< 2 Chronicles 32 >

1 After these things, and this faithfulness, Sennacherib king of Assyria came, and entered into Judah, and camped against the fortified cities, and thought to win them for himself.
Ɔhene Hesekia de nokwaredi wiee saa dwumadi yi, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Otuaa nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakofo sɛ wommubu wɔn afasu no, mmɔ nwura mu.
2 When Hezekiah saw that Sennacherib had come, and that he intended to fight against Jerusalem,
Bere a Hesekia huu sɛ Sanaherib asan ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no,
3 he took counsel with his princes and his mighty men to stop the waters of the springs which were outside of the city; and they helped him.
ɔne ne mpanyimfo ne nʼasraafo mu afotufo tuu agyina. Wosii gyinae sɛ wobesiw asu a ɛsen fa kuropɔn no akyi no kwan ma wɔboaa no.
4 So many people gathered together, and they stopped all the springs, and the brook that flowed through the midst of the land, saying, "Why should the kings of Assyria come, and find much water?"
Wɔboaboaa adwumayɛfo ano sɛ wonkosi nsuti kwan na ansen ankɔ mfuw no mu. Na wɔkae se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abenya nsu bebree?”
5 He took courage, and built up all the wall that was broken down, and raised towers upon it, and the other wall outside, and strengthened Millo in the City of David, and made weapons and shields in abundance.
Afei, Hesekia miaa ne bammɔ mu, osiesiee ɔfasu no baabiara a abubu no, na ɔtoo ɔfasu foforo kaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɔsan miaa bammɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no mu. Afei ɔyɛɛ akode ne nkatabo bebree.
6 He set captains of war over the people, and gathered them together to him in the broad place at the gate of the city, and spoke comfortably to them, saying,
Oyii asraafo mpanyimfo ma wɔhwɛɛ ɔmanfo no so, na ɔhyɛɛ sɛ wommehyia no wɔ kurow no pon ano aguabɔbea hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn se,
7 "Be strong and courageous, do not be afraid nor dismayed for the king of Assyria, nor for all the multitude who is with him; for there is a greater with us than with him.
“Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa.
8 With him is an arm of flesh; but with us is the LORD our God to help us, and to fight our battles." The people rested themselves on the words of Hezekiah king of Judah.
Ɛwɔ mu sɛ ɔwɔ asraafodɔm kɛse de, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn a ɔbɛboa yɛn adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kae yi hyɛɛ ɔmanfo no nkuran bebree.
9 After this, Sennacherib king of Assyria sent his servants to Jerusalem, (now he was before Lachish, and all his power with him), to Hezekiah king of Judah, and to all Judah who were at Jerusalem, saying,
Bere a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kurow no, ɔsomaa mpanyimfo kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa:
10 Thus says Sennacherib king of Assyria, "In whom do you trust, that you remain under siege in Jerusalem?
“Sɛnea Asiriahene Sanaherib se ni: Dɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susuw sɛ, mubetumi agyina Yerusalem anotua yi ano?
11 Doesn't Hezekiah persuade you, to give you over to die by famine and by thirst, saying, 'The LORD our God will deliver us out of the hand of the king of Assyria?'
Hesekia aka se: ‘Awurade, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo!
12 Hasn't the same Hezekiah taken away his high places and his altars, and commanded Judah and Jerusalem, saying, 'You shall worship before one altar, and on it you shall burn incense?'
Nokware, nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, Hesekia no ara na obubuu Awurade nsɔree so ne afɔremuka no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔre ahorow wɔ ɛno nko ara so.
13 Do you not know what I and my fathers have done to all the peoples of the lands? Were the gods of the nations of the lands in any way able to deliver their land out of my hand?
“Nokware, ɛsɛ sɛ muhu nea me ne Asiria ahemfo a wɔaka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfo fii me tumi ase ana?
14 Who was there among all the gods of those nations which my fathers utterly destroyed, that could deliver his people out of my hand, that your God should be able to deliver you out of my hand?
Ma nhwɛso baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a otumi gyee ne nkurɔfo fii me nsam! Dɛn na ɛma wudwen sɛ, wo Nyankopɔn betumi ayɛ ade pa bi?
15 Now therefore do not let Hezekiah deceive you, nor persuade you in this way, neither believe him; for no god of any nation or kingdom was able to deliver his people out of my hand, and out of the hand of my fathers. How much less will your God deliver you out of my hand?"
Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Miti mu, ka bio se, ɔman biara anyame ntumi nnyee ne nkurɔfo mfii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Nyankopɔn agye mo afi me tumi ase!”
16 His servants spoke yet more against the LORD God, and against his servant Hezekiah.
Na Sanaherib mpanyimfo kɔɔ so dii Awurade Nyankopɔn ne ne somfo Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa.
17 He also wrote letters insulting the LORD, the God of Israel, and to speak against him, saying, "As the gods of the nations of the lands, which have not delivered their people out of my hand, so shall the God of Hezekiah not deliver his people out of my hand."
