< 1 Kings 19 >

1 Ahab told Jezebel everything that Elijah had done and that he had killed all the prophets of Baal with the sword.
Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel.
2 Jezebel sent a messenger to Elijah to say, “May the gods do as much to me and more if by tomorrow I haven't made your life like the lives of those you killed!”
Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia sɛ, “Sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi.”
3 Elijah was afraid and ran for his life. When he arrived in Beersheba in Judah, he left his servant there
Elia tee nkra no, ɔsuroeɛ, enti ɔdwane de peree ne ti. Ɔkɔɔ kuro bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaa ne ɔsomfoɔ wɔ hɔ.
4 and traveled another day's journey into the desert. He sat down under a broom tree and asked to die. “I've had enough now, Lord,” he said. “Take my life! I'm no better than my forefathers.”
Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, “Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom.”
5 He lay down and fell asleep under the broom tree. All of a sudden an angel touched him and said, “Get up, and eat.”
Na ɔdaa dua no ase. Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na didi.”
6 He looked around, and there beside his head was some bread baking over hot coals, and a jar of water. He ate and drank and lay down again.
Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.
7 The angel of the Lord returned a second time and touched him, and said, “Get up and eat, otherwise the journey will be too much for you.”
Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware.”
8 So he got up and ate and drank, and with the strength the food gave him he was able to walk forty days and forty nights to Mount Horeb, the mountain of God.
Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so.
9 There he entered a cave and spent the night. The Lord spoke to Elijah, and asked him, “What are you doing here, Elijah?”
Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. Na Awurade bisaa no sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”
10 “I have worked passionately for the Lord God Almighty,” he replied. “But the Israelites have abandoned your agreement, torn down your altars, and killed your prophets with the sword. I am the only one who's left, and they are trying to kill me as well.”
Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”
11 Then the Lord told him, “Go out and stand on the mountain before the Lord.” Right then the Lord passed by. A tremendously powerful wind ripped into the mountains and smashed rocks before the Lord, but the Lord wasn't in the wind. After the wind there came an earthquake, but the Lord wasn't in the earthquake.
Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi adi kɔgyina mʼanim wɔ bepɔ no so.” Na ɛberɛ a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa denden bi bɔ sii bepɔ no mu. Na mframa no ano den no dwidwaa abotan no mu. Nanso, na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosooɛ. Nanso, na Awurade nni asasewosoɔ no mu.
12 After the earthquake there came a fire, but the Lord wasn't in the fire. And after the fire came a voice speaking in a gentle whisper.
Na asasewosoɔ no akyi, ogya pueeɛ. Nanso, na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ deɛ wɔde ka asomusɛm baeɛ.
13 When Elijah heard it, he wrapped his cloak around his face and went out and stood at the cave entrance. Immediately a voice spoke to him and asked, “What are you doing here, Elijah?”
Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano. Na nne bi bisaa sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”
14 “I have worked passionately for the Lord God Almighty,” he replied. “But the Israelites have abandoned your agreement, torn down your altars, and killed your prophets with the sword. I am the only one who's left, and they are trying to kill me as well.”
Ɔbuaa bio sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”
15 The Lord told him, “Go back the way you came to the desert of Damascus. When you get there, go and anoint Hazael king of Aram.
Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane wʼakyi kɔ baabi a wofiri baeɛ, na kɔ Damasko ɛserɛ so. Na sɛ woduru hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene.
16 Also anoint Jehu, son of Nimshi, king of Israel and Elisha, son of Shaphat, from Abel-meholah, to take over from you as prophet.
Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu sɛ me odiyifoɔ.
17 Jehu will execute anyone who escapes the sword of Hazael, and Elisha will execute anyone who escapes the sword of Jehu.
Obiara a ɔbɛdwane afiri Hasael ho no, Yehu bɛkum no, na obiara a ɔbɛdwane afiri Yehu ho nso no, Elisa bɛkum no.
18 I still have seven thousand left in Israel, all those who have not bowed their knees to worship and whose mouths have not kissed him.”
Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban.”
19 So Elijah left, and went and found Elisha, son of Shaphat. He was plowing with twelve pairs of oxen, and he was with the twelfth pair. Elijah went over to him and threw his cloak around him.
Na Elia kɔhunuu Safat babarima Elisa sɛ ɔde anantwie refuntum afuo. Na anantwie mpamho dubaako na wɔdi nʼanim, ɛnna Elisa nso de mpamho a ɛtɔ so dumienu refuntum. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo nʼatadeɛ guu ne mmati so, na ɔsane nʼakyi kɔeɛ.
20 Elisha left the oxen, ran after Elijah, and said, “Please let me go and kiss my father and mother goodbye, and then I will follow you.” “Go on home,” Elijah replied. “I've never done anything for you.”
Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.” Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.”
21 Elisha left him, took his pair of oxen, and slaughtered them. Using the wood of the oxen's yoke as fuel, he cooked the meat and gave it to the people, and they ate it. Then he left to follow and serve Elijah.
Afei, Elisa sane kɔɔ anantwie no ho kɔkunkumm wɔn. Ɔde funtumfidie no ho nnua no yɛɛ nnyensin de totoo ɛnam no. Ɔde ɛnam no kɔmaa mmarima a wɔde funtumfidie a aka no reyɛ adwuma no nyinaa, ma wɔweeɛ. Na ɔne Elia kɔeɛ sɛ ne ɔboafoɔ.

< 1 Kings 19 >