< Judges 7 >

1 And Jerubbaal, who is Gideon, arose early, and all the people that were with him, and they encamped beside the spring Harod; and he had the camp of Midian on the north by the hill of Moreh in the valley.
Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no.
2 And Jehovah said to Gideon, The people that are with thee are too many for me to give Midian into their hand, lest Israel vaunt themselves against me, saying, Mine own hand hath saved me.
Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ.
3 And now proclaim in the ears of the people, saying, Whoever is timid and afraid, let him go back and turn from mount Gilead. And there went back of the people twenty-two thousand; and there remained ten thousand.
Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko.
4 And Jehovah said to Gideon, Still the people are many; bring them down to the water, and I will try them for thee there, and it shall be, that of whom I shall say unto thee, This shall go with thee, the same shall go with thee; and of whomsoever I shall say unto thee, This shall not go with thee, the same shall not go.
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”
5 And he brought down the people to the water; and Jehovah said to Gideon, Every one that lappeth of the water with his tongue, as a dog lappeth, him shalt thou set by himself; likewise every one that boweth down on his knees to drink.
Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”
6 And the number of them that lapped, with their hand to their mouth, were three hundred men; and all the rest of the people bowed down on their knees to drink water.
Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu.
7 And Jehovah said to Gideon, By the three hundred men that lapped will I save you, and give Midian into thy hand; and let all the people go every man to his place.
Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.”
8 And they took the victuals of the people in their hand, and their trumpets; and all the men of Israel he sent away, every man to his tent, but retained the three hundred men. Now the camp of Midian was beneath him in the valley.
Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.
9 And it came to pass in that night, that Jehovah said to him, Arise, go down to the camp; for I have given it into thy hand.
Anadwo no, Awurade kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim!
10 And if thou fear to go down, go thou with Phurah thy servant down to the camp;
Na sɛ wosuro sɛ wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ hɔ.
11 and thou shalt hear what they say; and afterwards shall thy hand be strengthened, and thou shalt go down unto the camp. And he went down with Phurah his servant to the outside of the armed men that were in the camp.
Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so.” Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire.
12 And Midian and Amalek and all the children of the east lay along in the valley as locusts for multitude; and their camels were without number, as the sand upon the sea-shore for multitude.
Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo!
13 And Gideon came, and behold, a man was telling a dream to his fellow; and he said, Behold, I dreamed a dream, and lo, a cake of barley-bread tumbled into the camp of Midian, and came to the tent, and smote it that it fell, and overturned it; and the tent lay along.
Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!”
14 And his fellow answered and said, This is nothing else save the sword of Gideon the son of Joash, the man of Israel: God hath given into his hand Midian and all the host.
Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”
15 And it came to pass when Gideon heard the telling of the dream and its interpretation, that he worshipped. And he returned into the camp of Israel, and said, Arise; for Jehovah hath given into your hand the camp of Midian.
Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.”
16 And he divided the three hundred men into three companies, and he put a trumpet in every man's hand, and empty pitchers, and torches within the pitchers.
Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.
17 And he said to them, Look on me, and do likewise; behold, when I come to the extremity of the camp, it shall be that, as I do, so shall ye do.
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi.
18 And when I blow with a trumpet, I and all that are with me, ye also shall blow the trumpets around the whole camp, and shall say, For Jehovah and for Gideon!
Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma Awurade ne Gideon.’”
19 And Gideon, and the hundred men that were with him, came to the outside of the camp in the beginning of the middle watch; and they had but newly set the watch; and they blew the trumpets, and broke the pitchers that were in their hands.
Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no.
20 And the three companies blew the trumpets, and broke in pieces the pitchers, and held the torches in their left hand, and the trumpets in their right hand for blowing, and cried, The sword of Jehovah and of Gideon!
Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “Awurade akofena yɛ Gideon akofena!”
21 And they stood every man in his place round about the camp; and all the host ran, and cried out, and fled.
Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane.
22 And the three hundred blew the trumpets, and Jehovah set every man's sword against his fellow, even throughout the camp. And the host fled to Beth-shittah towards Zererah, to the border of Abel-meholah, by Tabbath.
Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so.
23 And the men of Israel were called together out of Naphtali, and out of Asher, and out of all Manasseh, and pursued after Midian.
Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no.
24 And Gideon sent messengers throughout mount Ephraim, saying, Come down against Midian, and take before them the waters unto Beth-barah, and the Jordan. And all the men of Ephraim were called together, and took the waters unto Beth-barah, and the Jordan.
Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no.
25 And they took two princes of Midian, Oreb and Zeeb; and they slew Oreb upon the rock Oreb, and Zeeb they slew at the winepress of Zeeb; and they pursued Midian, and brought the heads of Oreb and Zeeb to Gideon beyond the Jordan.
Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb wɔ Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no.

< Judges 7 >