< Exodus 15 >

1 Then sang Moses and the children of Israel this song to God, and spoke, saying, Let us sing to the Lord, for he is very greatly glorified: horse and rider he has thrown into the sea.
Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ wadi nkonim anuonyam mu; Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no agu po mu.
2 He was to me a helper and protector for salvation: this is my God and I will glorify him; my father's God, and I will exalt him.
“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagye. Ɔyɛ me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Nyankopɔn, mɛma no so.
3 The Lord bringing wars to nothing, the Lord [is] his name.
Awurade yɛ ɔkofo; ne din ne Awurade.
4 He has cast the chariots of Pharao and his host into the sea, the chosen mounted captains: they were swallowed up in the Red Sea.
Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu. Wɔamemem wɔ Po Kɔkɔɔ mu. Misraim akofo atitiriw awuwu asorɔkye ase.
5 He covered them with the sea: they sank to the depth like a stone.
Nsu akata wɔn so. Wɔmemem asubun mu sɛ ɔbo.
6 Your right hand, O God, has been glorified in strength; your right hand, O God, has broken the enemies.
Wo nsa nifa, Awurade, tumi ne anuonyam ahyɛ no ma; wo nsa nifa, Awurade, atetew atamfo mu pasaa.
7 And in the abundance of your glory you have broken the adversaries to pieces: you sent forth your wrath, it devoured them as stubble.
“Wo tumi kɛse no mu na wonam tuu wɔn a wotia wo no gui. Womaa wʼabufuw bɛhyew wɔn sɛnea ogya hyew sare.
8 And by the breath of your anger the water parted asunder; the waters were congealed as a wall, the waves were congealed in the midst of the sea.
Wugu ahome a, nsu mu pae. Egyinaa sɛ afasu maa po taa fa ne fa.
9 The enemy said, I will pursue, I will overtake, I will divide the spoils; I will satisfy my soul, I will destroy with my sword, my hand shall have dominion.
Ɔtamfo kae se, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Mɛtwe mʼafoa wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasin.’
10 You sent forth your wind, the sea covered them; they sank like lead in the mighty water.
Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa ma po kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subun no mu.
11 Who is like to you among the gods, O Lord? who is like to you? glorified in holiness, marvelous in glories, doing wonders.
Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo? Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu; nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam, Ɔnwonwani Nyankopɔn.
12 You stretched forth your right hand, the earth swallowed them up.
“Woteɛɛ wo nsa nifa na asase menee wɔn.
13 You have guided in your righteousness this your people whom you have redeemed, by your strength you have called them into your holy resting-place.
Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim. Wʼayamye mu, wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim. Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwan akɔ wo tenabea kronkron hɔ.
14 The nations heard and were angry, pangs have seized on the dwellers among the Phylistines.
Amanaman bɛte ama wɔn ho apopo. Ehu bɛka nnipa a wɔwɔ Filistia.
15 Then the princes of Edom, and the chiefs of the Moabites hasted; trembling took hold upon them, all the inhabitants of Chanaan melted away.
Edom mpanyimfo besuro. Atumfo a wɔwɔ Moab ho bɛwosow. Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa bɛbɔ huboa.
16 Let trembling and fear fall upon them; by the greatness of your arm, let them become as stone; till your people pass over, O Lord, till this your people pass over, whom you have purchased.
Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so. Awurade, wo tumi nti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn Betwa wɔn ho asomdwoe mu.
17 Bring them in and plant them in the mountain of their inheritance, in your prepared habitation, which you, O Lord, have prepared; the sanctuary, O Lord, which your hands have made ready.
Wode wɔn bɛba abedua wɔn wɔ wo bepɔw so, wo ara wo fi hɔ, Awurade— Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.
18 The Lord reigns for ever and ever and ever.
“Awurade bedi hene akosi daa.”
19 For the horse of Pharao went in with the chariots and horsemen into the sea, and the Lord brought upon them the water of the sea, but the children of Israel walked through dry land in the midst of the sea.
Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so.
20 And Mariam the prophetess, the sister of Aaron, having taken a timbrel in her hand—then there went forth all the women after her with timbrels and dances.
Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi bɔ de dii mmea no anim ma wɔsawee.
21 And Mariam led them, saying, Let us sing to the Lord, for he has been very greatly glorified: the horse and rider has he cast into the sea.
Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim anuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefo amem po ase.”
22 So Moses brought up the children of Israel from the Red Sea, and brought them into the wilderness of Sur; and they went three days in the wilderness, and found no water to drink.
Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom.
23 and they came to Merrha, and could not drink of Merrha, for it was bitter; therefore he named the name of that place, Bitterness.
Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen.
24 And the people murmured against Moses, saying, What shall we drink?
Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose sɛ, “Dɛn na yɛnnom?”
25 And Moses cried to the Lord, and the Lord showed him a tree, and he cast it into the water, and the water was sweetened: there he established to him ordinances and judgments, and there he proved him,
Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wotumi nomee. Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn se,
26 and said, If you will indeed hear the voice of the Lord your God, and do things pleasing before him, and will listen to his commands, and keep all his ordinances, no disease which I have brought upon the Egyptians will I bring upon you, for I am the Lord your God that heals you.
“Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
27 And they came to Aelim, and there were there twelve fountains of water, and seventy stems of palm-trees; and they encamped there by the waters.
Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ, nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho.

< Exodus 15 >