< 2 Chronicles 29 >

1 Hezekiah was twenty-five when he became king, and he reigned in Jerusalem for twenty-nine years. His mother's name was Abijah, the daughter of Zechariah.
Hesekia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfeɛ aduonu enum. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a ne din de Abia.
2 He did what was right in the Lord's sight, just as his forefather David had done.
Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.
3 In the first month of the first year of his reign, Hezekiah opened the doors of the Lord's Temple and repaired them.
Afe a ɛdi ɛkan wɔ nʼahennie mu wɔ bosome a ɛdi ɛkan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apono no, siesieeɛ.
4 He summoned the priests and the Levites, and had them gather on the square to the east.
Ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, wɔmmɛhyia no wɔ Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam hɔ.
5 He told them, “Listen to me, Levites. Purify yourselves now and purify the Temple of the Lord, the God of your forefathers. Take away from the Holy Place everything that is filthy.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Lewifoɔ, montie me! Monnwira mo ho, na monnwira Awurade, mo agyanom Onyankopɔn Asɔredan no nso. Monyiyi biribiara a efi aka no mfiri kronkronbea hɔ.
6 For our fathers were sinful, and did what was evil in the Lord's sight. They abandoned him and paid no attention to the Lord's Temple, turning their backs on him.
Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim. Wɔgyaa Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.
7 They shut the doors at the entrance to the Temple and put out the lamps. They didn't burn incense or present burnt offerings at the sanctuary of the God of Israel.
Afei, wɔtotoo Asɔredan no abankua apono mu, dundumm nkanea no. Wɔgyaee nnuhwamhyeɛ, gyaee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ba Israel Onyankopɔn, kronkronbea hɔ no.
8 So the Lord's anger fell on Judah and Jerusalem, and he made them into something appalling, terrifying, and ridiculous, as you can see for yourselves.
Ɛno enti na Awurade abufuo aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadane ahufoɔ, ayamhyehyefoɔ ne aseredeɛ, sɛdeɛ mohunu no pefee no.
9 As a result, our fathers have died in battle, and our sons and our daughters and our wives have been captured.
Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmammarima, yɛn mmammaa ne yɛn yerenom sɛ nneduafoɔ.
10 But now I'm going to make an agreement with the Lord, the God of Israel, so that his fierce anger will no longer fall on us.
Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so.
11 My sons, don't neglect your responsibilities, for the Lord has chosen you to stand in his presence to serve him, and to be his ministers presenting burnt offerings.”
Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.”
12 Then the Levites went to work. They were Mahath, son of Amasai, and Joel, son of Azariah, from the Kohathites; Kish, son of Abdi, and Azariah, son of Jehallelel, from the Merarites; Joah, son of Zimmah, and Eden, son of Joah, from the Gershonites;
Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase. Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne: Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl. Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne: Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria. Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne: Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;
13 from the sons of Elizaphan, Shimri and Jeiel; and from the sons of Asaph, Zechariah and Mattaniah;
Wɔn a wɔfiri Elisafan abusua mu ne: Simri ne Yeiel. Wɔn a wɔfiri Asaf abusua mu ne: Sakaria ne Matania.
14 from the sons of Heman, Jehiel and Shimei; and from the sons of Jeduthun, Shemaiah and Uzziel.
Wɔn a wɔfiri Heman abusua mu ne: Yehiel ne Simei. Wɔn a wɔfiri Yedutun abusua mu ne: Semaia ne Usiel.
15 They called together the other Levites and all of them purified themselves. Then they went in to clean the Lord's Temple, as the king had commanded, following the instructions as required by the Lord.
Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ, na wɔdwiraa wɔn ho. Na afei, wɔhyɛɛ aseɛ dwiraa Awurade Asɔredan no sɛdeɛ ɔhene no hyɛeɛ no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadie no mu.
16 The priests went into the inner sanctuary of the Lord's Temple to clean it. They removed all the unclean things that they found in the Lord's Temple and placed them in the Temple courtyard. Then the Levites took them out and carried them to the Kidron Valley.
Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu.
17 They started the work of purification on the first day of the first month, and by the eighth day of the month they had reached the Temple porch. For eight more days they worked on purifying the Temple itself, and finished on the sixteenth day of the first month.
Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ da bi a ɛwɔ bosome a ɛdi ɛkan no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, na wɔaduru Awurade Asɔredan no abankua mu hɔ. Na wɔde nnafua nwɔtwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ɛwiee dwumadie no nyinaa.
18 Then they went in to tell King Hezekiah, “We have cleaned the entire Temple of the Lord, the altar of burnt offering with all its utensils, and the table of the showbread with all its utensils.
Na Lewifoɔ no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛdeɛ dwumadie no akɔsi kyerɛɛ no. Wɔkaa sɛ, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyeɛ afɔrebɔ afɔrebukyia no a nneɛma ahodoɔ ka ho ne Hyiadan mu Burodo no ɛpono no ne ɛho nneɛma ho.
19 We have recovered and purified all the items that King Ahaz threw away during his reign when he was unfaithful. They are now before the Lord's altar.”
Afei, nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee wɔ ɛberɛ a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakɔgye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔrebukyia no anim a wɔadwira ho na wɔbɛtumi de adi dwuma biara.”
20 King Hezekiah got up early, summoned the city officials, and went to the Lord's Temple.
Adeɛ kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kuro no mpanimfoɔ ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu.
