< Ecclesiastes 10 >

1 Dead flies cause the ointment of the apothecary to stink [and] ferment; [so] a little folly is weightier than wisdom [and] honour.
Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.
2 The heart of a wise [man] is at his right hand; but a fool's heart at his left.
Onyansafoɔ akoma kom kɔ nifa, nanso ɔkwasea akoma kɔ benkum.
3 Yea also, when he that is a fool walketh by the way, his sense faileth [him], and he saith to every one [that] he is a fool.
Mpo sɛ ɔkwasea nam ɛkwan so a wɔhunu sɛ ɔnnim nyansa na ɔma obiara hunu sɛ wagyimi.
4 If the spirit of the ruler rise up against thee, leave not thy place; for quietness pacifieth great offences.
Sɛ sodifoɔ bo fu wo a, nnya wʼadwuma nto hɔ; na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano.
5 There is an evil that I have seen under the sun, as an error [that] proceedeth from the ruler:
Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase. Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ:
6 folly is set in great dignities, but the rich sit in a low place.
Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn, na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.
7 I have seen servants upon horses, and princes walking as servants upon the earth.
Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so, na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.
8 He that diggeth a pit falleth into it; and whoso breaketh down a hedge, a serpent biteth him.
Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu; na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.
9 Whoso removeth stones is hurt therewith; he that cleaveth wood is endangered thereby.
Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no; na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia.
10 If the iron be blunt, and one do not whet the edge, then must he apply more strength; but wisdom is profitable to give success.
Sɛ abonnua ano akum na wɔanse ano a, ɛbɛhia ahoɔden bebree nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.
11 If the serpent bite before enchantment, then the charmer hath no advantage.
Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no a deɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara.
12 The words of a wise man's mouth are gracious; but the lips of a fool swallow up himself.
Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam, nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu.
13 The beginning of the words of his mouth is folly; and the end of his talk is mischievous madness.
Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm; na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne,
14 And the fool multiplieth words: [yet] man knoweth not what shall be; and what shall be after him, who will tell him?
na ɔkwasea woro nsɛm. Obiara nnim deɛ ɛreba, hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no?
15 The labour of fools wearieth them, because they know not how to go to the city.
Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ; na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.
16 Woe to thee, O land, when thy king is a child, and thy princes eat in the morning!
Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwa na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa.
17 Happy art thou, O land, when thy king is a son of nobles, and thy princes eat in [due] season, for strength, and not for drunkenness!
Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛ na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata de pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.
18 By much sloth fulness the framework falleth in; and through idleness of the hands the house drippeth.
Sɛ obi yɛ akwadworɔ a, ne mpunan yɛ mmerɛ; sɛ ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu.
19 A feast is made for laughter, and wine maketh life merry; but money answereth everything.
Wɔto ɛpono ma sereɛ, na nsã ma onipa ahosɛpɛ, nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.
20 Curse not the king, no, not in thy thought; and curse not the rich in thy bedchamber: for the bird of the air will carry the voice, and that which hath wings will tell the matter.
Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene, na wowɔ piam nso a, nnome osikani, ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ, na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.

< Ecclesiastes 10 >