< 1 Samuel 17 >

1 Now the Philistines gathered together their armies to battle; and they were gathered together at Socoh, which belongs to Judah, and camped between Socoh and Azekah, in Ephes Dammim.
Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim.
2 Saul and the men of Israel were gathered together, and camped in the Valley of Elah, and set the battle in array against the Philistines.
Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bon.
3 The Philistines stood on the mountain on the one side, and Israel stood on the mountain on the other side: and there was a valley between them.
Filistifo faa bepɔw baako, na Israelfo no nso faa baako a obon no da wɔn ntam.
4 There went out a champion out of the camp of the Philistines, named Goliath, of Gath, whose height was six feet eight inches.
Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron.
5 He had a helmet of bronze on his head, and he was clad with a coat of mail; and the weight of the coat was five thousand shekels of bronze.
Na ɔhyɛ kɔbere kyɛw, hyɛ kɔbere akotade a akode bobɔ mu, na emu duru yɛ kilogram aduonum ason.
6 And he had bronze shin guards on his legs, and a javelin of bronze between his shoulders.
Na nʼanan nso, kɔbere nkatanan kata ho na kɔbere peaw nso sɛn nʼakyi.
7 The staff of his spear was like a weaver's beam; and his spear's head weighed six hundred shekels of iron: and his shield bearer went before him.
Na ne peaw ano dade no te sɛ ntamanwemfo nsadua mu abaa, na ano dade no kari dwetɛ kilogram ason. Na ne nkatabokurafo di nʼanim.
8 He stood and shouted to the armies of Israel, and said to them, "Why have you come out to set your battle in array? Am I not a Philistine, and you servants to Saul? Choose a man for yourselves, and let him come down to me.
Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka!
9 If he is able to fight with me and kill me, then we will be your servants; but if I prevail against him, and kill him, then you will be our servants, and serve us."
Sɛ mo nipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mikum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.”
10 The Philistine said, "I defy the armies of Israel this day. Give me a man, that we may fight together."
Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.”
11 When Saul and all Israel heard those words of the Philistine, they were dismayed, and greatly afraid.
Bere a Saulo ne Israelfo tee eyi no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoe.
12 Now David was the son of that Ephrathite of Bethlehem in Judah, whose name was Jesse; and he had eight sons. And in the days of Saul the man was old and advanced in years.
Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ofi Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe, na Saulo bere so no, na wabɔ akwakoraa a ne mfe a wadi no kɔ anim yiye.
13 The three eldest sons of Jesse had gone after Saul to the battle. And the names of his sons who went to the battle were Eliab, the firstborn, and Abinadab, the second, and Shimeah, the third.
Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama.
14 David was the youngest; and the three eldest followed Saul.
Dawid de, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanyimfo baasa no na wodii Saulo akyi,
15 Now David went back and forth from Saul to feed his father's sheep at Bethlehem.
nanso na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nguan wɔ Betlehem nso.
16 The Philistine drew near morning and evening, and presented himself forty days.
Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfo asraafo nʼanim anɔpa ne anwummere, saa ara adaduanan.
17 Jesse said to David his son, "Now take for your brothers an ephah of this parched grain, and these ten loaves, and carry them quickly to the camp and give them to your brothers;
Da koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa nkyewe lita aduonu abien yi ne brodo mua du yi kɔma wo nuabarimanom.
18 and bring these ten cheeses to the captain of their thousand, and see how your brothers are doing, and bring back news."
Na fa kyiisi du a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛnea wo nuabarimanom no ho te, na gye krataa fi wɔn nkyɛn brɛ me.
19 Now Saul, and they, and all the men of Israel, were in the Valley of Elah, fighting with the Philistines.
Na Dawid nuanom ne Israel asraafo no wɔ Ela bon no mu a wɔreko atia Filistifo.”
20 David rose up early in the morning, and left the sheep with a keeper, and took, and went, as Jesse had commanded him; and he came to the place of the wagons, as the army which was going forth to the fight shouted for the battle.
Ade kyee anɔpa no, Dawid gyaw nguan no maa oguanhwɛfo bi na ɔfaa akyɛde no kɔe. Oduu nsraban mu hɔ bere a na asraafo no rekɔ mpasua ahorow no so. Wɔrekɔ no, na wɔreto asafonnwom reteɛteɛ mu.
21 Israel and the Philistines put the battle in array, army against army.
Na Israel ne Filistifo no rebɛn a wodi nhwɛanim.
22 David left his baggage in the hand of the keeper of the baggage, and ran to the army, and came and greeted his brothers.
Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom.
23 As he talked with them, look, there came up the champion, the Philistine of Gath, Goliath by name, out of the ranks of the Philistines, and spoke according to the same words: and David heard them.
