< Deuteronomy 1 >

1 These are the words which Moses spoke to all Israel beyond the Jordan in the wilderness, in the Arabah over against Suph, between Paran, and Tophel, and Laban, and Hazeroth, and Dizahab.
Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan apuei. Wɔbɔɔ atenae wɔ Yordan bon a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no.
2 It is eleven days' journey from Horeb by the way of Mount Seir to Kadesh Barnea.
Efi Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɔkwan a ɛfa bepɔw Seir no, yɛ nnafua dubaako kwan.
3 It happened in the fortieth year, in the eleventh month, on the first day of the month, that Moses spoke to the children of Israel, according to all that the LORD had given him in commandment to them;
Israelfo fii Bepɔw Sinai no, afe a ɛto so aduanan no ɔsram dubaako no da a edi kan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn.
4 after he had struck Sihon the king of the Amorites, who lived in Heshbon, and Og the king of Bashan, who lived in Ashtaroth and in Edrei.
Ɔkaa saa asɛm yi wɔ bere a na wɔadi Amorifo hene Sihon a na odi ade wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na odi ade wɔ Astarot ne Edrei so nkonim.
5 Beyond the Jordan, in the land of Moab, began Moses to declare this law, saying,
Yordan apuei fam a ɛwɔ Moab asase so na Mose fii ase kyerɛkyerɛɛ mmara no mu se:
6 "The LORD our God spoke to us in Horeb, saying, You have lived long enough in this mountain:
Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb se: “Moatena saa bepɔw yi so akyɛ dodo.
7 turn, and take your journey, and go to the hill country of the Amorites, and to all the places near there, in the Arabah, in the hill country, and in the lowland, and in the Negev, and by the sea coast, the land of the Canaanites, and Lebanon, as far as the great river, the river Perath.
Muntutu nkɔtena Amorifo nkoko no so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔw no mu ne atɔe mmepɔw ayaase hɔ nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkosi Kanaanfo asase so ne Lebanon nkodu Asubɔnten Eufrate ho.
8 Look, I have set the land before you: go in and possess the land which I swore to your fathers, to Abraham, to Isaac, and to Jacob, to give to them and to their descendants after them."
Muntie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefo no.”
9 I spoke to you at that time, saying, "I am not able to bear you myself alone:
Saa bere no, meka kyerɛɛ mo se, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma.
10 The LORD your God has multiplied you, and look, you are this day as the stars of the sky for multitude.
Awurade, mo Nyankopɔn, ama mo ase adɔ enti nnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma.
11 The LORD, the God of your fathers, make you a thousand times as many as you are, and bless you, as he has promised you.
Awurade mo agyanom Nyankopɔn mma mo nnɔ mmɔho mpempem na onhyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no!
12 How can I myself alone bear your encumbrance, and your burden, and your strife?
Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko metumi asoa mo haw ne mo nnesoa ne mo ntawntaw?
13 Take wise men of understanding and well known according to your tribes, and I will make them heads over you."
Mompaw mmarima bi a wɔwɔ nyansa, ntease na wɔwɔ din pa mfi abusuakuw biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”
14 You answered me, and said, "The thing which you have spoken is good to do."
Mubuaa me se, “Dwuma a woasusuw sɛ wubedi no ye.”
15 So I took the heads of your tribes, wise men, and known, and made them heads over you, captains of thousands, and captains of hundreds, and captains of fifties, and captains of tens, and officers, according to your tribes.
Enti mede mo mmusuakuw mu mmarima atitiriw, anyansafo a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so sɛ ahwɛfo.
16 I commanded your judges at that time, saying, "Hear cases between your brothers, and judge righteously between a man and his brother, and the foreigner who is living with him.
Na atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔho bi a, monhwɛ na mummu atɛntrenee.
17 You shall not show partiality in judgment; you shall hear the small and the great alike; you shall not be afraid of the face of man; for the judgment is God's. The case that is too hard for you, you shall bring to me, and I will hear it."
Mo atemmu mu, mummmu ntɛnkyew. Muntie ɔketewa ne ɔkɛse pɛ. Munnsuro onipa biara, efisɛ Onyankopɔn na obu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na minni.”
18 I commanded you at that time all the things which you should do.
Na saa bere no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo.
19 We traveled from Horeb, and went through all that great and terrible wilderness which you saw, by the way to the hill country of the Amorites, as the LORD our God commanded us; and we came to Kadesh Barnea.
Na sɛnea Awurade hyɛɛ yɛn no, yefii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifo bepɔw a yɛnam sare pradada a moahu no so koduu Kades-Barnea.
20 I said to you, "You have come to the hill country of the Amorites, which the LORD our God gives to us.
Afei, meka kyerɛɛ mo se, “Moadu Amorifo bepɔw man a Awurade de rema yɛn no so.
21 Look, the LORD your God has set the land before you: go up, take possession, as the LORD, the God of your fathers, has spoken to you; do not be afraid, neither be dismayed."
Awurade, mo Nyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa, sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Munnsuro: mommma obi mmu mo aba mu.”
22 You came near to me everyone of you, and said, "Let us send men before us, that they may search the land for us, and bring us word again of the way by which we must go up, and the cities to which we shall come."
Na mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkae se, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no so mma yɛn na wɔmmɛka nea wobehu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn kwan ne nkurow ko a yɛbɛfa so.”
23 The thing pleased me well; and I took twelve men of you, one man for every tribe:
Na saa nsusuwii yi ye ma me nti mepaw akwansrafo dumien a mo mmusuakuw dumien no mu nnipa biara wɔ mu.
