< Leviticus 10 >

1 And the sons of Aaron, Nadab and Abihu, took each of them his censer, and put fire in it, and put incense on it, and presented strange fire before Jehovah, which he had not commanded them.
Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri sɛ wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim.
2 And there went out fire from before Jehovah, and devoured them, and they died before Jehovah.
Enti ogya dɛreɛ firi Awurade nkyɛn bɛhyee wɔn.
3 And Moses said to Aaron, This is what Jehovah spoke, saying, I will be hallowed in them that come near me, and before all the people I will be glorified. And Aaron was silent.
Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Awurade kaa sɛ, “‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa ahyɛ me animuonyam no, aseɛ ne no.’” Na asɛm no tɔree Aaron mumu.
4 And Moses called Mishael and Elzaphan, the sons of Uzziel the uncle of Aaron, and said to them, Come near, carry your brethren from before the sanctuary out of the camp.
Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi.”
5 And they went near, and carried them in their vests out of the camp, as Moses had said.
Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no.
6 And Moses said to Aaron, and to Eleazar and to Ithamar his sons, Your heads shall ye not uncover, neither rend your clothes; lest ye die, and lest wrath come on all the assembly; but your brethren, the whole house of Israel, shall bewail the burning which Jehovah hath kindled.
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Monnsu. Mommma mo tirinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwoɔ. Monnsunsuane mo ntadeɛ mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bɛkum mo nso na nʼabufuo bɛba Israelfoɔ nyinaa so. Nanso Israelfoɔ a wɔaka no deɛ, ɛsiane ogya a Awurade de baeɛ no enti, wɔtumi di Nadab ne Abihu wuo no ho awerɛhoɔ tumi su wɔn nso.
7 And ye shall not go out from the entrance of the tent of meeting, lest ye die; for the anointing oil of Jehovah is upon you. And they did according to the word of Moses.
Na mommfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, anyɛ saa a mobɛwuwu, ɛfiri sɛ, Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wɔdii asɛm a Mose kaeɛ no so.
8 And Jehovah spoke to Aaron, saying,
Afei, Awurade hyɛɛ Aaron sɛ,
9 Thou shalt not drink wine nor strong drink, thou, and thy sons with thee, when ye go into the tent of meeting, lest ye die — [it is] an everlasting statute throughout your generations,
“Sɛ wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
10 that ye may put difference between the holy and the unholy, and between unclean and clean,
Wo nnwuma ne sɛ, wobɛdi wo nkurɔfoɔ ntam nsɛm akyerɛ wɔn nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛyɛ teta ntam ne deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam,
11 and that ye may teach the children of Israel all the statutes which Jehovah hath spoken to them by the hand of Moses.
na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.”
12 And Moses spoke to Aaron, and to Eleazar and to Ithamar, his sons that were left, Take the oblation that is left of Jehovah's offerings by fire, and eat it with unleavened bread beside the altar; for it is most holy.
Afei, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Sɛ mohye Awurade afɔrebɔdeɛ no nsabuo ma Awurade a, monni deɛ ɛbɛka no wɔ afɔrebukyia no ho. Monhwɛ sɛ mmɔka nni mu ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.
13 And ye shall eat it in a holy place, because it is thy due, and thy sons' due, of Jehovah's offerings by fire; for so I am commanded.
Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ.
14 And the breast of the wave-offering, and the shoulder of the heave-offering shall ye eat in a clean place, thou, and thy sons, and thy daughters with thee; for [as] thy due, and thy sons' due, are they given of the sacrifices of peace-offerings of the children of Israel.
Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu.
15 The shoulder of the heave-offering and the breast of the wave-offering shall they bring, with the fire-offering of the pieces of fat, to wave [them] as a wave-offering before Jehovah; and they shall be thine, and thy sons' with thee, for an everlasting statute, as Jehovah has commanded.
Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”
16 And Moses diligently sought the goat of the sin-offering, and behold, it was burnt up: then he was wroth with Eleazar and Ithamar, the sons of Aaron that were left, saying,
Ɛberɛ a Mose bisaa deɛ ayɛ abirekyie a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ no ho asɛm no, ɔhunuu sɛ wɔahye no. Ɛno enti, ne bo fuu Eleasa ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmammarima no.
17 Why have ye not eaten the sin-offering in a holy place? for it is most holy, and he has given it to you that ye might bear the iniquity of the assembly, to make atonement for them before Jehovah.
“Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moanwe bɔne afɔrebɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdie na ɛnyɛ mpatadeɛ mma wɔn wɔ Awurade anim.
18 Lo, its blood was not brought in within the sanctuary: ye should certainly have eaten it in the sanctuary, as I commanded.
Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no enti, anka mobɛtumi awe no hɔ ara sɛdeɛ mehyɛeɛ no.’”
19 And Aaron said to Moses, Behold, to-day have they presented their sin-offering and their burnt-offering before Jehovah; and such things have befallen me; and had I to-day eaten the sin-offering, would it have been good in the sight of Jehovah?
Aaron srɛɛ Mose maa ne mma no sɛ, “Ɛnnɛ me mma no bɔɔ wɔn bɔne afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔdeɛ ɛnam yi bi ɛnnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ anaa?”
20 And Moses heard it; and it was good in his sight.
Na Mose tee saa no, ɔgye too mu.

< Leviticus 10 >