21 They brought seven bulls, seven rams, seven male lambs, and seven male goats as a sin offering for the kingdom, for the sanctuary, and for Judah. The king ordered the priests, the descendants of Aaron, to offer them on the altar of the Lord.
Wɔde anantwinini nson, nnwennini nson, nnwammaa nson ne mpapo nson baa sɛ, ahennie, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɔhene no hyɛɛ asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ sɛ, wɔmfa mmoa no mmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade afɔrebukyia no so.
22 So they killed the bulls, and the priests took the blood and sprinkled it on the altar. They killed the rams and sprinkled the blood on the altar. They killed the lambs and sprinkled the blood on the altar.
Na wɔkunkum anantwinini no, na asɔfoɔ de mogya no petee afɔrebukyia no so. Afei, wɔkunkumm nnwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so. Na awieeɛ no, wɔde nnwammaa no yɛɛ saa ara.
23 Then they brought the goats for the sin offering before the king and the assembly, who placed their hands on them.
Mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no, wɔde baa ɔhene no ne ɔmanfoɔ no anim, ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so.
24 Then the priests killed the goats and placed their blood on the altar for a sin offering, to make atonement for the whole of Israel, because the king had ordered that the burnt offering and sin offering were for the whole of Israel.
Afei, asɔfoɔ no kunkumm mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, sɛ bɔne ho mpatadeɛ maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyeɛ ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.
25 Hezekiah had the Levites stand in the Lord's Temple with cymbals, harps, and lyres, following the instructions of David, Gad the king's seer, and Nathan the prophet. The instructions had come from the Lord through His prophets.
Afei, ɔhene Hesekia de Lewifoɔ no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Ɔdii ahyɛdeɛ a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhunumuni ne odiyifoɔ Natan so de maa Dawid no so.
26 The Levites stood with the musical instruments provided by David, with the priests holding their trumpets.
Afei, Lewifoɔ no faa Dawid nnwontodeɛ no kɔgyinagyinaa wɔn gyinaberɛ wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfoɔ no faa wɔn ntotorobɛnto kɔgyinagyinaa wɔn afa.
27 Then Hezekiah gave the order for the burnt offering to be offered on the altar. As the burnt offering began, the song of the Lord began at the same time, the trumpets sounded, and music was played on the instruments of David, once king of Israel.
Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nsi afɔrebukyia no so. Ɛberɛ a wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no reba no, wɔhyɛɛ aseɛ too ayɛyie nnwom maa Awurade, na wɔde ntotorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontodeɛ no gyegyee ho.
28 All the people in the assembly were worshiping, the singers were singing, and the trumpeters were playing. This continued until the burnt offering was finished.
Badwa no sɔree Awurade wɔ ɛberɛ a na nnwomtofoɔ no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no ara kɔsii sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa saeɛ.
29 Once the offerings were completed, the king and everyone there with him bowed down and worshiped.
Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa koto someeɛ.
30 Then King Hezekiah and his officials ordered the Levites to sing praises to the Lord using the words of David and of Asaph the seer. So they sang praises with joy, and bowed their heads and worshiped.
Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo Awurade, na wɔkoto sɔreeɛ.
31 Then Hezekiah told them, “Now that you have dedicated yourselves to the Lord, come and bring your sacrifices and thank offerings to the Lord's Temple.” So the people in the assembly brought their sacrifices and thank offerings, and everyone who wanted to brought burnt offerings.
Afei, Hesekia de too dwa sɛ, “Ɔsom no aba awieeɛ. Momfa mo afɔrebɔdeɛ ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti, ɔmanfoɔ no de wɔn afɔrebɔdeɛ ne wɔn aseda afɔrebɔdeɛ baeɛ, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ nso kaa ho.
32 The total number of burnt offerings they brought was seventy bulls, a hundred rams, and two hundred lambs; all these were to be a burnt offering to the Lord.
Ɔmanfoɔ no de anantwinini aduɔson, nnwennini ɔha ne nnwammaa ahanu sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ brɛɛ Awurade.
33 In addition there were dedicated offerings of six hundred bulls and three thousand sheep.
Wɔsane de anantwinini ahansia ne nnwan mpem mmiɛnsa baa sɛ afɔrebɔdeɛ.
34 Since there weren't enough priests to skin all the burnt offerings, their Levite relatives helped them until the work was finished and the priests had been purified. (The Levites had been more conscientious in purifying themselves than the priests had.)
Nanso, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wɔbɛtumi asiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa enti, wɔn abusuafoɔ Lewifoɔ no boaa wɔn, kɔsii sɛ dwumadie no baa awieeɛ. Wɔtee asɔfoɔ no pii ho ansa na wɔreboa dwumadie no, ɛfiri sɛ, na Lewifoɔ no adwene wɔ wɔn ahoteɛ so sene asɔfoɔ no.
35 Apart from the large number of burnt offerings, there was the fat of the friendship offerings, as well as the drink offerings that went with the burnt offerings. In this way the service of the Lord's Temple was restored.
Na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne daa nsa afɔdeɛ no buu so. Saa ara nso na asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ nso yɛɛ bebree. Enti, wɔsiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.
36 Hezekiah and everyone there were so happy at what God done for the people, because everything had been achieved so quickly.
Na Hesekia ne ɔmanfoɔ no nyinaa gyee wɔn ani wɔ deɛ Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no, ɛfiri sɛ wɔwiee biribiara ntɛm.

< 2 Chronicles 29 >