< 1 Chronicles 26 >

1 For the divisions of the doorkeepers: of the Korahites, Meshelemiah the son of Kore, of the sons of Abiasaph.
Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw: Korafo mu no, yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu.
2 Meshelemiah had sons: Zechariah the firstborn, Jediael the second, Zebadiah the third, Jathniel the fourth,
Meselemia mmabarima yɛ: Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien, Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.
3 Elam the fifth, Jehohanan the sixth, Eliehoenai the seventh.
Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia, Eliehoenai a ɔto so ason.
4 Obed-Edom had sons: Shemaiah the firstborn, Jehozabad the second, Joah the third, and Sakar the fourth, and Nethanel the fifth,
Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien, Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan, Netanel a ɔto so anum,
5 Ammiel the sixth, Issachar the seventh, Peullethai the eighth; for God blessed him.
Amiel a ɔto so asia, Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe. Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
6 Also to Shemaiah his son were sons born, who ruled over the house of their father; for they were mighty men of valor.
Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu.
7 The sons of Shemaiah: Othni, and Rephael, and Obed, and Elzabad, and his brothers were valiant men, Elihu, and Semakiah.
Na wɔn din ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.
8 All these were of the sons of Obed-Edom: they and their sons and their brothers, able men in strength for the service; sixty-two of Obed-Edom.
Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.
9 Meshelemiah had sons and brothers, valiant men, eighteen.
Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.
10 Also Hosah, of the descendants of Merari, had sons: Shimri the chief, (for though he was not the firstborn, yet his father made him chief),
Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).
11 Hilkiah the second, Tebaliah the third, Zechariah the fourth: all the sons and brothers of Hosah were thirteen.
Na ne mmabarima no bi ne: Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsa na Sakaria to so anan. Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa.
12 Of these were the divisions of the doorkeepers, even of the chief men, having offices like their brothers, to minister in the house of the LORD.
Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no.
13 They cast lots, the small as well as the great, according to their fathers' houses, for every gate.
Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.
14 The lot east fell to Shelemiah. Then for Zechariah his son, a wise counselor, they cast lots; and his lot came out north.
Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa. Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.
15 To Obed-Edom the south; and to his sons, the vestibules.
Anafo pon no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.
16 To Hosah fell the west, namely, the chamber gate on the upper road. Watchman opposite watchman.
Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so. Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
17 On the east there were six a day, on the north four a day, on the south four a day, and for the vestibules two and two.
Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho, na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho, na baanan nso akɔ anafo pon no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.
18 For the colonnade on the west, four at the gateway, and two at the colonnade.
Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.
19 These were the divisions of the doorkeepers; of the sons of the Korahites, and of the sons of Merari.
Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
20 And the Levites, their brothers, were over the treasures of God's house, and over the treasures of the dedicated things.
Lewifo a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fi sikakorabea ne adekoradan so.
21 The sons of Ladan, the sons of the Gershonites belonging to Ladan, the heads of the ancestral houses belonging to Ladan the Gershonite: Jehieli.
Libni fi a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na otua wɔn ano.
22 The sons of Jehieli: Zetham, and Joel his brother, over the treasures of the house of the LORD.
Yehieli mmabarima Setam ne ne nuabarima Yoel na na wɔhwɛ Awurade fi sikakorabea so.
23 Of the Amramites, of the Izharites, of the Hebronites, of the Uzzielites:
Eyinom ne ntuanofo a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefo.
24 and Shubael the son of Gershom, the son of Moses, was ruler over the treasures.
Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sikakorabea no so.
25 His brothers: of Eliezer, Rehabiah his son, and Jeshaiah his son, and Joram his son, and Zikri his son, and Shelomoth his son.
Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafo ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.
26 This Shelomith and his brothers were over all the treasures of the dedicated things, which David the king, and the heads of the ancestral houses, and the commanders over thousands and hundreds, and the commanders of the army, had dedicated.
Selomot ne nʼabusuafo na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapade a wɔde ama Awurade no so. Agyapade no bi ne nea Dawid ne mmusua ntuanofo ne asahene ne asraafo mpanyimfo de maa Awurade no.
27 They dedicated some of the spoil won in battles to repair the house of the LORD.
Na saa mmarima yi de wɔn asade a wonyaa wɔ akodi mu no bi bae sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fi.
28 And all that Samuel the seer, and Saul the son of Kish, and Abner the son of Ner, and Joab the son of Zeruiah, all who dedicated anything, were in the care of Shelomith and his brothers.
Afei, na Selomot ne nʼabusuafo na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ odiyifo, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkae a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.
29 Of the Izharites, Chenaniah and his sons were for the outward business over Israel, for officers and judges.
Yishar abusua mu na Kenania fi. Ɔne ne mmabarima na woyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfo ne atemmufo wɔ Israelman mu nyinaa.
30 Of the Hebronites, Hashabiah and his brothers, men of valor, one thousand seven hundred, had the oversight of Israel beyond the Jordan westward, for all the business of the LORD, and for the service of the king.
Hebron abusua mu na Hasabia fi. Ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ mmɔdemmɔfo a wɔn dodow yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔe fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.
31 Of the Hebronites was Jerijah the chief, even of the Hebronites, according to their generations by ancestral houses. In the fortieth year of the reign of David they were sought for, and there were found among them mighty men of valor at Jazer of Gilead.
Bio, Hebron abusua mu na Yeria fi. Sɛnea awo ntoatoaso nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfo no ntuanoni. (Dawid dii hene no, ne mfe aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wohuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kurow Yaser a ɛwɔ Gilead mu.
32 His brothers, men of valor, were two thousand seven hundred, heads of ancestral houses, whom king David made overseers over the Reubenites, and the Gadites, and the half-tribe of the Manassites, for every matter pertaining to God, and for the affairs of the king.
Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.)

< 1 Chronicles 26 >