< 2 Samuel 13 >

1 And it came to pass after this, that Absalom the son of David having a beautiful sister, whose name was Tamar, Amnon the son of David loved her.
Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabaa bi a na ne ho yɛ fɛ yie. Na saa ɔbaa no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.
2 And Amnon was so vexed, that he fell sick for his sister Tamar; for she was a virgin; and it seemed difficult for Amnon to do the least thing to her.
Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii sɛ ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu sɛ ne dɔ no nkɔsi hwee.
3 And Amnon had a friend whose name was Jonadab, the son of Shimeah David's brother; and Jonadab was a very shrewd man.
Na Amnon wɔ adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.
4 And he said to him, Why dost thou, the king's son, get thinner from morning to morning? Wilt thou not tell me? And Amnon said to him, I love Tamar, my brother Absalom's sister.
Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.”
5 And Jonadab said to him, Lay thee down on thy bed and feign thyself sick; and when thy father comes to see thee, say to him, I pray thee, let my sister Tamar come, and give me food, and dress the food in my sight, that I may see it, and eat it from her hand.
Yonadab kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛ deɛ woyare no. Sɛ wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo.”
6 So Amnon lay down and feigned himself sick; and the king came to see him, and Amnon said to the king, I pray thee, let Tamar my sister come, and make a couple of cakes in my sight, that I may eat from her hand.
Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.”
7 And David sent home to Tamar, saying, Go, I pray thee, to thy brother Amnon's house, and dress him food.
Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no.
8 And Tamar went to her brother Amnon's house; and he had lain down. And she took flour and kneaded it, and made cakes in his sight, and baked the cakes.
Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie hɔ no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ sɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no.
9 And she took the pan, and poured them out before him; but he refused to eat. And Amnon said, Put every man out from me. And they went out every man from him.
Nanso, ɔde aduane no guu apaawa so bɛsii nʼanim no, wampɛ sɛ ɔdi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ!” Enti, wɔn nyinaa kɔeɛ.
10 And Amnon said to Tamar, Bring the dish into the chamber, that I may eat of thy hand. And Tamar took the cakes that she had made, and brought them into the chamber to Amnon her brother.
Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar sɛ, “Fa aduane no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti, Tamar maa so de kɔɔ hɔ.
11 And she presented them to him to eat; and he took hold of her, and said to her, Come, lie with me, my sister.
Na ɛberɛ a ɔgu so de rema no no, ɔto hyɛɛ ne so, na ɔkaa sɛ, “Wo ne me nna, me nuabaa ɔdɔfoɔ.”
12 And she said to him, No, my brother, do not humble me; for no such thing is done in Israel: do not this infamy.
Na Tamar teaam sɛ, “Dabi, onua barima! Nni saa nkwaseasɛm no! Ɛnyɛ me saa! Wonim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ wɔ Israel.
13 And I, whither shall I carry my reproach? and thou wouldest be as one of the infamous in Israel. And now, I pray thee, speak to the king; for he will not withhold me from thee.
Na ɛhe na anka mede saa aniwuo no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.”
14 But he would not hearken to her voice, and was stronger than she, and humbled her and lay with her.
Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa.
15 And Amnon hated her with an exceeding great hatred, for the hatred with which he hated her was greater than the love with which he had loved her. And Amnon said to her, Arise, be gone.
Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no danee ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteateaam sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm!”
16 And she said to him, There is no cause for this evil in sending me away, [which] is greater than the other that thou didst to me. But he would not hearken to her.
Tamar nso teateaam sɛ, “Dabi. Sɛ worepam me afiri ha seesei no yɛ bɔne kɛseɛ koraa sene deɛ woayɛ me dada no.” Nanso, Amnon ampɛ sɛ ɔbɛtie no.
17 Then he called his young man that attended upon him, and said, Put now this [woman] out from me, and bolt the door after her.
Ɔteaam frɛɛ ne ɔsomfoɔ hyɛɛ no sɛ, “Pam saa ɔbaa yi firi ha, na to ɛpono no mu!”
18 Now she had a vest of many colours upon her; for so were the king's daughters that were virgins apparelled. And his attendant brought her out, and bolted the door after her.
