< Genesis 18 >

1 And Jehovah appeared to him by the oaks of Mamre. And he sat at the tent-door in the heat of the day.
Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no.
2 And he lifted up his eyes and saw, and behold, three men standing near him. And when he saw [them], he ran to meet them from the tent-door, and bowed himself to the earth,
Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn.
3 and said, Lord, if now I have found favour in thine eyes, pass not away, I pray thee, from thy servant.
Abraham kaa sɛ, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ.
4 Let now a little water be fetched, that ye may wash your feet, and rest yourselves under the tree.
Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra.
5 And I will fetch a morsel of bread; and refresh yourselves; after that ye shall pass on; for therefore have ye passed on towards your servant. And they said, So do as thou hast said.
Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.”
6 And Abraham hastened into the tent to Sarah, and said, Knead quickly three seahs of wheaten flour, and make cakes.
Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.”
7 And Abraham ran to the herd, and took a calf tender and good, and gave [it] to the attendant; and he hasted to dress it.
Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma.
8 And he took thick and sweet milk, and the calf that he had dressed, and set [it] before them; and he stood before them under the tree, and they ate.
Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.
9 And they said to him, Where is Sarah thy wife? And he said, Behold, in the tent.
Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.”
10 And he said, I will certainly return to thee at [this] time of the year, and behold, Sarah thy wife shall have a son. And Sarah was listening at the tent-door, which was behind him.
Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no.
11 Now Abraham and Sarah were old [and] advanced in age: it had ceased to be with Sarah after the manner of women.
Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho.
12 And Sarah laughed within herself, saying, After I am become old, shall I have pleasure, and my lord old?
Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”
13 And Jehovah said to Abraham, Why is this, that Sarah laughs, saying, Shall I indeed bear, when I am become old?
Enti, Awurade bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’
14 Is [any] matter too wonderful for Jehovah? At the time appointed I will return to thee, at [this] time of the year, and Sarah shall have a son.
Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
15 And Sarah denied, saying, I did not laugh; for she was afraid. And he said, No; but thou didst laugh.
Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.” Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.”
16 And the men rose up thence, and looked toward Sodom; and Abraham went with them to conduct them.
Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan.
17 And Jehovah said, Shall I hide from Abraham what I am doing?
Afei, Awurade kaa sɛ, “Adeɛ a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa?
18 Since Abraham shall indeed become a great and mighty nation; and all the nations of the earth shall be blessed in him.
Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa.
19 For I know him that he will command his children and his household after him, and they shall keep the way of Jehovah, to do righteousness and justice, in order that Jehovah may bring upon Abraham what he hath spoken of him.
Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”
20 And Jehovah said, Because the cry of Sodom and Gomorrah is great and their sin is very grievous,
Afei, Awurade kaa sɛ, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no.
21 I will go down now, and see whether they have done altogether according to the cry of it, which is come to me; and if not, I will know [it].
Mɛkɔ hɔ makɔhwɛ sɛ, deɛ wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. Sɛ ɛnte saa nso a, mɛhunu.”
22 And the men turned thence, and went towards Sodom; and Abraham remained yet standing before Jehovah.
Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina Awurade anim.
23 And Abraham drew near, and said, Wilt thou also cause the righteous to perish with the wicked?
Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa?
24 There are perhaps fifty righteous within the city: wilt thou also destroy and not forgive the place for the sake of the fifty righteous that are therein?
Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ?
25 Far be it from thee to do so, to slay the righteous with the wicked, that the righteous should be as the wicked — far be it from thee! Will not the Judge of all the earth do right?
Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?”
26 And Jehovah said, If I find at Sodom fifty righteous within the city, then I will forgive all the place for their sakes.
Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.”
27 And Abraham answered and said, Behold now, I have ventured to speak unto the Lord; I, who am dust and ashes.
Na Abraham bisaa sɛ, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi,
28 Perhaps there may want five of the fifty righteous: wilt thou destroy all the city on account of the five? And he said, If I shall find forty-five there, I will not destroy [it].
sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.”
29 And he continued yet to speak with him, and said, Perhaps there may be forty found there. And he said, I will not do it for the forty's sake.
Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.”
30 And he said, Oh, let not the Lord be angry that I speak! Perhaps there may be thirty found there. And he said, I will not do it if I find thirty there.
Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no.”
31 And he said, Behold now, I have ventured to speak with the Lord. Perhaps there may be twenty found there. And he said, I will not destroy [it] for the twenty's sake.
Afei, Abraham bisaa sɛ, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?” Onyankopɔn buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no.”
32 And he said, Oh, let not the Lord be angry, that I speak yet but this time! Perhaps there may be ten found there. And he said, I will not destroy [it] for the ten's sake.
Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?” Awurade buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.”
33 And Jehovah went away when he had ended speaking to Abraham; and Abraham returned to his place.
Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.

< Genesis 18 >