< Exodus 29 >

1 "This is the thing that you shall do to them to make them holy, to minister to me in the priest's office: take one young bull and two rams without blemish,
“Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo ni: Momfa nantwi ba ne adwennini abien a wɔn ho nni dɛm.
2 unleavened bread, unleavened cakes mixed with oil, and unleavened wafers anointed with oil: you shall make them of fine wheat flour.
Na momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw nni mu nyɛ brodo a ɛyɛ dɛ ne tetare a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so.
3 You shall put them into one basket, and bring them in the basket, with the bull and the two rams.
Fa brodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwi ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiae Ntamadan no ano.
4 You shall bring Aaron and his sons to the door of the Tent of Meeting, and shall wash them with water.
Momfa Aaron ne ne mmabarima no mmra Ahyiae Ntamadan no kwan ano hɔ, na momfa nsu nguare wɔn.
5 You shall take the garments, and put on Aaron the coat, the robe of the ephod, the ephod, and the breastplate, and dress him with the skillfully woven band of the ephod;
Momfa Aaron atade yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atade kɔnsin no, nʼasɔfotade no ne adɛbo no ne nkyekyeremu no,
6 and you shall set the turban on his head, and put the holy crown on the turban.
na momfa abotiri a sikakɔkɔɔ bobɔ mu no mmɔ no.
7 Then you shall take the anointing oil, and pour it on his head, and anoint him.
Momfa ɔsrango no na munhwie ngu ne ti so.
8 You shall bring his sons, and put coats on them.
Ne mmabarima no nso, momfa wɔn ntade yuu no nhyehyɛ wɔn.
9 You shall wrap sashes around them, and bind headbands on them: and they shall have the priesthood by a perpetual statute: and you shall consecrate Aaron and his sons.
Momfa wɔn nkyekyeremu no nka wɔn ho. Saa kwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefo mma wɔnyɛ asɔfo daa nyinaa.
10 "You shall bring the bull before the Tent of Meeting: and Aaron and his sons shall lay their hands on the head of the bull.
“Mode nantwi ba no bɛba Ahyiae Ntamadan no anim na Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa agu aboa no apampam.
11 You shall kill the bull before the LORD, at the door of the Tent of Meeting.
Munkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
12 You shall take of the blood of the bull, and put it on the horns of the altar with your finger; and you shall pour out all the blood at the base of the altar.
Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na munhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔremuka no ase.
13 You shall take all the fat that covers the entrails, the cover of the liver, the two kidneys, and the fat that is on them, and burn them on the altar.
Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no wɔ afɔremuka no so.
14 But the flesh of the bull, and its skin, and its dung, you shall burn with fire outside of the camp: it is a sin offering.
Mmom momfa aboa no ne ne were ne nʼagyanan no mfi hɔ nkɔ afikyiri na monkɔhyew no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.
15 "You shall also take the one ram; and Aaron and his sons shall lay their hands on the head of the ram.
“Sɛ wɔrebekum adwennini no nso a, Aaron ne ne mmabarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam
16 You shall kill the ram, and you shall take its blood, and sprinkle it around on the altar.
na wonkum no. Wɔnsɔw ne mogya no na wɔmfa mpete afɔremuka no ho nyinaa.
17 You shall cut the ram into its pieces, and wash its entrails, and its legs, and put them with its pieces, and with its head.
Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako
18 You shall burn the whole ram on the altar: it is a burnt offering to the LORD; it is a pleasant aroma, an offering made by fire to the LORD.
na monhyew no wɔ afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ Awurade ani.
19 "You shall take the other ram; and Aaron and his sons shall lay their hands on the head of the ram.
“Momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmabarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam,
20 Then you shall kill the ram, and take some of its blood, and put it on the tip of the right ear of Aaron, and on the tip of the right ear of his sons, and on the thumb of their right hand, and on the big toe of their right foot, and sprinkle the blood around on the altar.
Munkum no na monsɔw mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmabarima no aso nifa, wɔn kokurobeti nifa ne wɔn anan nifa kokurobeti so. Afei mompete nkae no ngu afɔremuka no ho nyinaa.
21 You shall take of the blood that is on the altar, and of the anointing oil, and sprinkle it on Aaron, and on his garments, and on his sons, and on the garments of his sons with him: and he shall be made holy, and his garments, and his sons, and his sons' garments with him.
Montworɔw mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi na momfa mfra ɔsrango na momfa mpete Aaron ne ne mmabarima no so ne wɔn ntade mu. Ɛnam saa so bɛma wɔn ne wɔn ntade ho atew wɔ Awurade anim.
22 Also you shall take some of the ram's fat, the fat tail, the fat that covers the entrails, the cover of the liver, the two kidneys, the fat that is on them, and the right thigh (for it is a ram of consecration),
“Momfa odwennini no srade ne ne dua ne ne mu srade ne ne bɔnwoma kotoku ne nʼasaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa. Eyi ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmabarima asɔfo no.
23 and one loaf of bread, one cake of oiled bread, and one wafer out of the basket of unleavened bread that is before the LORD.
Momfa brodo mua baako ne tetare a wɔde ɔsrango afra, na munyi ɔfam baako mfi kɛntɛn a wɔde brodo a mmɔkaw nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu.
24 You shall put all of this in Aaron's hands, and in his sons' hands, and shall wave them for a wave offering before the LORD.