Bere a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfo Goliat a ofi Gat, fii Filistifo asraafo no mu teɛteɛɛ mu ahantan so kyerɛɛ Israel asraafo no.
24 All the men of Israel, when they saw the man, fled from him, and were terrified.
Bere a Israelfo no huu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu guan kɔe.
25 The men of Israel said, "Have you seen this man who has come up? He has surely come up to defy Israel. It shall be, that the man who kills him, the king will enrich him with great riches, and will give him his daughter, and make his father's house exempt in Israel."
Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.”
26 David spoke to the men who stood by him, saying, "What shall be done to the man who kills this Philistine, and takes away this disgrace from Israel? For who is this uncircumcised Philistine, that he should defy the armies of the living God?"
Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?”
27 The people answered him in this way, saying, "So shall it be done to the man who kills him."
Wotii asɛm a wɔaka dedaw no mu kyerɛɛ no se, “Nea woate dedaw no yɛ nokware. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a obekum ɔbran no.”
28 Eliab his eldest brother heard when he spoke to the men; and Eliab's anger was kindled against David, and he said, "Why have you come down? With whom have you left those few sheep in the wilderness? I know your insolence and the wickedness of your heart; for you have come down that you might see the battle."
Bere a Dawid nuapanyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuw no, na obisae se, “Adɛn nti na woaba ha? Na nguan kakra a wɔwɔ sare so no, wode wɔn gyaw hena? Minim sɛnea wogye wo ho di ne sɛnea wo komapirim te. Ɔko yi hwɛ ara nti na wobae.”
29 David said, "What have I now done? Is there not a cause?"
Dawid bisae se, “Mayɛ dɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?”
30 He turned away from him toward another, and spoke like that again; and the people answered him again the same way.
Afei, ɔdan ne ho ne afoforo kɔkasae. Ɔde asɛm koro no ara bae, na mmarima no buaa no sɛnea wɔaka dedaw no.
31 When the words were heard which David spoke, they rehearsed them before Saul; and he sent for him.
Asɛm a Dawid kaa no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.
32 David said to Saul, "Let not my lord's heart fail because of him. Your servant will go and fight with this Philistine."
Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Mma hwee nhaw wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”
33 Saul said to David, "You are not able to go against this Philistine to fight with him; for you are but a youth, and he a man of war from his youth."
Saulo buaa Dawid se, “Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa, nanso ɔno de, ɔyɛ ɔkofo fi ne mmofraase.”
34 David said to Saul, "Your servant was keeping his father's sheep; and when a lion or a bear came, and took a lamb out of the flock,
Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a,
35 I went out after him, and struck him, and rescued it out of his mouth. When he arose against me, I caught him by his beard, and struck him, and killed him.
mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no fi nʼanom. Na sɛ aboa no dan nʼani ba me hɔ a, miso nʼabogye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no.
36 Your servant struck both the lion and the bear, and this uncircumcised Philistine shall be as one of them. Should I not go and smite him, and remove this day a disgrace from Israel? For who is this uncircumcised one, since he has defied the armies of the living God?"
Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini bosonsomni no nso, efisɛ wagu Onyankopɔn Teasefo asraafo ho fi.
37 David said, "The LORD who delivered me out of the paw of the lion, and out of the paw of the bear, he will deliver me out of the hand of this Philistine." Saul said to David, "Go; and the LORD shall be with you."
Awurade a ogyee me fii gyata ne sisi awerɛw ano no, ɔno ara na obegye me afi Filistini yi nsam.” Saulo penee so kae se, “Eye, kɔ. Awurade nka wo ho.”
38 Saul dressed David with his clothing. He put a helmet of bronze on his head, and he clad him with a coat of mail.
Afei, Saulo de ɔno ankasa akode maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛw ne akotade kaa ho.
39 David strapped his sword on his clothing, and he tried to move; for he had not tested it. Then David said to Saul, "I can't go with these; for I have not tested them." So they took them off him.
Dawid hyɛe, de afoa kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ abien, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛnea ɛte, efisɛ na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkae se, “Merentumi mfa eyinom nhyehyɛ me ho nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi saa da.” Enti ɔworɔw ne nyinaa guu hɔ.
40 He took his staff in his hand, and chose for himself five smooth stones out of the brook, and put them in the shepherd's bag which he had, even in his wallet. His sling was in his hand; and he drew near to the Philistine.
Ɔfaa kokwabo anum fii asuwa bi mu, de guu ne nguanhwɛfo kotoku mu. Ɔfaa ne nguanhwɛfo pema ne nʼahwimmo nko ara. Afei, osii kwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.
41 The Philistine came on and drew near to David; and the man who bore the shield went before him.
Goliat twiw pinii Dawid a ne nkatabokurafo di nʼanim.
