< Jeremiah 26 >

1 In the beginning of the reign of Jehoiakim the son of Josiah king of Judah came this word from the LORD, saying,
Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ:
2 Thus saith the LORD; Stand in the court of the LORD’s house, and speak unto all the cities of Judah, which come to worship in the LORD’s house, all the words that I command thee to speak unto them; diminish not a word:
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa hɔ, na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom wɔ Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu.
3 If so be they will hearken, and turn every man from his evil way, that I may repent me of the evil, which I purpose to do unto them because of the evil of their doings.
Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. Sɛ ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ sɛ mede ba wɔn so no mma bio.
4 And thou shalt say unto them, Thus saith the LORD; If ye will not hearken to me, to walk in my law, which I have set before you,
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Sɛ moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so,
5 To hearken to the words of my servants the prophets, whom I sent unto you, both rising up early, and sending [them], but ye have not hearkened;
na sɛ moantie nsɛm a mʼasomfoɔ adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn ɛberɛ biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo monntiee wɔn),
6 Then will I make this house like Shiloh, and will make this city a curse to all the nations of the earth.
ɛnneɛ, mɛyɛ efie yi sɛ Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnomedeɛ wɔ asase so aman nyinaa mu.’”
7 So the priests and the prophets and all the people heard Jeremiah speaking these words in the house of the LORD.
Asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade efie hɔ.
8 Now it came to pass, when Jeremiah had made an end of speaking all that the LORD had commanded [him] to speak unto all the people, that the priests and the prophets and all the people took him, saying, Thou shalt surely die.
Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfoɔ no, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa to hyɛɛ no so kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo wu!
9 Why hast thou prophesied in the name of the LORD, saying, This house shall be like Shiloh, and this city shall be desolate without an inhabitant? And all the people were gathered against Jeremiah in the house of the LORD.
Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu sɛ, efie yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?” Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Awurade efie hɔ.
10 When the princes of Judah heard these things, then they came up from the king’s house unto the house of the LORD, and sat down in the entry of the new gate of the LORD’s [house].
Ɛberɛ a Yuda adwumafoɔ tee saa nsɛm yi no, wɔfirii ahemfie hɔ foro kɔɔ Awurade efie kɔtenaa efie no Ɛpono Foforɔ no ano.
11 Then spake the priests and the prophets unto the princes and to all the people, saying, This man [is] worthy to die; for he hath prophesied against this city, as ye have heard with your ears.
Ɛna asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”
12 Then spake Jeremiah unto all the princes and to all the people, saying, The LORD sent me to prophesy against this house and against this city all the words that ye have heard.
Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfoɔ ne nnipa no nyinaa anim sɛ, “Awurade somaa me sɛ, memmɛnhyɛ nkɔm ntia efie yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ moate no nyinaa.
13 Therefore now amend your ways and your doings, and obey the voice of the LORD your God; and the LORD will repent him of the evil that he hath pronounced against you.
Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio.
14 As for me, behold, I [am] in your hand: do with me as seemeth good and meet unto you.
Me deɛ, mewɔ mo nsam; mobɛtumi ayɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so.
15 But know ye for certain, that if ye put me to death, ye shall surely bring innocent blood upon yourselves, and upon this city, and upon the inhabitants thereof: for of a truth the LORD hath sent me unto you to speak all these words in your ears.
Nanso monkae sɛ, sɛ mokum me a, moahwie mogya a ɛdi bem agu, na ɛso afɔdie bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu so; na nokorɛm Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nnwu mo asom.”
16 Then said the princes and all the people unto the priests and to the prophets; This man [is] not worthy to die: for he hath spoken to us in the name of the LORD our God.
Na adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn din mu.”
17 Then rose up certain of the elders of the land, and spake to all the assembly of the people, saying,
Na asase no so mpanimfoɔ no mu bi sɔreeɛ na wɔka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ,
18 Micah the Morasthite prophesied in the days of Hezekiah king of Judah, and spake to all the people of Judah, saying, Thus saith the LORD of hosts; Zion shall be plowed [like] a field, and Jerusalem shall become heaps, and the mountain of the house as the high places of a forest.
“Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ, ‘Yei na Asafo Awurade seɛ: “‘Wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo. Na Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.’
19 Did Hezekiah king of Judah and all Judah put him at all to death? did he not fear the LORD, and besought the LORD, and the LORD repented him of the evil which he had pronounced against them? Thus might we procure great evil against our souls.
Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kumm no anaa? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne hɔ adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn sɛ ɔbɛyi amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba wɔn so no amfiri wɔn so anaa? Yɛreyɛ de amanehunu kɛseɛ aba yɛn ankasa so!”
20 And there was also a man that prophesied in the name of the LORD, Urijah the son of Shemaiah of Kirjath-jearim, who prophesied against this city and against this land according to all the words of Jeremiah:
(Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no.
21 And when Jehoiakim the king, with all his mighty men, and all the princes, heard his words, the king sought to put him to death: but when Urijah heard it, he was afraid, and fled, and went into Egypt;
Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim.
22 And Jehoiakim the king sent men into Egypt, [namely], Elnathan the son of Achbor, and [certain] men with him into Egypt.
Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim.
23 And they fetched forth Urijah out of Egypt, and brought him unto Jehoiakim the king; who slew him with the sword, and cast his dead body into the graves of the common people.
Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.)
24 Nevertheless the hand of Ahikam the son of Shaphan was with Jeremiah, that they should not give him into the hand of the people to put him to death.
Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no sɛ wɔnkum no.

< Jeremiah 26 >