no ne nea okohuu no no nyinaa bedi fɔ.
11 that the house of Israel may go no more astray from me, neither defile themselves any more with all their transgressions; but that they may be my people, and I may be their God," says the LORD.'"
Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
12 The word of the LORD came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
13 "Son of man, when a land sins against me by committing a trespass, and I stretch out my hand on it, and break the staff of its bread, and send famine on it, and cut off from it man and animal;
“Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokware na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na meteɛ me nsa wɔ wɔn so na migyae wɔn aduanma, na mema ɔkɔm ba bekunkum mu nnipa ne wɔn mmoa a,
14 though these three men, Noah, Daniel, and Job, were in it, they should deliver but their own souls by their righteousness, says the LORD."
mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn trenee begye wɔn nko ara nkwa, Otumfo Awurade asɛm ni.
15 "If I cause evil animals to pass through the land, and they ravage it, and it be made desolate, so that no man may pass through because of the animals;
“Anaa sɛ mema wuram mmoa kɔ saa asase no so na wokunkum so nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so, esiane wuram mmoa no nti a,
16 though these three men were in it, as I live," says the LORD, "they should deliver neither sons nor daughters; they only should be delivered, but the land should be desolate.
sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobegye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe.
17 "Or if I bring a sword on that land, and say, 'Sword, go through the land'; so that I cut off from it man and animal;
“Sɛ nso metwe afoa wɔ asase no so, na meka se, ‘Ma afoa no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mikunkum so nnipa ne wɔn mmoa,
18 though these three men were in it, as I live, says the LORD, they should deliver neither sons nor daughters, but they only should be delivered themselves.
sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobenya nkwa.
19 "Or if I send a pestilence into that land, and pour out my wrath on it in blood, to cut off from it man and animal;
“Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuwhyew so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum so nnipa ne wɔn mmoa a,
20 though Noah, Daniel, and Job, were in it, as I live, says the LORD, they could not save either son nor daughter; they would save only their own souls by their righteousness.
sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nnye ɔbabarima anaa ɔbabea nkwa. Wɔn trenee nti wobegye wɔn nkwa.
21 "For thus says the LORD: 'How much more when I send my four severe judgments on Jerusalem, the sword, and the famine, and the evil animals, and the pestilence, to cut off from it man and animal.
“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ hu mmoroso sɛ mɛma mʼatemmu huhuhuhu anan, a ɛyɛ afoa, ɔkɔm, wuram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akokunkum ne mmarima ne wɔn mmoa!
22 Yet, look, there shall be left a remnant that shall be carried forth, both sons and daughters: look, they shall come forth to you, and you shall see their way and their doings; and you shall be comforted concerning the evil that I have brought on Jerusalem, even concerning all that I have brought on it.
Nanso ebinom bɛka, mmabarima ne mmabea a wobeyi wɔn afi mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn na sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho, amanehunu a mede aba ne so biara.
23 They shall comfort you, when you see their way and their doings; and you shall know that I have not done without cause all that I have done in it,' says the LORD."
Sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a enni farebae, Otumfo Awurade asɛm ni.”

< Ezekiel 14 >