< Isaiah 29 >

1 Woe to Ariel, to Ariel, the city of David's encampment! Add ye year to year; let the feasts come round.
Due wo Ariel, Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no.
2 But I will distress Ariel, and there shall be sorrow and sadness; and it shall be unto me as an Ariel.
Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban; wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom, wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.
3 And I will camp against thee round about, and will lay siege against thee with watch-posts, and I will raise forts against thee.
Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia; mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.
4 And thou shalt be brought low, thou shalt speak out of the ground, and thy speech shall come low out of the dust, and thy voice shall be as of one that hath a familiar spirit, out of the ground, and thy speech shall whisper out of the dust.
Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu; mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba. Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ; wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.
5 And the multitude of thine enemies shall be like small dust, and the multitude of the terrible ones as chaff that passeth away; and it shall be in an instant, suddenly.
Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu, na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.
6 Thou shalt be visited by Jehovah of hosts with thunder and with earthquake and great noise, with whirlwind and tempest, and the flame of devouring fire.
Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ, mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.
7 And the multitude of all the nations that war against Ariel, even all that war against her and her fortifications, and that distress her, shall be as a dream of a night vision.
Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa, wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso, anaa anadwo mu anisoadehunu.
8 It shall even be as when the hungry dreameth, and, behold, he eateth; and he awaketh, and his soul is empty; or as when the thirsty dreameth, and, behold, he drinketh; and he awaketh, and, behold, he is faint, and his soul craveth: so shall the multitude of all the nations be that war against mount Zion.
Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi, na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no; sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo, nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no, saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a wɔko tia Bepɔ Sion no.
9 Be astounded and astonished, blind yourselves and be blind! They are drunken, but not with wine; they stagger, but not with strong drink.
Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa, mo ani mfira a monhunu adeɛ; mommoboro a ɛmfiri nsã, montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden.
10 For Jehovah hath poured out upon you a spirit of deep sleep, and hath closed your eyes; the prophets and your chiefs, the seers, hath he covered.
Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifoɔ no); wakata mo tiri so (adehufoɔ no).
11 And the whole vision is become unto you as the words of a book that is sealed, which they give to one that can read, saying, Read this, I pray thee; and he saith, I cannot, for it is sealed.
Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.”
12 And they give the book to him that cannot read, saying, Read this, I pray thee; and he saith, I cannot read.
Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”
13 And the Lord saith, Forasmuch as this people draw near with their mouth, and honour me with their lips, but their heart is removed far from me, and their fear of me is a commandment taught of men;
Awurade ka sɛ, “Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam, nanso wɔn akoma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
14 therefore, behold, I will proceed to do marvellously with this people, to do marvellously, even with wonder, and the wisdom of their wise [men] shall perish, and the understanding of their intelligent ones shall be hid.
Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio. Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ; mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
15 Woe unto them that hide deep, far from Jehovah, their counsel! And their works are in the dark, and they say, Who seeth us? and who knoweth us?
Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ, “Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
16 [Oh] your perverseness! — Shall the potter be esteemed as the clay, so that the work should say of him that made it, He made me not; or the thing formed say of him that formed it, He hath no understanding?
Mosisi nneɛma tiri ase. Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no! Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ, “Wo na woyɛɛ me anaa”? Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ “Ɔnnim hwee anaa”?
17 Is it not yet a very little while, and Lebanon shall be turned into a fruitful field, and the fruitful field shall be esteemed as a forest?
Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.
18 And in that day shall the deaf hear the words of the book, and, out of obscurity and out of darkness, the eyes of the blind shall see;
Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifirani ani bɛhunu adeɛ.
19 and the meek shall increase their joy in Jehovah, and the needy among men shall rejoice in the Holy One of Israel.
Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio; ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
20 For the terrible one shall come to nought, and the scorner shall be no more, and all that watch for iniquity shall be cut off,
Atutupɛfoɔ bɛyera, wɔrenhunu fɛdifoɔ bio, na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.
21 that make a man an offender for a word, and lay a snare for him that reproveth in the gate, and pervert [the judgment of] the righteous by futility.
Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ, wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.
22 Therefore thus saith Jehovah who redeemed Abraham, concerning the house of Jacob: Jacob shall not now be ashamed, neither shall his face now be pale;
Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fiefoɔ: Yakob anim renguase bio; wɔn anim rento hoa bio.
23 for when he seeth his children, the work of my hands, in the midst of him, they shall hallow my name, and hallow the Holy One of Jacob, and shall fear the God of Israel.
Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a, wɔbɛyɛ me din no kronkron; wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim.
24 And they that are of erring spirit shall know understanding, and the disobedient shall learn doctrine.
Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ; wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.

< Isaiah 29 >