< Deuteronomy 11 >

1 Thou shalt love then Jehovah thy God, and keep his charge, and his statutes, and his ordinances, and his commandments continually.
Dɔ Awurade wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa.
2 And know ye this day...; for [I speak] not with your children who have not known, and who have not seen the chastisement of Jehovah your God, his greatness, his powerful hand, and his stretched-out arm,
Montie ɛnnɛ sɛ, ɛnyɛ mo mma na wɔnyaa osuahunu hunuu Awurade mo Onyankopɔn ntenesoɔ, ne tumi, ne basa kɛseɛ, ne nsa a watene mu,
3 and his signs and his acts which he did in the midst of Egypt unto Pharaoh the king of Egypt, and unto all his land;
nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa.
4 and what he did unto the army of Egypt, unto their horses, and unto their chariots, over which he made the water of the Red sea flow as they pursued after you, and Jehovah destroyed them unto this day;
Wɔanhunu dwuma a mo Onyankopɔn dii Misraim asraafoɔ, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam, anaa sɛdeɛ ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ yiri faa wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn de bɛsi ɛnnɛ yi.
5 — and what he did unto you in the wilderness, until ye came to this place;
Wɔanhunu sɛdeɛ na Awurade hwɛ mo so yie wɔ ɛserɛ so hɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha.
6 and what he did unto Dathan and Abiram, the sons of Eliab, the son of Reuben, — how the earth opened its mouth, and swallowed them up, with their households, and their tents, and all the living substance that belonged to them, in the midst of all Israel.
Na wɔnni hɔ enti, wɔanhunu deɛ wɔde yɛɛ Eliab a ɔyɛ Ruben aseni mma Datan ne Abiram ɛberɛ a wɔyɛɛ bɔne na asase mu bue menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara a na nkwa wɔ mu a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no.
7 For your eyes have seen all the great work of Jehovah which he hath done.
Na mode mo ani ahunu Awurade tumi nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa.
8 Keep then all the commandment which I command you this day, that ye may be strong, and enter in and possess the land, whither ye pass over to possess it;
Monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden akɔfa asase a morebɛtwa Yordan akɔ so akɔfa yi,
9 and that ye may prolong your days in the land which Jehovah swore unto your fathers to give unto them and unto their seed, a land flowing with milk and honey.
na mo nna aware asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so.
10 For the land, whither thou enterest in to possess it, is not as the land of Egypt, from whence ye came out, where thou sowedst thy seed, and wateredst it with thy foot, as a garden of herbs;
Asase a morebɛkɔ so no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ no a na modua mfudeɛ a mode mo nan twa nsuka te sɛ deɛ moredua nhahannuane no.
11 but the land, whereunto ye are passing over to possess it, is a land of mountains and valleys, which drinketh water of the rain of heaven,
Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔ mmepɔ ne bɔnhwa a osuo tɔ wɔ hɔ yie
12 a land which Jehovah thy God careth for; the eyes of Jehovah thy God are constantly upon it, from the beginning of the year even unto the end of the year.
a ɛyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, hwɛ so yie. Na daa Awurade mo Onyankopɔn ani wɔ so firi afe no ahyɛaseɛ kɔsi nʼawieeɛ.
13 And it shall come to pass, if ye hearken diligently unto my commandments which I command you this day, to love Jehovah your God, and to serve him with all your heart and with all your soul,
Sɛ moto mo bo ase tie me mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom no a,
14 that I will give rain to your land in its season, the early rain and the latter rain; and thou shalt gather in thy corn, and thy new wine, and thine oil;
ɛnneɛ, ɔbɛtɔ osuo ne berɛ mu ama mo na moatumi atwa nnɔbaeɛ de bi ayɛ nsã ne ngo.
15 and I will give grass in thy field for thy cattle; and thou shalt eat and be full.
Ɔbɛma mo ɛserɛ pii na mo anantwie awe na mo nso mobɛdidi amee.
16 Take heed to yourselves, that your heart be not deceived, and ye turn aside and serve other gods, and bow down to them,
Monnnane mo akoma mfiri Awurade so nkɔsom anyame foforɔ.