24 and they turned and went up into the hill country, and came to the Valley of Eshcol, and spied it out.
Wɔforoo bepɔw no na wokoduu Eskol subon mu sraa hɔ.
25 They took of the fruit of the land in their hands, and brought it down to us, and brought us word again, and said, "It is a good land which the LORD our God gives to us."
Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkae se, asase a Awurade yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.
26 Yet you wouldn't go up, but rebelled against the commandment of the LORD your God:
Nanso na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motew Awurade asɛm so atua.
27 and you murmured in your tents, and said, "Because the LORD hated us, he has brought us forth out of the land of Egypt, to deliver us into the hand of the Amorites, to destroy us.
Munwiinwii wɔ mo ntamadan mu kae se, “Awurade tan yɛn nti na ɔde yɛn fi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifo nsam sɛ wonkunkum yɛn no.
28 Where are we going up? Our brothers have made our heart to melt, saying, 'The people are greater and taller than we; the cities are great and fortified up to the sky; and moreover we have seen the sons of the Anakim there.'"
Yɛrekɔ he? Yɛn akwansrafo no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka se nnipa yɛ atenten ahoɔdenfo sen yɛn. Wɔn nkurow yɛ akɛse a afasu a wɔatoto afa ho no kɔ sorosoro. Na mpo, yehuu Anakfo wɔ hɔ!’”
29 Then I said to you, "Do not dread, neither be afraid of them.
Na meka kyerɛɛ mo se, “Mommɔ hu, munnsuro wɔn.
30 The LORD your God who goes before you, he will fight for you, according to all that he did for you in Egypt before your eyes,
Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛnea muhuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
31 and in the wilderness, where you have seen how that the LORD your God bore you, as a man does bear his son, in all the way that you went, until you came to this place."
Na muhuu nso sɛnea Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoaso wɔ sare so ha sɛnea agya hwɛ ne ba no. Moatwa kwan no nyinaa de abedu beae ha.”
32 Yet in this thing you did not believe the LORD your God,
Nanso eyi nyinaa akyi no, moannya Awurade, mo Nyankopɔn no, mu awerehyɛmu.
33 who went before you in the way, to seek you out a place to pitch your tents in, in fire by night, to show you by what way you should go, and in the cloud by day.
Ɔno na odii mo akwantu no anim, pɛɛ beae pa maa mo tenae, de ogya dum kyerɛɛ mo kwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo kwan awia.
34 The LORD heard the voice of your words, and was angry, and swore, saying,
Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuw yiye na ɔkaa ntam se,
35 "Surely not one of these men of this evil generation shall see the good land, which I swore to give to your fathers,
“Saa awo ntoatoaso bɔne yi mu onipa baako koraa nni hɔ a obehu asase pa a, maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no,
36 except Caleb the son of Jephunneh: he shall see it; and to him will I give the land that he has trodden on, and to his children, because he has wholly followed the LORD."
gye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na obehu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefo, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade akyi.”
37 Also the LORD was angry with me for your sakes, saying, "You also shall not go in there:
Me nso, esiane mo nti, Awurade bo fuw me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da.
38 Joshua the son of Nun, who stands before you, he shall go in there. Encourage him, because he will cause Israel to inherit it.
Na mmom, wo boafo Nun babarima Yosua na obedi ɔmanfo no anim akɔ asase no so. Hyɛ no nkuran, efisɛ obedi Israelfo no anim akɔfa asase no.
39 Moreover your little ones, whom you said should be a prey, and your children, who this day have no knowledge of good or evil, they shall go in there, and to them will I give it, and they shall possess it.
Mede asase no bɛma wo mma a wonnim biribiara. Wo mma a wonnim papa nnim bɔne no a na wusuro sɛ wɔbɛkyere wɔn nnommum no na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so.
40 But as for you, turn, and take your journey into the wilderness by the way to the Red Sea."
Na wo de, dan wʼani kɔ sare so a ɛkeka kɔ Po Kɔkɔɔ no so hɔ.”
41 Then you answered and said to me, "We have sinned against the LORD our God, we will go up and fight, according to all that the LORD our God commanded us." Every man of you put on his weapons of war, and presumed to go up into the hill country.
Ɛno na mugye too mu se “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛnea Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti mo mu biara faa nʼakode hyehyɛe. Na mususuwii sɛ ɔman a ɛda bepɔw so no sokɔ yɛ mmerɛw.
42 The LORD said to me, "Tell them, 'Do not go up, neither fight; for I am not among you; lest you be struck before your enemies.'"
Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Monnkɔ hɔ nkɔko, efisɛ merenka mo ho nkɔ. Mo atamfo no bedi mo so.’”
43 So I spoke to you, and you did not listen; but you rebelled against the commandment of the LORD, and were presumptuous, and went up into the hill country.
Meka kyerɛɛ mo, nanso moantie. Mosɔre tiaa Awurade ahyɛde no na monam ahomaso so foro kɔɔ asase no so kɔkoe.
44 The Amorites, who lived in that hill country, came out against you, and chased you, as bees do, and beat you down in Seir, even to Hormah.
Amorifo a wɔte bepɔw no so nso sɔre baa mo so; wɔtaa mo sɛ nnowa, boroo mo fi Seir koduu Horma.
45 You returned and wept before the LORD; but the LORD did not listen to your voice, nor gave ear to you.
Afei, mosan ba besuu wɔ Awurade anim, nanso osiw nʼaso a wantie mo su no.
46 So you stayed in Kadesh many days, according to the days that you remained.
Ɛno nti, motenaa Kades nna bebree.

< Deuteronomy 1 >