42 When the Philistine looked and saw David, he despised him, for he was but a youth, and ruddy, and handsome in appearance.
Goliat huu Dawid no, obuu no abomfiaa.
43 The Philistine said to David, "Am I a dog, that you come to me with a stick and stones?" And David said, "No, worse than a dog." And the Philistine cursed David by his gods.
Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid se, “Meyɛ ɔkraman na wode pema aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid.
44 The Philistine said to David, "Come to me, and I will give your flesh to the birds of the sky, and to the animals of the field."
Goliat kae se, “Bra mʼanim ha, na mede wo nam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”
45 Then David said to the Philistine, "You come to me with a sword, and with a spear, and with a javelin: but I come to you in the name of the LORD of hosts, the God of the armies of Israel, whom you have defied.
Dawid ka kyerɛɛ Filistini no se, “Wode afoa, peaw ne bɛmma na ɛreba me so, na me de, mede Asafo Awurade, Israel asraafo Nyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.
46 Today, the LORD will deliver you into my hand; and I will strike you, and take your head from off you. And I will give your corpse and the corpses of the Philistine army this very day to the birds of the air, and to the wild animals of the earth; that all the earth may know that there is a God in Israel,
Nnɛ, Awurade bedi wo so nkonim, na mekum wo, atwa wo ti. Na mede Filistifo asraafo no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na wiase nyinaa behu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel!
47 and that all this assembly may know that the LORD doesn't save with sword and spear: for the battle is the LORD's, and he will give you into our hand."
Na obiara behu sɛ, Onyankopɔn mfa akode na egye ne nkurɔfo. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”
48 It happened, when the Philistine arose, and came and drew near to meet David, that David hurried, and ran toward the army to meet the Philistine.
Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kohyiaa no.
49 David put his hand in his bag, took a stone, and slung it, and struck the Philistine in his forehead; and the stone sank into his forehead, and he fell on his face to the earth.
Ɔde ne nsa hyɛɛ nguanhwɛfo kotoku no mu, yii kokwabo baako de hyɛɛ nʼahwimmo no mu tow ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwabo no wuraa Goliat tirim ma obu hwee, maa nʼanim kobutuw fam.
50 So David prevailed over the Philistine with a sling and with a stone, and struck the Philistine, and killed him; but there was no sword in the hand of David.
Enti Dawid de ahwimmo ne kokwabo baako dii Filistini ɔkwabran no so.
51 Then David ran, and stood over the Philistine, and took his sword, and drew it out of its sheath, and killed him, and cut off his head therewith. When the Philistines saw that their champion was dead, they fled.
Dawid tuu mmirika kɔɔ Filistini no so kɔtwee nʼafoa fii ne boha mu. Dawid de afoa no kum no twaa ne ti. Bere a Filistifo huu sɛ wɔn kwabran no awu no, wɔtetew san wɔn akyi, guanee.
52 The men of Israel and of Judah arose, and shouted, and pursued them as far as Gath, and to the gates of Ekron. The wounded of the Philistines fell down by the way to Shaaraim, even to Gath, and to Ekron.
Afei, Israelfo no bɔɔ ose kɛse nkonimdi so, taa Filistifo no ara koduu Gat ne Ekron apon ano. Na Filistifo a wɔawuwu no afunu ne apirafo no gugu ɔkwan so, de fi Saaraim de koduu Gat ne Ekron.
53 The children of Israel returned from chasing after the Philistines, and they plundered their camp.
Afei, Israelfo asraafo san wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifo nsraban a wɔaguan afi hɔ no mu faa wɔn nneɛma.
54 David took the head of the Philistine, and brought it to Jerusalem; but he put his armor in his tent.
Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, na ɔkoraa Filistini no akode wɔ ɔno ankasa ne ntamadan mu.
55 When Saul saw David go forth against the Philistine, he said to Abner, the captain of the army, "Abner, whose son is this youth?" Abner said, "As your soul lives, O king, I can't tell."
Bere a Saulo huu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, obisaa Abner a na ɔyɛ nʼakofo sahene se, “Abner, hena ba ne saa aberante yi?” Abner buae se, “Nokware ni, minnim.”
56 The king said, "Inquire whose son the young man is."
Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ a, bisa.”
57 As David returned from the slaughter of the Philistine, Abner took him, and brought him before Saul with the head of the Philistine in his hand.
Dawid kum Goliat akyi no, Abner de no brɛɛ Saulo a na ɔda so kita Filistini no ti no.
58 Saul said to him, "Whose son are you, you young man?" David answered, "I am the son of your servant Jesse the Bethlehemite."
Saulo ka kyerɛɛ no se, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buae se, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”

< 1 Samuel 17 >