Momfa eyinom nhyɛ Aaron ne ne mmabarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ afɔrebɔde mma Awurade.
25 You shall take them from their hands, and burn them on the altar on the burnt offering, for a pleasant aroma before the LORD: it is an offering made by fire to the LORD.
Ɛno akyi no, munnye mfi wɔn nsam na monhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ohuam afɔre mma no.
26 "You shall take the breast of Aaron's ram of consecration, and wave it for a wave offering before the LORD: and it shall be your portion.
Momfa Aaron asɔfohyɛguan no yan no a munhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa.
27 You shall sanctify the breast of the wave offering, and the thigh of the wave offering, which is waved, and which is heaved up, of the ram of consecration, even of that which is for Aaron, and of that which is for his sons:
“Montew asɔfohyɛ dwennini no akwaa, ne koko a wohimii ne ne srɛ a wɔde mae a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima de no ho.
28 and it shall be for Aaron and his sons as their portion forever from the children of Israel; for it is a wave offering: and it shall be a wave offering from the children of Israel of the sacrifices of their peace offerings, even their wave offering to the LORD.
Ɛsɛ sɛ eyi yɛ Israelfo asɛde sɛ wɔbɛyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. Ɛyɛ Israelfo no fam asomdwoe afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Awurade.
29 "The holy garments of Aaron shall be for his sons after him, to be anointed in them, and to be consecrated in them.
“Aaron ntade kronkron yi bɛyɛ nʼasefo de na wɔatumi ahyɛ ama wɔasra wɔn ngo ahyɛ wɔn asɔfo.
30 Seven days shall the son who is priest in his place put them on, when he comes into the Tent of Meeting to minister in the holy place.
Ɔsɔfopanyin biara a obedi Aaron ade no bɛhyɛ saa ntade yi nnanson ansa na wafi nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ne kronkronbea hɔ.
31 "You shall take the ram of consecration, and boil its flesh in a holy place.
“Fa odwennini no nam a wɔatew ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfo no na monnoa no wɔ baabi a ɛhɔ tew.
32 Aaron and his sons shall eat the flesh of the ram, and the bread that is in the basket, at the door of the Tent of Meeting.
Aaron ne ne mmabarima bedi brodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde nam no abɔ so wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
33 They shall eat those things with which atonement was made, to consecrate and sanctify them: but a stranger shall not eat of it, because they are holy.
Wɔn nko ara na wɔbɛwe nam no adi nnuan a wɔde tew wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfo abusua no mu no renni bi, efisɛ wɔatew ho.
34 If anything of the flesh of the consecration, or of the bread, remains to the morning, then you shall burn the remainder with fire: it shall not be eaten, because it is holy.
Sɛ ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron.
35 "You shall do so to Aaron, and to his sons, according to all that I have commanded you. You shall consecrate them seven days.
“Eyi ne ɔkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmabarima no asɔfo. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma.
36 Every day you shall offer the bull of sin offering for atonement: and you shall cleanse the altar, when you make atonement for it; and you shall anoint it, to sanctify it.
Da biara, mode nantwi ba bɛbɔ afɔre de adwira mo ho. Ɛno akyi no, mompra afɔremuka no ho bɔne nyinaa na monyɛ no kronkron na monhwie ngo ngu so mfa ntew ho.
37 Seven days you shall make atonement for the altar, and sanctify it: and the altar shall be most holy; whatever touches the altar shall be holy.
Montew afɔremuka no ho na daa monyɛ no kronkron saa ara nnanson mma Onyankopɔn. Ɛno akyi no, afɔremuka no ho bɛtew yiye sɛnea biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.
38 "Now this is that which you shall offer on the altar: two lambs a year old day by day continually, a continual burnt offering.
“Da biara, momfa nguanten mma abien a wɔadi afe mmɔ afɔre wɔ afɔremuka no so.
39 The one lamb you shall offer in the morning; and the other lamb you shall offer at evening:
Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔre anwummere.
40 and with the one lamb a tenth part of an ephah of fine flour mixed with the fourth part of a hin of beaten oil, and the fourth part of a hin of wine for a drink offering.
Afɔrebɔ a edi kan no, momfa asikresiam lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi afi ngodua mu lita baako; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa.
41 The other lamb you shall offer at evening, and shall do to it according to the meal offering of the morning, and according to its drink offering, for a pleasant aroma, an offering made by fire to the LORD.
Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama Awurade.
42 It shall be a continual burnt offering throughout your generations at the door of the Tent of Meeting before the LORD, where I will meet with you, to speak there to you.
“Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so da biara wɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mehyia mo ne mo akasa.
43 There I will meet with the children of Israel; and the place shall be sanctified by my glory.
Na mehyia Israelmma wɔ hɔ na mʼanuonyam atew Ahyiae Ntamadan no ho.
44 I will sanctify the Tent of Meeting and the altar: Aaron also and his sons I will sanctify, to minister to me in the priest's office.
“Ampa ara, mɛtew Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho ne Aaron ne ne mmabarima a wɔyɛ mʼasɔfo no ho.
45 I will dwell among the children of Israel, and will be their God.
Na mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn,
46 They shall know that I am the LORD their God, who brought them forth out of the land of Egypt, that I might dwell among them: I am the LORD their God.
na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn. Mede wɔn fi Misraim bae sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Nyankopɔn.

< Exodus 29 >