< Genesis 49 >

1 And Jacob called his sons, and said, Gather yourselves together, and I will tell you what will befall you at the end of days.
Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.
2 Assemble yourselves, and hear, ye sons of Jacob, And listen to Israel your father.
“Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie; montie mo agya Israel.
3 Reuben, thou art my firstborn, My might, and the firstfruits of my vigour: Excellency of dignity, and excellency of strength.
“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɛboro animuonyam ne tumi so.
4 Impetuous as the waters, thou shalt have no pre-eminence; Because thou wentest up to thy father's couch: Then defiledst thou [it]: he went up to my bed.
Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ, de guu mʼanim ase.
5 Simeon and Levi are brethren: Instruments of violence their swords.
“Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie.
6 My soul, come not into their council; Mine honour, be not united with their assembly; For in their anger they slew men, And in their wantonness houghed oxen.
Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho, ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa, na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.
7 Cursed be their anger, for it [was] violent; And their rage, for it [was] cruel! I will divide them in Jacob, And scatter them in Israel.
Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den, na ɛyɛ atirimuɔdensɛm! Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete Israelman mu nyinaa.
8 Judah — [as to] thee, thy brethren will praise thee; Thy hand will be upon the neck of thine enemies; Thy father's children will bow down to thee.
“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.
9 Judah is a young lion; From the prey, my son, thou art gone up. He stoopeth, he layeth himself down as a lion, And as a lioness: who will rouse him up?
Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie. Wote sɛ gyata a wabutu. Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?
10 The sceptre will not depart from Judah, Nor the lawgiver from between his feet, Until Shiloh come, And to him will be the obedience of peoples.
Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.
11 He bindeth his foal to the vine, And his ass's colt to the choice vine; He washeth his dress in wine, And his garment in the blood of grapes.
Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu, na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.
12 The eyes are red with wine, And the teeth [are] white with milk.
Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo.
13 Zebulun will dwell at the shore of the seas; Yea, he will be at the shore of the ships, And his side [toucheth] upon Sidon.
“Sebulon bɛtena mpoano. Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.
14 Issachar is a bony ass, Crouching down between two hurdles.
“Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a ɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu.
15 And he saw the rest that it was good, And the land that it was pleasant; And he bowed his shoulder to bear, And was a tributary servant.
Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a, ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a, ɔbɛkuntunu agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.
16 Dan will judge his people, As another of the tribes of Israel.
“Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn sɛ Israel mmusuakuo no baako.
17 Dan will be a serpent on the way, A horned snake on the path, Which biteth the horse's heels, So that the rider falleth backwards.
Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.
18 I wait for thy salvation, O Jehovah.
“Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.
19 Gad — troops will rush upon him; But he will rush upon the heel.
“Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so, na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.
20 Out of Asher, his bread shall be fat, And he will give royal dainties.
“Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa. Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.
21 Naphtali is a hind let loose; He giveth goodly words.
“Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ.
22 Joseph is a fruitful bough; A fruitful bough by a well; [His] branches shoot over the wall.
“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba, a ɛsi asutene ho, na ne mman tra afasuo.
23 The archers have provoked him, And shot at, and hated him;
Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ, de abufuo to hyɛɛ ne so.
24 But his bow abideth firm, And the arms of his hands are supple By the hands of the Mighty One of Jacob. From thence is the shepherd, the stone of Israel:
Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;
25 From the God of thy father, and he will help thee; And from the Almighty, and he will bless thee — With blessings of heaven from above, With blessings of the deep that lieth under, With blessings of the breast and of the womb.
esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no; Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo; nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ; nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.
26 The blessings of thy father surpass the blessings of my ancestors, Unto the bounds of the everlasting hills: They shall be on the head of Joseph, And on the crown of the head of him that was separated from his brethren.
Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ. Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so.
27 Benjamin — [as] a wolf will he tear to pieces; In the morning he will devour the prey, And in the evening he will divide the booty.
“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we, na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.”
28 All these are the twelve tribes of Israel, and this is what their father spoke to them; and he blessed them: every one according to his blessing he blessed them.
Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.
29 And he charged them, and said to them, I am gathered to my people: bury me with my fathers in the cave that is in the field of Ephron the Hittite,
Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu.
30 in the cave that is in the field of Machpelah, which is opposite to Mamre, in the land of Canaan, which Abraham bought of Ephron the Hittite along with the field for a possession of a sepulchre.
Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ.
31 There they buried Abraham and Sarah his wife; there they buried Isaac and Rebecca his wife; and there I buried Leah.
Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso.
32 The purchase of the field, and of the cave that is in it, was from the children of Heth.
Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.”
33 And when Jacob had made an end of commanding his sons, he gathered his feet into the bed, and expired, and was gathered to his peoples.
Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn.

< Genesis 49 >