< 1 Chronicles 21 >

1 And an adversary up against Israel, and moved David to number Israel.
Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo.
2 And David said to Joab and to the leaders of the people, "Go, number Israel from Beersheba even to Dan; and bring me word, that I may know the sum of them."
Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa efi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodow mmrɛ me, na ɛmma minhu wɔn ano.”
3 Joab said, "May the LORD make his people a hundred times as many as they are. But, my lord the king, aren't they all my lord's servants? Why does my lord require this thing? Why will he be a cause of guilt to Israel?"
Na Yoab kae se, “Awurade mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
4 Nevertheless the king's word prevailed against Joab. Therefore Joab departed, and went throughout all Israel, and came to Jerusalem.
Nanso ɔhene no kae se, nea ɛte biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kan nnipa no. Na ɔsan baa Yerusalem
5 Joab gave up the sum of the numbering of the people to David. All those of Israel were one million one hundred thousand men who drew sword: and in Judah were four hundred seventy thousand men who drew sword.
bɛkaa nnipa no dodow kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodow yɛ mmarima ɔpepem baako ne mpem ɔha a wɔaso ɔsakɔ wɔ Israel ne mpem ahannan aduɔson wɔ Yuda.
6 But he did not count Levi and Benjamin among them; for the king's word was abominable to Joab.
Nanso Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuw anka nnipakan no ho, efisɛ na nea ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahometew.
7 God was displeased with this thing; therefore he struck Israel.
Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa, enti ɔtwee Israel aso wɔ ho.
8 David said to God, "I have sinned greatly, in that I have done this thing. But now, put away, I beg you, the iniquity of your servant; for I have done very foolishly."
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.”
9 The LORD spoke to Gad, David's seer, saying,
Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo no se,
10 "Go and speak to David, saying, 'Thus says the LORD, "I offer you three things. Choose one of them, that I may do it to you."'"
“Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Merema wo nsɛm ahorow abiɛsa. Paw emu baako na menyɛ ntia wo.’”
11 So Gad came to David, and said to him, "Thus says the LORD, 'Take your choice:
Enti Gad baa Dawid nkyɛn bɛkae se, “Sɛnea Awurade se ni: ‘Paw emu nea wopɛ:
12 either three years of famine; or three months of fleeing from before your foes, while the sword of your enemies overtakes you; or else three days the sword of the LORD, even pestilence in the land, and the angel of the LORD destroying throughout all the borders of Israel. Now therefore consider what answer I shall return to him who sent me.'"
mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, Awurade bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma Awurade.”
13 David said to Gad, "I am in distress. Let me fall, I pray, into the hand of the LORD; for his mercies are very great. Let me not fall into the hand of man."
Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ Awurade nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
14 So the LORD sent a pestilence on Israel; and seventy thousand men of Israel fell.
Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa mpem aduɔson wuwui.
15 God sent an angel to Jerusalem to destroy it. As he was about to destroy, the LORD saw, and he relented of the disaster, and said to the destroying angel, "It is enough; now stay your hand." The angel of the LORD was standing by the threshing floor of Ornan the Jebusite.
Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, Awurade nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
16 David lifted up his eyes, and saw the angel of the LORD standing between earth and the sky, having a drawn sword in his hand stretched out over Jerusalem. Then David and the elders, clothed in sackcloth, fell on their faces.
Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.
17 David said to God, "Isn't it I who commanded the people to be numbered? It is even I who have sinned and done very wickedly; but these sheep, what have they done? Please let your hand, O LORD my God, be against me, and against my father's house; but not against your people, that they should be plagued."
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? Awurade me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.”
18 Then the angel of the LORD commanded Gad to tell David that David should go up, and raise an altar to the LORD in the threshing floor of Ornan the Jebusite.
Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Gad se ɔnka nkyerɛ Dawid mma onsi afɔremuka mma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
19 David went up at the saying of Gad, which he spoke in the name of the LORD.
Na Dawid yɛɛ nea Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no.
20 Ornan turned back, and saw the king, and his four sons who were with him hiding themselves. Now Ornan was threshing wheat.
Arauna a saa bere no na nʼani abere reporow nʼatoko so no dan ne ho huu ɔbɔfo no wɔ hɔ. Ne mmabarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no guan kohintawee.
21 As David came to Ornan, Ornan looked and saw David, and went out of the threshing floor, and bowed himself to David with his face to the ground.
Bere a Arauna huu sɛ ɔhene Dawid reba awiporowbea hɔ no, ofi hɔ kɔkotow nʼanim.
22 Then David said to Ornan, "Give me the place of this threshing floor, that I may build thereon an altar to the LORD. You shall sell it to me for the full price, that the plague may be stopped from afflicting the people."
Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna se, “Tɔn awiporowbea yi ma me sɛnea ne bo te. Na mesi afɔremuka ama Awurade wɔ hɔ sɛnea obesiw ɔyaredɔm no ano.”
23 Ornan said to David, "Take it for yourself, and let my lord the king do that which is good in his eyes. Look, I give the oxen for burnt offerings, and the threshing instruments for wood, and the wheat for the meal offering. I give it all."
Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa, me wura, na fa yɛ nea wopɛ. Anantwi a wode bɛbɔ afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua yi ayɛ nnyina de asɔ gya wɔ afɔremuka no so. Fa atoko no nso bɔ atoko afɔre. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
24 King David said to Ornan, "No; but I will most certainly buy it for the full price. For I will not take that which is yours for the LORD, nor offer a burnt offering without cost."
Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.”
25 So David gave to Ornan six hundred shekels of gold by weight for the place.
Enti Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram ason maa Arauna, de tɔɔ awiporowbea no.
26 David built an altar to the LORD there, and offered burnt offerings and peace offerings, and called on the LORD; and he answered him from heaven by fire on the altar of burnt offering, and it consumed the burnt offering.
Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpae no, Awurade tiee no, nam so de ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde a ɛwɔ afɔremuka no so no.
27 The LORD commanded the angel; and he put up his sword again into its sheath.
Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no ma ɔsan de nʼafoa no hyɛɛ ne boha mu.
28 At that time, when David saw that the LORD had answered him in the threshing floor of Ornan the Jebusite, then he sacrificed there.
Bere a Dawid huu sɛ Awurade atie ne mpaebɔ no, ɔbɔɔ afɔre pii wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
29 For the tabernacle of the LORD, which Moses made in the wilderness, and the altar of burnt offering, were at that time in the high place at Gibeon.
Saa bere no na Awurade Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ.
30 But David couldn't go before it to inquire of God; for he was afraid because of the sword of the angel of the LORD.
Nanso Dawid antumi ankɔ hɔ ankobisa Onyankopɔn ase, efisɛ afoa a Awurade bɔfo no twee no bɔɔ no hu.

< 1 Chronicles 21 >