< Jeremiah 34 >

1 The word that came to Jeremiah from Jehovah, when Nebuchadnezzar king of Babylon, and all his army, and all the kingdoms of the earth under his dominion, and all the peoples, fought against Jerusalem and against all the cities thereof, saying,
Ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm ne nʼahennie nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a ɔdi soɔ no mu reko tia Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ,
2 Thus saith Jehovah, the God of Israel: Go and speak to Zedekiah king of Judah, and tell him, Thus saith Jehovah: Behold, I give this city into the hand of the king of Babylon, and he shall burn it with fire.
“Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhye no dworobɛɛ.
3 And thou shalt not escape out of his hand, but shalt certainly be taken, and given into his hand; and thine eyes shall behold the eyes of the king of Babylon, and his mouth shall speak with thy mouth, and thou shalt go to Babylon.
Worennwane mfiri ne nsam na nokorɛm wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wo de wʼani bɛhunu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.
4 Only, hear the word of Jehovah, O Zedekiah king of Judah. Thus saith Jehovah as to thee: Thou shalt not die by the sword;
“‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Ao, Yudahene Sedekia. Yei ne deɛ Awurade ka fa wo ho: Worenwu wɔ akofena ano;
5 thou shalt die in peace, and with the burnings of thy fathers, the former kings that were before thee, so shall they burn for thee; and they will lament for thee, Ah, lord! for I have spoken the word, saith Jehovah.
na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ɔseɛ.’”
6 And the prophet Jeremiah spoke all these words unto Zedekiah king of Judah, in Jerusalem.
Na odiyifoɔ Yeremia kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem,
7 And the king of Babylon's army fought against Jerusalem, and against all the cities of Judah that were left, against Lachish, and against Azekah; for these were amongst the cities of Judah, the fenced cities that were left.
ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ.
8 The word that came unto Jeremiah from Jehovah, after that king Zedekiah had made a covenant with all the people that were at Jerusalem, to proclaim liberty unto them:
Asɛm no firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadie no akyi.
9 that every man should let his bondman, and every man his bondmaid, the Hebrew and the Hebrewess, go free, that none should exact service of them, [that is, ] of a Jew his brother.
Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa.
10 And all the princes and all the people that had entered into the covenant obeyed, every man letting his bondman and every man his bondmaid go free, that none should exact service of them any more: they obeyed, and let [them] go.
Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn.
11 But afterwards they turned, and caused the bondmen and the bondmaids whom they had let go free, to return, and brought them into subjection for bondmen and for bondmaids.
Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
12 And the word of Jehovah came to Jeremiah from Jehovah, saying,
Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ,
13 Thus saith Jehovah the God of Israel: I made a covenant with your fathers in the day that I brought them forth out of the land of Egypt, out of the house of bondage, saying,
“Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ,
14 At the end of seven years ye shall let go every man his brother, a Hebrew, who hath sold himself unto thee; when he hath served thee six years, thou shalt let him go free from thee. But your fathers hearkened not unto me, neither inclined their ear.
‘Mfeɛ nson biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfeɛ nsia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso, mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm.
15 And you, ye had this day turned, and had done right in my sight, in proclaiming liberty every man to his neighbour; and ye had made a covenant before me in the house which is called by my name:
Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu.
16 but ye have turned and profaned my name, and caused every man his bondman, and every man his bondmaid, whom ye had set at liberty at their pleasure, to return, and ye have brought them into subjection, to be unto you for bondmen and for bondmaids.
Nanso seesei, moadane mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asane akɔfa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
17 Therefore thus saith Jehovah: Ye have not hearkened unto me, in proclaiming liberty, every man to his brother, and every man to his neighbour: behold, I proclaim a liberty for you, saith Jehovah, to the sword, to the pestilence, and to the famine; and I will give you over to be driven hither and thither among all the kingdoms of the earth.
“Afei, deɛ Awurade seɛ nie: Montiee me na mompaee ahofadie mmaa mo ankasa nkurɔfoɔ. Enti afei mepae mu ka ahofadie ma mo, Awurade na ɔseɛ. Mɛgyaa mo ama akofena, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma mo ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie ahodoɔ nyinaa.
18 And I will give the men that have transgressed my covenant, who have not performed the words of the covenant which they had made before me, — the calf which they cut in twain, and passed between the parts thereof,
Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu na wɔnantee nʼafaafa no ntam no.
19 — the princes of Judah and the princes of Jerusalem, the eunuchs, and the priests, and all the people of the land, that passed between the parts of the calf;
Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne asase no so nnipa no nyinaa a monante faa nantwie ba no afaafa no ntam no,
20 them will I give into the hand of their enemies and into the hand of them that seek their life; and their carcases shall be food for the fowl of the heavens and for the beasts of the earth.
mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.
21 And Zedekiah king of Judah and his princes will I give into the hand of their enemies, and into the hand of them that seek their life, and into the hand of the king of Babylon's army, which are gone up from you.
“Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa, Babiloniahene akodɔm a wɔatwe wɔn ho no nsa.
22 Behold, I command, saith Jehovah, and I will cause them to return to this city; and they shall fight against it, and take it, and burn it with fire; and I will make the cities of Judah a desolation, without inhabitant.
Merebɛhyɛ, Awurade asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.”

< Jeremiah 34 >