< 2 Chronicles 12 >

1 Once Rehoboam was secure on the throne and was sure of his power, he together with all the Israelites abandoned the law of the Lord.
Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi wɔ saa bɔne yi mu.
2 In the fifth year of Rehoboam's reign, Shishak, king of Egypt, came and attacked Jerusalem because they had been unfaithful to God.
Esiane sɛ na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum wɔ ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so.
3 He came from Egypt with 1,200 chariots, 60,000 horsemen, and an army that couldn't be counted Egypt—Libyans, Sukkites, and Cushites.
Ɔde nteaseɛnam apem ahanu, apɔnkɔsotefoɔ ɔpeduosia ne anammɔntwa asraafoɔ a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ ka ho na ɛbaeɛ.
4 He conquered the fortified towns of Judah and then approached Jerusalem.
Sisak dii Yudafoɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na ɔtu tenee sɛ ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem nso so.
5 Shemaiah the prophet came to Rehoboam and the leaders of Judah who had run for safety Jerusalem because of Shishak. He told them, “This is what the Lord says: ‘You have abandoned me, so I have abandoned you to Shishak.’”
Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak.”
6 The leaders of Israel and the king admitted they were wrong and said, “The Lord is right.”
Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa sɛ, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”
7 When the Lord saw that they had repented, he sent a message to Shemaiah, saying, “They have repented. I won't destroy them, and I will soon save them. My anger won't be poured out on Jerusalem through Shishak.
Awurade hunuu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi wɔ Yerusalem so.
8 Even so they will become his subjects, so that they can learn the difference between serving me and serving the kings of earth.”
Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sene sɛ wɔbɛsom ewiase ahemfo.”
9 King Shishak of Egypt attacked Jerusalem and took the treasures of the Lord's Temple and the treasures of the royal palace. He took away everything, including the gold shields that Solomon had made.
Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho.
10 Later Rehoboam replaced them with bronze shields and gave them to be looked after by the commanders of the guard stationed at the entrance to the royal palace.
Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so.
11 Whenever the king would enter the Temple of the Lord the guards would go with him, carrying the shields, and then take them back to the guardroom.
Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ, na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu.
12 Because Rehoboam repented, the anger of the Lord did not fall on him, and the Lord did not destroy him completely. Things went well in Judah.
Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so wɔ Yuda asase so.
13 King Rehoboam became powerful in Jerusalem. He was forty-one when he became king, and he reigned seventeen years in Jerusalem, the city the Lord had chosen from all the tribes of Israel where he would be honored. The name of his mother was Naamah the Ammonite.
Ɔhene Rehoboam timiiɛ wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon.
14 But Rehoboam did what was evil because he did not commit himself to following the Lord.
Na ɔyɛ ɔhene bɔne, ɛfiri sɛ, wamfa nʼakoma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyiri ɛkwan.
15 What Rehoboam did, from beginning to end, is written down in the records of Shemaiah the Prophet and of Iddo the Seer dealing with genealogies. However, Rehoboam and Jeroboam were always at war with each other.
Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam.
16 Rehoboam died and was buried in the City of David. His son Abijah took over as king.
Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 12 >