< Genesis 33 >

1 And Jacob lifted up his eyes, and saw, and behold! Esau his brother coming, and four hundred men with him; and Jacob divided the children to Lea and to Rachel, and the two handmaidens.
Yakob maa nʼani so na ohuu sɛ Esau ne ne mmarima ahannan a wɔka ne ho no fi akyirikyiri reba. Enti ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfo baanu no.
2 And he put the two handmaidens and their children with the first, and Lea and her children behind, and Rachel and Joseph last.
Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi.
3 But he advanced himself before them, and did reverence to the ground seven times, until he drew near to his brother.
Yakob de, odii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mpɛn ason.
4 And Esau ran on to meet him, and embraced him, and fell on his neck, and kissed him; and they both wept.
Esau tuu mmirika kohyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, few nʼano. Na wɔn baanu nyinaa sui.
5 And Esau looked up and saw the women and the children, and said, What are these to you? And he said, The children with which God has mercifully blessed your servant.
Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”
6 And the maidservants and their children drew near and did reverence.
Na Yakob asomfo ne wɔn mma twiw bɛn Esau bɛkotow no.
7 And Lea and her children drew near and did reverence; and after this drew near Rachel and Joseph, and did reverence.
Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotow no. Na Yosef ne ne na Rahel nso ba bɛkotow no.
8 And he said, What are these things to you, all these companies that I have met? And he said, That your servant might find grace in your sight, my lord.
Esau bisae se, “Nguan ne anantwi ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso ase ne dɛn?” Yakob buae se, “Me wura, ɛyɛ akyɛde a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim anuonyam.”
9 And Esau said, I have much, my brother; keep your own.
Nanso Esau buaa no se, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti fa nea wode rebrɛ me yi ka wo de ho.”
10 And Jacob said, If I have found grace in your sight, receive the gifts through my hands; therefore have I seen your face, as if any one should see the face of God, and you shall be well-pleased with me.
Yakob kae se, “Dabi, sɛ woagye me fɛw so de a, mesrɛ wo, gye akyɛde a mede rebrɛ wo yi. Nokware ni, esiane sɛ wugyee me ɔdɔ so nti, mihuu wʼanim no, na ayɛ me sɛnea mahu Onyankopɔn anim.
11 Receive my blessings, which I have brought you, because God has had mercy on me, and I have all things; and he constrained him, and he took [them].
Mesrɛ wo, gye mʼakyɛde a mede rebrɛ wo yi, efisɛ Awurade adom me ama mayɛ ɔdefo.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ onnye nʼakyɛde no nti, Esau gyei.
12 And he said, Let us depart, and proceed right onward.
Na Esau kae se, “Ma yɛnkɔ. Yebedi mo anim ne mo akɔ.”
13 And he said to him, My lord knows, that the children are very tender, and the flocks and the herds with me are with young; if then I shall drive them hard one day, all the cattle will die.
Nanso Yakob buaa no se, “Me wura ankasa nim sɛ mmofra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwi ne nguan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn brɛoo. Sɛ meka wɔn so da koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bewuwu.
14 Let my lord go on before his servant, and I shall have strength on the road according to the ease of the journey before me, and according to the strength of the children, until I come to my lord to Seir.
Enti me wura, di yɛn kan na yɛne nyɛmmoa no bedi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”
15 And Esau said, I will leave with you some of the people who are with me. And he said, Why so? it is enough that I have found favor before you, [my] lord.
Enti Esau kae se, “Ɛno de, ma minnyaw me mmarima no bi mma wo.” Yakob kae se, “Adɛn na woyɛ saa? Me wura, ma minya wʼanim anuonyam kɛkɛ.”
16 And Esau returned on that day on his journey to Seir.
Enti da no ara, Esau san nʼakyi kɔɔ Seir.
17 And Jacob departs to his tents; and he made for himself there habitations, and for his cattle he made booths; therefore he called the name of that place, Booths.
Nanso Yakob de, ɔkɔɔ Sukot kosisii ne ntamadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenae. Ɛno nti na wɔfrɛ saa beae hɔ Sukot, a ne nkyerɛase ne Asese no.
18 And Jacob came to Salem, a city of Secima, which is in the land of Chanaan, when he departed out of Mesopotamia of Syria, and took up a position in front of the city.
Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu.
19 And he bought the portion of the field, where he pitched his tent, of Emmor the father of Sychem, for a hundred lambs.
Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no dwetɛ mpɔw ɔha fii Sekem agya Hamormma nkyɛn.
20 And he set up there an altar, and called on the God of Israel.
Wosii afɔremuka wɔ hɔ, too saa afɔremuka no din El-Elohe-Israel, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn Afɔremuka.

< Genesis 33 >