< Luke 10 >

1 Now after these things the Lord appointed seventy others also, and sent them two and two before his face into every city and place where he himself was about to come.
Eyi akyi no, Yesu yii nʼakyidifo no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkurow ne nkuraa a akyiri no ɔbɛkɔ hɔ no so.
2 And he said to them, The harvest indeed [is] great, but the workmen few; supplicate therefore the Lord of the harvest that he may send out workmen into his harvest.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.
3 Go: behold I send you forth as lambs in the midst of wolves.
Monkɔ, na meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu.
4 Carry neither purse nor scrip nor sandals, and salute no one on the way.
Mommfa sika, akwantu kotoku anaa mpaboa; na munnkyia obiara nso a mubehyia no wɔ ɔkwan so.
5 And into whatsoever house ye enter, first say, Peace to this house.
“Sɛ mokɔ ofi biara mu a, munni kan nkyia ofie hɔfo no se, ‘Asomdwoe nka mo!’
6 And if a son of peace be there, your peace shall rest upon it; but if not it shall turn to you again.
Na sɛ asomdwoe ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoe bɛsan aba mo nkyɛn.
7 And in the same house abide, eating and drinking such things as they have; for the workman is worthy of his hire. Remove not from house to house.
Ofi biara a mokɔ mu no, momma hɔ nyɛ mo atenae; aduan biara a wɔde bɛma mo no, munni efisɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛni biara nya nʼadwumayɛ so akatua; munnni atutena wɔ afi mu.
8 And into whatsoever city ye may enter and they receive you, eat what is set before you,
“Na sɛ mokɔ kurow biara mu na wogye mo fɛw so a, aduan biara a wɔde bɛma mo no munni.
9 and heal the sick in it, and say to them, The kingdom of God is come nigh to you.
Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, ‘Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.’
10 But into whatsoever city ye may have entered and they do not receive you, go out into its streets and say,
Nanso sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo fɛw so a monkɔ ne mmɔnten so nkɔpae mu nka se,
11 Even the dust of your city, which cleaves to us on the feet, do we shake off against you; but know this, that the kingdom of God is come nigh.
‘Mo kurom ha mfutuma a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee sɛ, Onyankopɔn ahenni no abɛn.’
12 I say to you that it shall be more tolerable for Sodom in that day than for that city.
Mereka akyerɛ mo se, saa kurow no, asɛm a ɛbɛto wɔn atemmuda no bɛsen nea ɛtoo Sodom no.
13 Woe to thee, Chorazin! woe to thee, Bethsaida! for if the works of power which have taken place in you had taken place in Tyre and Sidon, they had long ago repented, sitting in sackcloth and ashes.
“Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.
14 But it shall be more tolerable for Tyre and Sidon in the judgment than for you.
Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon.
15 And thou, Capernaum, who hast been raised up to heaven, shalt be brought down even to hades. (Hadēs g86)
Na wo Kapernaum, wugye di sɛ wubenya ɔsoro anuonyam? Dabi da, wobɛkɔ asaman. (Hadēs g86)
16 He that hears you hears me; and he that rejects you rejects me; and he that rejects me rejects him that sent me.
“Obiara a otie mo no tie me, na nea ɔpo mo no po me, na nea ɔpo me no nso po nea ɔsomaa me no.”
17 And the seventy returned with joy, saying, Lord, even the demons are subject to us through thy name.
Aduɔson no san de anigye ba bɛbɔɔ amanneɛ se, “Awurade, wo din nti ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”
18 And he said to them, I beheld Satan as lightning falling out of heaven.
Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mihuu sɛ ɔbonsam retew afi ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam.
19 Behold, I give you the power of treading upon serpents and scorpions and over all the power of the enemy, and nothing shall in anywise injure you.
Mama mo tumi ne ahoɔden a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no tumi biara a ɔwɔ so na biribiara nso rentumi mo.
20 Yet in this rejoice not, that the spirits are subjected to you, but rejoice that your names are written in the heavens.
Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din wɔ ɔsoro.”
21 In the same hour Jesus rejoiced in spirit and said, I praise thee, Father, Lord of the heaven and of the earth, that thou hast hid these things from wise and prudent, and hast revealed them to babes: yea, Father, for thus has it been well-pleasing in thy sight.
