< 2 Samuel 7 >

1 And it came to pass when the king dwelt in his house, and Jehovah had given him rest round about from all his enemies,
Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ wɔ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no,
2 that the king said to Nathan the prophet, See now, I dwell in a house of cedars, and the ark of God dwells under curtains.
Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan sɛ, “Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu.”
3 And Nathan said to the king, Go, do all that is in thy heart; for Jehovah is with thee.
Na Natan buaa ɔhene no sɛ, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”
4 And it came to pass that night that the word of Jehovah came to Nathan, saying,
Na anadwo no, Awurade asɛm baa Natan so sɛ,
5 Go and say to my servant, to David, Thus saith Jehovah: Wilt thou build me a house for me to dwell in?
“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wone obi a ɛsɛ sɛ wosi ɛdan ma me na metena mu anaa?
6 For I have not dwelt in a house since the day that I brought up the children of Israel out of Egypt, even to this day, but I went about in a tent and in a tabernacle.
Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ kɔ beaeɛ.
7 In all my going about with all the children of Israel, did I speak a word with any of the tribes of Israel, whom I commanded to feed my people Israel, saying, Why build ye me not a house of cedars?
Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?”’
8 And now, thus shalt thou say unto my servant David, Thus saith Jehovah of hosts: I took thee from the pasture-grounds, from following the sheep, to be prince over my people, over Israel;
“Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade Otumfoɔ seɛ nie: Meyii wo firii mmoa adidibea ne nnwan akyidie mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene.
9 and I have been with thee whithersoever thou wentest, and have cut off all thine enemies from before thee, and have made thee a great name, like unto the name of the great men that are on the earth.
Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din wɔ asase yi nyinaa so.
10 And I will appoint a place for my people, for Israel, and will plant them, that they may dwell in a place of their own, and be disturbed no more; neither shall the sons of wickedness afflict them any more, as formerly,
Na mapɛ tenaberɛ ama me nkurɔfoɔ Israel; beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no,
11 and since the time that I commanded judges to be over my people Israel. And I have given thee rest from all thine enemies; and Jehovah telleth thee that Jehovah will make thee a house.
ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam. “‘Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie.
12 When thy days are fulfilled, and thou shalt sleep with thy fathers, I will set up thy seed after thee, which shall proceed out of thy bowels, and I will establish his kingdom.
Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase.
13 It is he who shall build a house for my name, and I will establish the throne of his kingdom for ever.
Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ.
14 I will be his father, and he shall be my son. If he commit iniquity, I will chasten him with the rod of men and with the stripes of the sons of men;
Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso.
15 but my mercy shall not depart away from him, as I took it from Saul, whom I put away from before thee.
Nanso, merenyi me dɔ mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no.
16 And thy house and thy kingdom shall be made firm for ever before thee: thy throne shall be established for ever.
Wo fie ne wʼahemman bɛtim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena hɔ daa.’”
17 According to all these words, and according to all this vision, so did Nathan speak to David.
Natan kaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ Dawid.
18 And king David went in and sat before Jehovah, and said, Who am I, Lord Jehovah, and what is my house, that thou hast brought me hitherto?
Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ yɛ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ?
19 And yet this hath been a small thing in thy sight, Lord Jehovah; but thou hast spoken also of thy servant's house for a great while to come. And is this the manner of man, Lord Jehovah?
Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ?
20 And what can David say more to thee? for thou, Lord Jehovah, knowest thy servant.
“Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ.
21 For thy word's sake, and according to thine own heart, hast thou done all this greatness, to make thy servant know [it].
Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ.
22 Wherefore thou art great, Jehovah Elohim; for there is none like thee, neither is there any God beside thee, according to all that we have heard with our ears.
“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm!
23 And who is like thy people, like Israel, the one nation in the earth that God went to redeem to be a people to himself, and to make himself a name, and to do for them great things and terrible, for thy land, before thy people, which thou redeemedst to thyself from Egypt, from the nations and their gods?
Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ.
24 And thou hast established to thyself thy people Israel to be a people unto thee for ever; and thou, Jehovah, art become their God.
Woatim wo nkurɔfoɔ Israel sɛ wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
25 And now, Jehovah Elohim, the word that thou hast spoken concerning thy servant and concerning his house, fulfil it for ever, and do as thou hast said.
“Na afei, Awurade Onyankopɔn, di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
26 And let thy name be magnified for ever, saying, Jehovah of hosts is God over Israel; and let the house of thy servant David be established before thee.
Na ma wo din nkron afebɔɔ na ewiase nyinaa nka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Israel so Onyankopɔn.’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie ase ntim wɔ wʼanim.
27 For thou, Jehovah of hosts, the God of Israel, hast revealed to thy servant, saying, I will build thee a house; therefore hath thy servant found in his heart to pray this prayer unto thee.
“Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri sɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me.
28 And now, Lord Jehovah, thou art that God, and thy words are true, and thou hast promised this goodness unto thy servant;
Ao, Awurade Otumfoɔ, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotosoɔ, na woahyɛ wo ɔsomfoɔ nnepa ho bɔ.
29 and now let it please thee to bless the house of thy servant, that it may be before thee for ever; for thou, Lord Jehovah, hast spoken it; and with thy blessing shall the house of thy servant be blessed for ever.
Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wobɛhyira wʼakoa fie so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Ao Awurade Otumfoɔ, woakasa, na wo nhyira a wode bɛhyira wo ɔsomfoɔ fie no bɛyɛ daapem nhyira.”

< 2 Samuel 7 >