< Psalms 34 >

1 [A Psalm] of David; when he changed his behaviour before Abimelech, who drove him away, and he departed. I will bless Jehovah at all times; his praise shall continually be in my mouth.
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔboa pa danee ɔbɔdamfoɔ wɔ Abimelek anim no na ɔpanin no gyaee no ma ɔkɔeɛ no akyi. Mede aseda bɛma Awurade berɛ nyinaa; nʼayɛyie wɔ mʼanom daa.
2 My soul shall make its boast in Jehovah: the meek shall hear, and rejoice.
Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu; ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie.
3 Magnify Jehovah with me, and let us exalt his name together.
Mo ne me nkamfo Awurade; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!
4 I sought Jehovah, and he answered me, and delivered me from all my fears.
Mefrɛɛ Awurade na ɔgyee me so; na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu.
5 They looked unto him, and were enlightened, and their faces were not confounded.
Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.
6 This afflicted one called, and Jehovah heard [him], and saved him out of all his troubles.
Ohiani yi frɛeɛ, na Awurade tiee no; na ɔgyee no firii nʼahohia nyinaa mu.
7 The angel of Jehovah encampeth round about them that fear him, and delivereth them.
Awurade ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no, na ɔgye wɔn.
8 Taste and see that Jehovah is good: blessed is the man that trusteth in him!
Monka nhwɛ na monhunu sɛ Awurade yɛ. Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu.
9 Fear Jehovah, ye his saints; for there is no want to them that fear him.
Monsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ, na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee.
10 The young lions are in need and suffer hunger; but they that seek Jehovah shall not want any good.
Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn.
11 Come, ye sons, hearken unto me: I will teach you the fear of Jehovah.
Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.
12 What man is he that desireth life, [and] loveth days, that he may see good?
Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?
13 Keep thy tongue from evil, and thy lips from speaking guile;
Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
14 Depart from evil, and do good; seek peace, and pursue it.
Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.
15 The eyes of Jehovah are upon the righteous, and his ears are toward their cry;
Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ;
16 The face of Jehovah is against them that do evil, to cut off the remembrance of them from the earth:
Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ ɔbɛyi wɔn nkaeɛ afiri asase yi so.
17 [The righteous] cry, and Jehovah heareth, and delivereth them out of all their troubles.
Ateneneefoɔ team su, na Awurade tie wɔn; ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu.
18 Jehovah is nigh to those that are of a broken heart, and saveth them that are of a contrite spirit.
Awurade bɛn wɔn a wɔapa aba na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
19 Many are the adversities of the righteous, but Jehovah delivereth him out of them all:
Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree nanso Awurade gye no firi ne nyinaa mu;
20 He keepeth all his bones; not one of them is broken.
ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.
21 Evil shall destroy the wicked; and they that hate the righteous shall bear their guilt.
Bɔne bɛkum ɔdebɔneyɛfoɔ; ɔteneneeni atamfoɔ bɛnya afɔbuo.
22 Jehovah redeemeth the soul of his servants; and none of them that trust in him shall bear guilt.
Awurade gye nʼasomfoɔ nkwa; wɔn a wɔdwane toa noɔ no mu biara renkɔ afɔbuo mu.

< Psalms 34 >