< 2 Corinthians 11 >

1 Would to God you could bear with some little of my folly: but do bear with me.
Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa.
2 For I am jealous of you with the jealousy of God. For I have espoused you to one husband that I may present you as a chaste virgin to Christ.
Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a mahyɛ no awadeɛ ho bɔ ama ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo.
3 But I fear lest, as the serpent seduced Eve by his subtilty, so your minds should be corrupted, and fall from the simplicity that is in Christ.
Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no.
4 For if he that cometh preacheth another Christ, whom we have not preached; or if you receive another Spirit, whom you have not received; or another gospel which you have not received; you might well bear with him.
Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonsonoeɛ da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.
5 For I suppose that I have done nothing less than the great apostles.
Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa.
6 For although I be rude in speech, yet not in knowledge; but in all things we have been made manifest to you.
Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase.
7 Or did I commit a fault, humbling myself, that you might be exalted? Because I preached unto you the gospel of God freely?
Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akrɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa?
8 I have taken from other churches, receiving wages of them for your ministry.
Ɛberɛ a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka.
9 And, when I was present with you, and wanted, I was chargeable to no man: for that which was wanting to me, the brethren supplied who came from Macedonia; and in all things I have kept myself from being burthensome to you, and so I will keep myself.
Ɛberɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛdeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da.
10 The truth of Christ is in me, that this glorying shall not be broken off in me in the regions of Achaia.
Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma enti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da.
11 Wherefore? Because I love you not? God knoweth it.
Adɛn enti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.
12 But what I do, that I will do, that I may cut off the occasion from them that desire occasion, that wherein they glory, they may be found even as we.
Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ.
13 For such false apostles are deceitful workmen, transforming themselves into the apostles of Christ.
Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hunu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ.
14 And no wonder: for Satan himself transformeth himself into an angel of light.
Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann.
15 Therefore it is no great thing if his ministers be transformed as the ministers of justice, whose end shall be according to their works.
Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɛeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ.
16 I say again, (let no man think me to be foolish, otherwise take me as one foolish, that I also may glory a little.)
Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mosusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho.
17 That which I speak, I speak not according to God, but as it were in foolishness, in this matter of glorying.
Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea.
18 Seeing that many glory according to the flesh, I will glory also.
Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu enti, me nso mɛyɛ saa.
19 For you gladly suffer the foolish; whereas yourselves are wise.
Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ.
20 For you suffer if a man bring you into bondage, if a man devour you, if a man take from you, if a man be lifted up, if a man strike you on the face.
Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so.
21 I speak according to dishonour, as if we had been weak in this part. Wherein if any man dare (I speak foolishly), I dare also.
Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi.
22 They are Hebrews: so am I. They are Israelites: so am I. They are the seed of Abraham: so am I.
Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi.
23 They are the ministers of Christ (I speak as one less wise). I am more; in many more labours, in prisons more frequently, in stripes above measure, in deaths often.
Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso.
24 Of the Jews five times did I receive forty stripes, save one.
Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ enum.
25 Thrice was I beaten with rods, once I was stoned, thrice I suffered shipwreck, a night and a day I was in the depth of the sea.
Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonu ɛnan pɛn.
26 In journeying often, in perils of waters, in perils of robbers, in perils from my own nation, in perils from the Gentiles, in perils in the city, in perils in the wilderness, in perils in the sea, in perils from false brethren.
Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane.
27 In labour and painfulness, in much watchings, in hunger and thirst, in fastings often, in cold and nakedness.
Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ.
28 Besides those things which are without: my daily instance, the solicitude for all the churches.
Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia.
29 Who is weak, and I am not weak? Who is scandalized, and I am not on fire?
Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho.
30 If I must needs glory, I will glory of the things that concern my infirmity.
Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu.
31 The God and Father of our Lord Jesus Christ, who is blessed for ever, knoweth that I lie not. (aiōn g165)
Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. (aiōn g165)
32 At Damascus, the governor of the nation under Aretas the king, guarded the city of the Damascenes, to apprehend me.
Ɛberɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛnee kuro no ɛpono pɛɛ sɛ wɔkyere me.
33 And through a window in a basket was I let down by the wall, and so escaped his hands.
Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam.

< 2 Corinthians 11 >