17 and Jehovah's wrath kindle against you, and he shut up the heavens, that there be no rain, and that the ground yield not its produce, and ye perish quickly from off the good land which Jehovah is giving you.
Sɛ moyɛ saa a, Awurade Abufuo no bɛhuru atia mo. Ɔbɛto ɔsoro mu, agyina osutɔ, na mo nnɔbaetwa ayɛ basaa. Na ntɛm so, mobɛwuwu wɔ asase a Awurade de rema mo no so.
18 And ye shall lay up these my words in your heart and in your soul, and bind them for a sign upon your hand, and they shall be for frontlets between your eyes.
Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire.
19 And ye shall teach them unto your children, speaking of them when thou sittest in thy house, and when thou goest on the way, and when thou liest down, and when thou risest up;
Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
20 and write them upon the posts of thy house, and upon thy gates;
Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho,
21 that your days may be multiplied, and the days of your children, in the land which Jehovah swore unto your fathers to give them, as the days of the heavens [which are] above the earth.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.
22 For if ye diligently keep all this commandment which I command you [this day] to do it, to love Jehovah your God, to walk in all his ways, and to cleave unto him,
Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo yi so; monnante Awurade, mo Onyankopɔn, akwan so na momfa mo ho mmata ne ho mfa nkyerɛ ɔdɔ a modɔ no.
23 then will Jehovah dispossess all these nations from before you, and ye shall take possession of nations greater and mightier than yourselves.
Ɛwom sɛ aman a wɔwɔ mo asase so yɛ den sen mo deɛ, nanso Awurade bɛpamo wɔn nyinaa.
24 Every place whereon the sole of your foot shall tread shall be yours; from the wilderness and Lebanon, from the river, the river Euphrates, even unto the hinder sea shall your border be.
Baabiara a mode mo nan bɛtia no, asase no bɛyɛ mo dea. Mo ahyeɛ bɛyɛ ɛfiri ɛserɛ so anafoɔ kɔsi Lebanon wɔ atifi fam de firi Asubɔnten Eufrate wɔ apueeɛ fam kɔsi Ntam Po no fam.
25 No man shall be able to stand before you: the fear of you and the dread of you will Jehovah your God lay upon all the land that ye shall tread upon, as he hath said unto you.
Obiara rentumi nsɔre ntia mo, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛto mo ho hu ne mo ho suro adi mo anim sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no wɔ baabiara a mobɛkɔ wɔ asase no so.
26 See, I set before you this day a blessing and a curse:
Hwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim,
27 a blessing, if ye obey the commandments of Jehovah your God, which I command you this day;
Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira.
28 and a curse, if ye will not obey the commandments of Jehovah your God, but turn aside out of the way which I command you this day, to go after other gods which ye have not known.
Na sɛ mopo Awurade, mo Onyankopɔn mmara dane firi nʼakwan a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so, kɔsom anyame foforɔ a, ɛbɛyɛ nnome.
29 And it shall come to pass, when Jehovah thy God hath brought thee into the land whither thou enterest in to possess it, that thou shalt put the blessing upon mount Gerizim, and the curse upon mount Ebal.
Na sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, de mo duru asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfiri Gerisim Bepɔ no so na monka nnome nsɛm nso mfiri Ebal Bepɔ so.
30 Are they not on the other side of the Jordan, beyond the way toward the going down of the sun, in the land of the Canaanites that dwell on the plain opposite to Gilgal, beside the oaks of Moreh?
Saa mmepɔ mmienu yi wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, asase a na Kanaanfoɔ a na wɔte Yordan subɔnhwa a ɛbɛn kuro Gilgal no te hɔ. Na wɔwɔ atɔeɛ fam a ɛbɛn More kwaeɛ no.
31 For ye pass over the Jordan to enter in to possess the land which Jehovah your God giveth you, and ye shall take possession of it, and dwell therein.
Moreyɛ atwa Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a,
32 And ye shall take heed to do all the statutes and ordinances which I set before you this day.
monhwɛ yie na monni mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.

< Deuteronomy 11 >