< 2 Samuel 7 >

1 It happened, when the king lived in his house, and the LORD had given him rest from all his enemies all around,
Bere a wɔbɔɔ ɔhene no atenase wɔ nʼahemfi na Awurade ama asomdwoe aba asase no so no,
2 that the king said to Nathan the prophet, "See now, I dwell in a house of cedar, but the ark of God dwells within curtains."
Dawid frɛɛ odiyifo Natan se, “Hwɛ, mete ahemfi a wɔde sida asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntamadan mu.”
3 Nathan said to the king, "Go, do all that is in your heart; for the LORD is with you."
Na Natan buaa ɔhene no se, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”
4 It happened the same night, that the word of the LORD came to Nathan, saying,
Na anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Natan se,
5 "Go and tell my servant David, 'Thus says the LORD, "Shall you build me a house for me to dwell in?
“Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Wone obi a ɛsɛ sɛ wusi dan ma me na metena mu ana?
6 For I have not lived in a house since the day that I brought up the children of Israel out of Egypt, even to this day, but have moved around in a tent and in a tabernacle.
Efi bere a mede Israelfo fi Misraim bae de besi nnɛ no, mentenaa ɔdan mu da. Daa wotu mʼase fi baabi kɔ baabi.
7 In all places in which I have walked throughout Israel, did I say a word to any of the judges of Israel, whom I commanded to be shepherd of my people Israel, saying, 'Why have you not built me a house of cedar?'"'
Bere biara a wotu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mibisaa wɔn sodifo, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfo Israelfo no se, “Adɛn nti na momfaa sida nsii ofi mmaa me da?”’
8 Now therefore you shall tell my servant David this, 'Thus says the LORD of hosts, "I took you from the sheep pen, from following the sheep, that you should be prince over my people Israel.
“Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo fii mmoa adidibea ne nguan akyidi mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene.
9 And I have been with you wherever you went and have cut off all your enemies from before you, and I will make for you a name like the name of the great ones of the earth.
Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfo nyinaa afi wʼanim. Na mɛma woagye din wɔ asase yi nyinaa so.
10 I will appoint a place for my people Israel, and will plant them, that they may dwell in their own place, and be moved no more; neither shall the children of wickedness afflict them any more, as at the first,
Na mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no,
11 and from the time that I commanded judges to be over my people Israel. I will cause you to rest from all your enemies. Moreover the LORD tells you that he will build you a house.
efi bere a mepaw atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Mɛsan ama mo bammɔ afi mo atamfo nyinaa nsam. “‘Na Awurade aka akyerɛ wo se, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere ofi ama wo; ahemfo ntoatoaso fi.
12 And it will come about when your days are fulfilled, and you sleep with your fathers, that I will raise up your descendant after you, who will come from your body, and I will establish his kingdom.
Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ofi wʼasen mu adi wʼade, na matim nʼaheman ase.
13 He will build a house for my name, and I will establish his throne forever.
Ɔno ne obi a obesi dan de me din ato so. Na matim nʼaheman mu ahengua ase afebɔɔ.
14 I will be his father, and he shall be my son. If he commits iniquity, I will chasten him with a human rod, and with the stripes from human beings;
Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me Ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso.
15 but my loving kindness I will not take from him, as I took it from Saul, whom I put away before you.
Nanso, merenyi me dɔ mfi ne so da, sɛnea miyi fii Saulo a miyii no fii wʼanim no so ansa na wubedii nʼade no.
16 And your house and your kingdom shall be made sure forever before me, and your throne shall be established forever."'"
Wo fi ne wʼahenni betim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahengua betim daa nyinaa.’”
17 According to all these words, and according to all this vision, so Nathan spoke to David.
Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
18 Then king David went in and sat before the LORD and said, "Who am I, Lord GOD, and what is my house, that you have brought me thus far?
Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se, “Awurade Tumfo, me ne hena, na me fifo yɛ dɛn a wode me abedu nnɛ?
19 This was a small thing in your eyes, my Lord, and you have spoken of your servant's house for a great while to come, and you have let me look upon the generation of humankind to come, Lord GOD.
Na afei Otumfo Awurade, eyinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahenni a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sɛɛ ana, Awurade Tumfo?
20 And what more can David add to you concerning the honor which is done to your servant? For you know your servant, LORD.
“Dɛn bio na metumi aka? Efisɛ wunim wʼakoa, Awurade Tumfo.
21 For your servant's sake, and according to your own heart, you have worked all this greatness, to make your servant know it.
Wʼasɛm ne wo pɛ mu nti, woayɛ nneɛma kɛse yi nyinaa akyerɛ wo somfo.
22 Therefore you are great, Lord GOD. For there is none like you, neither is there any God besides you, according to all that we have heard with our ears.
“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Awurade Tumfo! Obiara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforo bi mpo ho asɛm ɛ!
23 And what other nation on the earth is like your people Israel, whom God went to redeem for himself, and to make a name for yourself and to do great and awesome deeds by driving out before your people, whom you redeemed for yourself from Egypt, a nation and it's gods?
Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn na woayi no afi nkoasom mu de wɔn ayɛ wo man? Bere a wuyii wo nkurɔfo fii Misraim no, wugyee din. Woyɛɛ anwonwade a ɛyɛ hu de pam aman ne ahoni ahorow a na wɔyɛ akwanside ma wo nkurɔfo no.
24 And you established your people Israel for yourself to be your people forever; and you, LORD, became their God.
Woasi wo nkurɔfo Israel sɛ wʼankasa wʼade afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
25 And now, my Lord, the word that you have spoken concerning your servant, and concerning his house, confirm it forever, and do as you have spoken.
“Na afei, Awurade Nyankopɔn, di bɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne fi ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa,
26 Let your name be magnified forever, saying, 'The LORD of hosts is the God of Israel,' and the house of your servant David shall be established before you.
na ama wo din akorɔn afebɔɔ. Na nnipa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Israel so Nyankopɔn.’ Na ma wo somfo Dawid ahenni ase ntim wɔ wʼanim.
27 For you have revealed to your servant, saying, 'I will build you a house.' Therefore your servant has found in his heart to pray this prayer to you.
“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi efisɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekye ofi a ɛyɛ daa ahenni ama me.
28 "Now, O Lord GOD, you are God, and your words are truth, and you have promised this good thing to your servant.
Awurade Tumfo, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotoso, na woahyɛ wo somfo nnepa ho bɔ.
29 Now therefore let it please you to bless the house of your servant, that it may continue forever before you; for you, Lord GOD, have spoken it. Let the house of your servant be blessed forever with your blessing."
Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wubehyira wʼakoa fi so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Awurade, woakasa, na wo nhyira a wode behyira wo somfo fi no bɛyɛ daapem nhyira.”

< 2 Samuel 7 >