Saa bere no ara mu na Yesu de Honhom Kronkron mu anigye bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahintaw wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom woada nokware no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛase gye wo di sɛ mmofra no. Nanso Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
22 All things have been delivered to me by my Father, and no one knows who the Son is but the Father, and who the Father is but the Son, and he to whomsoever the Son is pleased to reveal [him].
“Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”
23 And having turned to the disciples privately he said, Blessed are the eyes which see the things that ye see.
Ɛkaa ɔne nʼasuafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu!
24 For I say to you that many prophets and kings have desired to see the things which ye behold, and did not see [them]; and to hear the things which ye hear, and did not hear [them].
Efisɛ adiyifo ne ahene pii pɛe sɛ anka wohu nea muhu yi na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu na wɔante.”
25 And behold, a certain lawyer stood up tempting him, and saying, Teacher, having done what, shall I inherit life eternal? (aiōnios g166)
Mmaranimfo bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios g166)
26 And he said to him, What is written in the law? how readest thou?
Yesu nso bisaa no se, “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?”
27 But he answering said, Thou shalt love the Lord thy God with all thy heart, and with all thy soul, and with all thy strength, and with all thine understanding; and thy neighbour as thyself.
Obuaa no se, “Mmara no ka se, ‘Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’”
28 And he said to him, Thou hast answered right: this do and thou shalt live.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woabua no yiye. Yɛ eyinom na wubenya nkwa.”
29 But he, desirous of justifying himself, said to Jesus, And who is my neighbour?
Nanso ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ odi mmara no nyinaa so nti, obisaa Yesu se, “Hena ne me yɔnko?”
30 And Jesus replying said, A certain man descended from Jerusalem to Jericho and fell into [the hands of] robbers, who also, having stripped him and inflicted wounds, went away leaving him in a half-dead state.
Yesu nso maa no mfatoho bi se, “Da bi, na ɔbarima bi retu kwan afi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɔkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ beraw, gyaw no too ɔkwan kyɛn kɔe.
31 And a certain priest happened to go down that way, and seeing him, passed on on the opposite side;
Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so, nanso ɔman faa nkyɛn kɔe.
32 and in like manner also a Levite, being at the spot, came and looked [at him] and passed on on the opposite side.
Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn.
33 But a certain Samaritan journeying came to him, and seeing [him], was moved with compassion,
Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu hɔ. Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.
34 and came up [to him] and bound up his wounds, pouring in oil and wine; and having put him on his own beast, took him to [the] inn and took care of him.
Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa nʼafurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa.
35 And on the morrow [as he left], taking out two denarii he gave them to the innkeeper, and said to him, Take care of him, and whatsoever thou shalt expend more, I will render to thee on my coming back.
Ade kyee no ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no bɔ se, ‘Ka foforo biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abetua.’
36 Which [now] of these three seems to thee to have been neighbour of him who fell into [the hands of] the robbers?
“Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?”
37 And he said, He that shewed him mercy. And Jesus said to him, Go, and do thou likewise.
Mmaranimfo no buae se, “Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.”
38 And it came to pass as they went that he entered into a certain village; and a certain woman, Martha by name, received him into her house.
Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafo rekɔ Yerusalem no, wokoduu akuraa bi ase. Woduu hɔ no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fi.
39 And she had a sister called Mary, who also, having sat down at the feet of Jesus was listening to his word.
Marta nuabea bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.
40 Now Martha was distracted with much serving, and coming up she said, Lord, dost thou not care that my sister has left me to serve alone? Speak to her therefore that she may help me.
Saa bere no, Marta a nʼani abere reyɛ aduan no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ, nti ka kyerɛ Maria na ommeso mu mma me.”
41 But Jesus answering said to her, Martha, Martha, thou art careful and troubled about many things;
Awurade buaa no se, “Marta, Marta, wudwinnwen haw wo ho wɔ nneɛma pii ho.
42 but there is need of one, and Mary has chosen the good part, the which shall not be taken from her.
Ade baako pɛ na ehia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfi ne nsam.”

< Luke 10 >