< Obadiah 1 >

1 Obadiah's vision. This is what the Lord says about the land of Edom. We have heard from the Lord that a messenger was sent to tell the nations: Get ready! Let's go to war against Edom!
Anisoadehu a Awurade Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni: Yɛate asɛm a efi Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
2 I will make you insignificant among the nations. You will be totally despised.
Awurade ka kyerɛ Edom se: “Hwɛ, mɛbrɛ wo ase. Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtiaa.
3 Your heart's pride has deceived you—you who live in a secure fortress of rock in the high mountains, saying to yourselves, “Who can ever bring us down?”
Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuru mu na woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so, na woka kyerɛ wo ho se, ‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’
4 But even though you soar like an eagle, even though you make your nest among the stars, I will bring you down from there, declares the Lord.
Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre, na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a, hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.” Sɛnea Awurade se ni.
5 You will be completely destroyed! If thieves came to you, if robbers came at night, wouldn't they steal only what they wanted? If those who harvest grapes came to you, wouldn't they leave some behind?
“Sɛ akorɔmfo ba wo so, anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana? Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?
6 But how Esau will be plundered and their hidden treasures looted!
Na wo Esau de, wobewia wʼademude a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
7 All your allies will drive you out, past the borders of your land. Those who were at peace with you will deceive you, and conquer you. Those who ate with you have ambushed you. You don't understand a thing!
Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bedi wo huammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoe mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri, nanso, wunhui.
8 On that day, declares the Lord, I will destroy the wise men of Edom—there will be no more wisdom in the mountains of Esau.
“Saa da no,” Awurade na ose, “Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?
9 Teman, your fighting men will be terrified, so that everyone of the mountains of Esau will be cut down in the massacre.
Teman wʼakofo bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no, wobetwitwa mo atɔre mo ase.
10 Because of the violence you committed against your brothers, the descendants of Jacob, you will be totally ashamed of yourselves, and destroyed forever.
Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti aniwu bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.
11 On that day you stood aside, on that day strangers plundered their wealth and foreigners entered their gates, and divided up Jerusalem by casting lots—and you were like one of them.
Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, maa ananafo faa nʼahonyade kɔe na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako.
12 You should not have gloated over your brother's day of disaster. You should not have rejoiced over the day of destruction of the sons of Judah. You should not have boasted over the day of their distress.
Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa bere a ɔwɔ asiane mu, anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so bere a wɔwɔ ɔsɛe mu, na mpo wohoahoa wo ho bere a wɔwɔ ahohia mu no.
13 You should not have marched through the city gates of my people on their day of disaster. You should not have gloated over them on the day of their disaster. You should not have looted their wealth on the day of their disaster.
Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu wɔ wɔn amanehunuda, anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahode so gye wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.
14 You should not have stood at the crossroads, cutting down those trying to escape. You should not have handed over those who survived on the day of their distress.
Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan so kunkum nʼaguanfo Na wuyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunuda no mu.
15 For the day of the Lord is near for all nations. What you have done will be done to you; your actions will fall back on your own heads.
“Awurade da no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ no saa ara na wɔbɛyɛ wo. Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam.
16 For as you drank on my holy mountain, so will all the nations continually drink, and swallow, and they shall be as if they never existed.
Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so da biara na wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ.
17 But on Mount Zion there will be a place of escape, a holy place, and the descendants of Jacob will reclaim their inheritance.
Na ogye bɛba Sion bepɔw so na ɛbɛyɛ kronkronbea, na Yakob nsa bɛsan aka nʼagyapade.
18 The descendants of Jacob will become a fire, and the descendants of Joseph a flame, and they shall burn up the descendants of Esau like stubble, consuming them completely, so that there will be not a single survivor of the descendants of Esau. For the Lord has spoken.
Yakob bɛyɛ ogya na Yosef ayɛ ogyatannaa; Esau bɛyɛ adehunu bi na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a obiara renka wɔ Esau ase.” Nea Awurade se ni.
19 Those living in the Negev will occupy the mountains of Esau; those from the foothills of Judah will occupy the land of the Philistines, and possess the fields of Ephraim and Samaria; those from the tribe of Benjamin will occupy Gilead.
Nkurɔfo a wofi Negeb no bɛtena Esau mmepɔw so, Na wɔn a wofi nkoko no ase no, bɛfa Filisti asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so, na Benyamin nso afa Gilead.
20 The army of exiles of the people of Israel shall possess the land of the Canaanites as far as Zarephath, and the exiles of Jerusalem from Sepharad shall possess the cities of the Negev.
Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan no bɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat; na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu a wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.
21 Those who have been saved will go up Mount Zion and rule the mountains of Esau. And the kingdom shall be the Lord's.
Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so, akodi Edom mmepɔw no so. Na ahenni no bɛyɛ Awurade de!

< Obadiah 1 >