< Galatians 6 >

1 Brethren, and if a man be overtaken in any fault, you, who are spiritual, instruct such a one in the spirit of meekness, considering thyself, lest thou also be tempted.
Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufo no fa odwo kwan so teɛ no. Nanso monhwɛ yiye na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.
2 Bear ye one another’s burdens; and so you shall fulfill the law of Christ.
Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, na mudi Kristo mmara no so.
3 For if any man think himself to be some thing, whereas he is nothing, he deceiveth himself.
Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitiriw nanso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho.
4 But let every one prove his own work, and so he shall have glory in himself only, and not in another.
Yɛ wʼadwuma yiye na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforo ho;
5 For every one shall bear his own burden.
efisɛ ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.
6 And let him that is instructed in the word, communicate to him that instructeth him, in all good things.
Wone nea ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn asɛm no nkyɛ ade pa biara a wowɔ.
7 Be not deceived, God is not mocked. For what things a man shall sow, those also shall he reap.
Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.
8 For he that soweth in his flesh, of the flesh also shall reap corruption. But he that soweth in the spirit, of the spirit shall reap life everlasting. (aiōnios g166)
Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa. (aiōnios g166)
9 And in doing good, let us not fail. For in due time we shall reap, not failing.
Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, efisɛ bere a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa abaw a yebetwa nnɔbae no.
10 Therefore, whilst we have time, let us work good to all men, but especially to those who are of the household of the faith.
Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ gyidifo abusua.
11 See what a letter I have written to you with my own hand.
Monhwɛ nkyerɛw akɛse a mede mʼankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo.
12 For as many as desire to please in the flesh, they constrain you to be circumcised, only that they may not suffer the persecution of the cross of Christ.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwitwa twetia. Nea enti a wɔyɛ eyi ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asennua no nti wɔtaa wɔn.
13 For neither they themselves who are circumcised, keep the law; but they will have you to be circumcised, that they may glory in your flesh.
Wɔn a wotwa twetia no mpo nni mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wotwa mo twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifo.
14 But God forbid that I should glory, save in the cross of our Lord Jesus Christ; by whom the world is crucified to me, and I to the world.
Nanso me de, Awurade Yesu Kristo asennua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasennua no nti, nea mede hoahoa me ho wɔ wiase no awu, na saa ara na nea wiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu.
15 For in Christ Jesus neither circumcision availeth any thing, nor uncircumcision, but a new creature.
Sɛ obi atwa twetia anaa ontwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne abɔde foforo.
16 And whosoever shall follow this rule, peace on them, and mercy, and upon the Israel of God.
Onyankopɔn adɔe ne nʼasomdwoe nka wɔn a wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔne Onyankopɔn mu nnipa foforo.
17 From henceforth let no man be troublesome to me; for I bear the marks of the Lord Jesus in my body.
Efi saa bere yi rekɔ, obiara nhaw mʼadwene bio, efisɛ mewɔ ɔhonam ani twã a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu de.
18 The grace of our Lord Jesus Christ be with your spirit, brethren. Amen.
Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.

< Galatians 6 >