Ɔhene no san kyerɛw nkrataa de buu Awurade, Israel Nyankopɔn animtiaa. Ɔkyerɛw se: “Sɛnea anyame a wɔwɔ aman ahorow so antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me tumi ase no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso bedi nkogu.”
18 They cried with a loud voice in the Jews' language to the people of Jerusalem who were on the wall, to frighten them, and to trouble them; that they might take the city.
Asiria mpanyimfo a wɔde krataa no bae no teɛteɛɛ mu de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kurow no fasu fadansin no so, de hunahunaa wɔn, sɛnea wobetumi afa kuropɔn no a wɔremmrɛ ho.
19 They spoke of the God of Jerusalem, as of the gods of the peoples of the earth, which are the work of men's hands.
Saa mpanyimfo yi kasa faa Yerusalem Nyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfo anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛɛ no.
20 Hezekiah the king, and Isaiah the prophet the son of Amoz, prayed because of this, and cried to heaven.
Ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifo Yesaia bɔɔ mpae dennen, frɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn no.
21 The LORD sent an angel, who cut off all the mighty men of valor, and the leaders and captains, in the camp of the king of Assyria. So he returned with shame of face to his own land. When he had come into the house of his god, some of his own offspring killed him there with the sword.
Na Awurade somaa ɔbɔfo, bɛsɛee Asiria asraafodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanyimfo nyinaa. Na Sanaherib de aniwu san kɔɔ ne kurom. Na owuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmabarima no mu baako twee ne so afoa, kum no.
22 Thus the LORD saved Hezekiah and the inhabitants of Jerusalem from the hand of Sennacherib the king of Assyria, and from the hand of all others, and gave them rest on every side.
Saa ɔkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfo nkwa fii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wohunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti ɛmaa asomdwoe baa asase no so nyinaa.
23 Many brought gifts to the LORD to Jerusalem, and precious things to Hezekiah king of Judah; so that he was exalted in the sight of all nations from thenceforth.
Efi saa bere no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obu ne nidi a enni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛde bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.
24 In those days Hezekiah was sick even to death: and he prayed to the LORD; and he spoke to him, and gave him a sign.
Bere no mu, Hesekia yaree owuyare. Ɔbɔɔ mpae frɛɛ Awurade ma ɔsaa no yare daa nsɛnkyerɛnne nwonwaso bi adi kyerɛɛ no.
25 But Hezekiah did not render again according to the benefit done to him; for his heart was lifted up: therefore there was wrath on him, and on Judah and Jerusalem.
Nanso Hesekia anyɛ adɔe a wɔyɛ kyerɛɛ no no so ade, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti Awurade abufuw baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so.
26 Notwithstanding Hezekiah humbled himself for the pride of his heart, both he and the inhabitants of Jerusalem, so that the wrath of the LORD did not come on them in the days of Hezekiah.
Enti Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno nti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuw amma wɔn so.
27 Hezekiah had a very great amount of riches and honor: and he provided him treasuries for silver, and for gold, and for precious stones, and for spices, and for shields, and for all kinds of goodly vessels;
Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu.
28 storehouses also for the increase of grain and new wine and oil; and stalls for all kinds of animals, and flocks in folds.
Ɔsan sisii adekoradan de nʼatoko, ne nsa ne ne ngo guu mu; osisii buw bebree maa nʼanantwi ne ne nguan ne ne mmirekyi.
29 Moreover he provided him cities, and possessions of flocks and herds in abundance; for God had given him very much substance.
Ɔkyekyeree nkurow pii, pɛɛ nguan ne anantwi bebree, efisɛ na Onyankopɔn ama no ahonya bebree.
30 This same Hezekiah also stopped the upper spring of the waters of Gihon, and brought them straight down on the west side of the City of David. Hezekiah prospered in all his works.
Osiw asuti a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsu no faa ɔdorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn no atɔe fam. Na biribiara a ɔyɛe no nso, ɛyɛɛ yiye.
31 However concerning the ambassadors of the princes of Babylon, who sent to him to inquire of the wonder that was done in the land, God left him, to try him, that he might know all that was in his heart.
Bere a Babilonia ananmusifo bebisaa nneɛma titiriw a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho fi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛe, pɛɛ sɛ ohu nea ɛwɔ ne koma mu.
32 Now the rest of the acts of Hezekiah, and his good deeds, look, they are written in the vision of Isaiah the prophet the son of Amoz, in the book of the kings of Judah and Israel.
Hesekia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama no, wɔakyerɛw wɔ Amos babarima odiyifo Yesaia anisoadehu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nhoma ho no mu.
33 Hezekiah slept with his fathers, and they buried him in the ascent of the tombs of the sons of David: and all Judah and the inhabitants of Jerusalem did him honor at his death. Manasseh his son reigned in his place.
Bere a Hesekia wui no, wosiee no wɔ adehye amusiei no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no anuonyam wɔ ne wu mu. Na ne babarima Manase, dii nʼade sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 32 >