< Revelation 13 >

1 And he stood upon the sand of the sea. And I saw a beast coming up out of the sea, having seven heads and ten horns, and upon his horns ten diadems, and upon his heads names of blasphemy.
Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano hɔ. Afei mihuu sɛ aboa bi apue fi po no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so na din a egu Onyankopɔn ho fi bobɔ ti no ho.
2 And the beast, which I saw, was like to a leopard, and his feet were as the feet of a bear, and his mouth as the mouth of a lion. And the dragon gave him his own strength, and great power.
Aboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no.
3 And I saw one of his heads as it were slain to death: and his death’s wound was healed. And all the earth was in admiration after the beast.
Mihuu sɛ na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ sɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi.
4 And they adored the dragon, which gave power to the beast: and they adored the beast, saying: Who is like to the beast? and who shall be able to fight with him?
Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, “Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?”
5 And there was given to him a mouth speaking great things, and blasphemies: and power was given to him to do two and forty months.
Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa abususɛm akɛseakɛse tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ biara asram aduanan abien.
6 And he opened his mouth unto blasphemies against God, to blaspheme his name, and his tabernacle, and them that dwell in heaven.
Ofii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa.
7 And it was given unto him to make war with the saints, and to overcome them. And power was given him over every tribe, and people, and tongue, and nation.
Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa so tumi.
8 And all that dwell upon the earth adored him, whose names are not written in the book of life of the Lamb, which was slain from the beginning of the world.
Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wɔankyerɛw ne din anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguamma a wokum no ansa na wɔrebɔ wiase no mu.
9 If any man have an ear, let him hear.
“Tie, wo a wowɔ aso, betie no.
10 He that shall lead into captivity, shall go into captivity: he that shall kill by the sword, must be killed by the sword. Here is the patience and the faith of the saints.
“Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wokum no afoa ano no, wobekum no.” Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo.
11 And I saw another beast coming up out of the earth, and he had two horns, like a lamb, and he spoke as a dragon.
Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ nguantenmma, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ no.
12 And he executed all the power of the former beast in his sight; and he caused the earth, and them that dwell therein, to adore the first beast, whose wound to death was healed.
Osii aboa a odi kan no anan mu de ne tumi kɛse no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne so nnipa sɛ wɔnsom nea nʼapirakuru no awu no.
13 And he did great signs, so that he made also fire to come down from heaven unto the earth in the sight of men.
Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fii soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim.
14 And he seduced them that dwell on the earth, for the signs, which were given him to do in the sight of the beast, saying to them that dwell on the earth, that they should make the image of the beast, which had the wound by the sword, and lived.
Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde afoa piraa no nanso nʼapirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam.
15 And it was given him to give life to the image of the beast, and that the image of the beast should speak; and should cause, that whosoever will not adore the image of the beast, should be slain.
Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan honi no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.
16 And he shall make all, both little and great, rich and poor, freemen and bondmen, to have a character in their right hand, or on their foreheads.
Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse; adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae.
17 And that no man might buy or sell, but he that hath the character, or the name of the beast, or the number of his name.
Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae.
18 Here is wisdom. He that hath understanding, let him count the number of the beast. For it is the number of a man: and the number of him is six hundred sixty-six.
Eyi hia ma nyansa. Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aboa no ase, efisɛ nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia asia.

< Revelation 13 >