Enti, ɔsomfoɔ no pamoo no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛdeɛ na amanneɛ kyerɛ wɔ ɔhene babaa a ɔyɛ ɔbaabunu ho no.
19 And Tamar put ashes on her head, and rent her vest of many colours which was on her, and laid her hand on her head, and went away, crying out as she went.
Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so.
20 And Absalom her brother said to her, Has Amnon thy brother been with thee? and now, my sister, be still: he is thy brother; take not this thing to heart. And Tamar remained, and [that] desolate, in her brother Absalom's house.
Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie.
21 And king David heard of all these things, and he was very angry.
Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie.
22 And Absalom spoke to Amnon neither good nor bad; for Absalom hated Amnon, because he had humbled his sister Tamar.
Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase.
23 And it came to pass after two full years, that Absalom had sheepshearers in Baal-Hazor, which is beside Ephraim; and Absalom invited all the king's sons.
Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.
24 And Absalom came to the king, and said, Behold, now, thy servant has sheepshearers; let the king, I pray thee, and his servants go with thy servant.
Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?”
25 And the king said to Absalom, No, my son, let us not all go, lest we be burdensome to thee. And he urged him, but he would not go; and he blessed him.
Ɔhene buaa sɛ, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene sɛ ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ.
26 And Absalom said, If not, I pray thee, let my brother Amnon go with us. And the king said to him, Why should he go with thee?
Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa Amnon?”
27 But Absalom pressed him; and he let Amnon and all the king's sons go with him.
Nanso, ɔhyɛɛ no enti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.
28 And Absalom commanded his servants, saying, Mark ye now when Amnon's heart is merry with wine, and when I say to you, Smite Amnon; then slay him, fear not: have not I commanded you? be courageous, and be valiant.
Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ, “Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ.”
29 And the servants of Absalom did to Amnon as Absalom had commanded. Then all the king's sons arose, and they rode each upon his mule and fled.
Enti, Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmammarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfunumu so, na wɔdwaneeɛ.
30 And it came to pass, while they were in the way, that tidings came to David, saying, Absalom has smitten all the king's sons, and there is not one of them left.
Ɛberɛ a wɔresane akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duruu Dawid asom sɛ, “Absalom akunkum wo mmammarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.”
31 Then the king arose, and rent his garments, and lay on the earth; and all his servants stood by with their garments rent.
Ɔhene no huri sii fam, sunsuanee nʼatadeɛ mu, daa fam. Nʼafotufoɔ nyinaa de ahodwirie ne awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, dedaa fam saa ara.
32 And Jonadab, the son of Shimeah David's brother, answered and said, Let not my lord suppose that they have slain all the young men the king's sons; for Amnon only is dead; for by the appointment of Absalom this has been determined from the day that he humbled his sister Tamar.
Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu hɔ kaa sɛ, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.
33 And now let not my lord the king take the thing to heart, to say, All the king's sons are dead; for Amnon only is dead.
Dabi, wo mma no nyinaa nwuwuiɛ saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
34 And Absalom fled. And the young man that watched lifted up his eyes and looked, and behold, there came much people from the way behind him, from the hill-side.
Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane. Ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ Yerusalem ɔfasuo so no hunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ firi atɔeɛ fam reba kuro no mu. Ɔtuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amaneɛ sɛ, “Mahunu sɛ ɛdɔm firi Horonaim ɛkwan a ɛda bepɔ no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
35 And Jonadab said to the king, Behold, the king's sons come: as thy servant said, so it is.
Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛdeɛ mekaeɛ no.”
36 And as soon as he had ended speaking, behold, the king's sons came, and lifted up their voice and wept; and the king also and all his servants wept very bitterly.
Ankyɛre na wɔbɛduruiɛ a, wɔretwa adwo, te anisuo, na ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso twaa agyaadwoɔ.
37 And Absalom fled, and went to Talmai, the son of Ammihud, king of Geshur. And [David] mourned for his son every day.
Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom dwane kɔɔ ne nana barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
38 Now Absalom fled, and went to Geshur, and was there three years.
Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfeɛ mmiɛnsa.
39 And king David longed to go forth to Absalom; for he was comforted concerning Amnon, seeing he was dead.
Na Dawid a afei wagyae Amnon wuo no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom sane ka bom.

< 2 Samuel 13 >