< Chronicles I 12 >

1 And these [are] they that came to Sikelag, when he yet kept himself close because of Saul the son of Kis; and these [were] among the mighty, aiding [him] in war,
Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no. Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho.
2 and [using] the bow with the right hand and with the left, and slingers with stones, and [shooters] with bows. Of the brethren of Saul of Benjamin,
Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo. Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu.
3 the chief [was] Achiezer, and Joas son of Asma the Gabathite, and Joel and Jophalet, sons of Asmoth, and Berchia, and Jeul of Anathoth,
Na nea otua wɔn ano yɛ Semaia a ofi Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabediakyiri. Eyinom ne dɔmmarima no nkae: Asmawet mmabarima Yesiel ne Pelet; Beraka ne Yehu a wofi Anatot;
4 and Samaias the Gabaonite a mighty man among the thirty, and over the thirty; [and] Jeremia, and Jeziel, and Joanan, and Jozabath of Gadarathiim,
Ismaia a ofi Gibeon, ɔkofo kɛse ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu; Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wofi Gedera;
5 Azai and Arimuth, and Baalia, and Samaraia, and Saphatias of Charaephiel,
Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ofi Harif;
6 Helcana, and Jesuni, and Ozriel, and Jozara, and Sobocam, and the Corites,
Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafo;
7 and Jelia and Zabadia, sons of Iroam, and the [men] of Gedor.
Yoela, Sebadia, Yeroham mmabarima a wofi Gedor.
8 And from Gad these separated themselves to David from the wilderness, strong mighty men of war, bearing shields and spears, and their faces [were as] the face of a lion, and they were nimble as roes upon the mountains in speed.
Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.
9 Aza the chief, Abdia the second, Eliab the third,
Eser na na otua wɔn ano. Obadia yɛ abediakyiri. Eliab na ɔto so abiɛsa.
10 Masmana the fourth, Jeremias the fifth,
Nea ɔto so anan ne Mismana. Nea ɔto so anum ne Yeremia.
11 Jethi the sixth, Eliab the seventh,
Atai to so asia, Eliel to so ason.
12 Joanan the eighth, Eleazer the ninth,
Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron.
13 Jeremia the tenth, Melchabanai the eleventh.
Yeremia to so du, Makbanai to so dubaako.
14 These [were] chiefs of the army of the sons of Gad, the least one commander of a hundred, and the greatest one of a thousand.
Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene. Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko.
15 These [are] the [men] that crossed over Jordan in the first month, and it had overflowed all its banks; and they drove out all the inhabitants of the valleys, from the east to the west.
Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.
16 And there came [some] of the sons of Benjamin and Juda to the assistance of David.
Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ.
17 And David went out to meet them, and said to them, If you are come peaceably to me, let my heart be at peace with you: but if [you are come] to betray me to my enemies unfaithfully, the God of your fathers look upon it, and reprove it.
Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
18 And the Spirit came upon Amasai, a captain of the thirty, and he said, Go, David, son of Jesse, you and your people, peace, peace be to you, and peace to your helpers, for your God has helped you. And David received them, and made them captains of the forces.
Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se, “Yɛyɛ wo dea, Dawid! Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba; Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfa na wʼaboafo nyinaa nya nkɔso, efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.” Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu.
19 And [some] came to David from Manasse, when the Philistines came against Saul to war: and he helped them not, because the captains of the Philistines took counsel, saying, With the heads of those men will he return to his master Saul.
Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no. Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.”
20 When David was going to Sikelag, there came to him of Manasse, Edna and Jozabath, and Rodiel, and Michael, and Josabaith, and Elimuth, and Semathi: [these] are the captains of thousands of Manasse.
Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da asraafo apem ano.
21 And they fought on the side of David against a troop, for they [were] all men of might; and they were commanders in the army, [because] of [their] might.
Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu.
22 For daily men came to David, [till they amounted] to a great force, as the force of God.
Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de.
23 And these [are] the names of the commanders of the army, who came to David to Chebron, to turn the kingdom of Saul to him according to the word of the Lord.
Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.
24 The sons of Juda, bearing shields and spears, six thousand and eight hundred mighty in war.
Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
25 Of the sons of Symeon mighty for battle, seven thousand and a hundred.
Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha.
26 Of the sons of Levi, four thousand and six hundred.
Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia.
27 And Joadas the chief [of the family] of Aaron, and with him three thousand and seven hundred.
Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase.
28 And Sadoc, a young [man] mighty in strength, and [there were] twenty-two leaders of his father's house.
Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho.
29 And of the sons of Benjamin, the brethren of Saul, three thousand: and still the greater part of them kept the guard of the house of Saul.
Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa. Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara.
30 And of the sons of Ephraim, twenty thousand and eight hundred mighty men, famous in the houses of their fathers.
Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu.
31 And of the half-tribe of Manasse, eighteen thousand, even [those] who were named by name, to make David king.
Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene.
32 And of the sons of Issachar having wisdom with regard to the times, knowing what Israel should do, two hundred; and all their brethren with them.
Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso.
33 And of Zabulon they that went out to battle, with all weapons of war, [were] fifty thousand to help David, not weak-handed.
Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum. Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
34 And of Nephthali a thousand captains, and with them [men] with shields and spears, thirty-seven thousand.
Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem ne akofo akɛse mpem aduasa ason a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
35 And of the Danites [men] ready for war twenty-eight thousand and eight hundred.
Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
36 And of Aser, they that went out to give aid in war, forty thousand.
Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
37 And from the country beyond Jordan, from Ruben, and the Gadites, and from the half-tribe of Manasse, a hundred and twenty thousand, with all weapons of war.
Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.
38 All these [were] men of war, setting [the army] in battle array, with a peaceful mind [towards him], and they came to Chebron to make David king over all Israel: and the rest of Israel [were of] one mind to make David king.
Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene.
39 And they were there three days eating and drinking, for their brethren [had] made preparations.
Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan.
40 And their neighbors, as far as Issachar and Zabulon and Nephthali, brought to them upon camels, and asses, and mules, and upon calves, food, meal, cakes of figs, raisins, wine, and oil, calves and sheep abundantly: for [there was] joy in Israel.
Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.

< Chronicles I 12 >