< 2 Kings 1 >

1 And Moab rebelled against Israel after the death of Ahab.
Ɔhene Ahab wuo akyi, Moabman tee wɔn ho firii Israel ho, nyaa nʼahofadie.
2 And Ahaziah fell down through the lattice in his upper chamber which was in Samaria, and was sick; and he sent messengers and said to them, Go, inquire of Baal-zebub the god of Ekron, whether I shall recover from this disease.
Ɛda bi, Israelhene foforɔ Ahasia firii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfie mpomma mu te hwee fam, ma ɔpiraa yie. Enti ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub Ekron nyame nkyɛn abisa, kɔbisaa sɛ ɔbɛnya ahoɔden anaa.
3 And the angel of Jehovah said to Elijah the Tishbite, Arise, go up to meet the messengers of the king of Samaria, and say to them, Is it because there is not a God in Israel, that ye go to inquire of Baal-zebub the god of Ekron?
Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ, “Kɔ na kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa?’
4 Now therefore thus saith Jehovah: Thou shalt not come down from the bed on which thou art gone up, but shalt certainly die. And Elijah departed.
Seesei, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’” Na Elia kɔkaa nkra no.
5 And the messengers returned to him; and he said to them, Why have ye returned?
Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane baa ɔhene nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moaba ntɛm saa?”
6 And they said unto him, A man came up to meet us, and said to us, Go, return to the king that sent you and say to him, Thus saith Jehovah: Is it because there is not a God in Israel, that thou sendest to inquire of Baal-zebub the god of Ekron? therefore thou shalt not come down from the bed on which thou art gone up, but shalt certainly die.
Wɔbuaa sɛ, “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsane nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde firi Awurade nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn enti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.’”
7 And he said to them, What manner of man was he that came up to meet you, and told you these words?
Ɔhene no bisaa sɛ, “Na saa ɔbarima no yɛ hwan? Na ɔte sɛn?”
8 And they said to him, He was a man in a hairy [garment], and girt with a girdle of leather about his loins. And he said, It is Elijah the Tishbite.
Wɔbuaa sɛ, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboa nwoma abɔsoɔ.” Ɔhene no teaam sɛ, “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
9 And he sent to him a captain of fifty with his fifty. And he went up to him, and behold, he sat on the top of the mount. And he spoke to him: Man of God, the king says, Come down!
Ɔsomaa asraafoɔ so safohene ne asraafoɔ aduonum sɛ wɔnkɔkye no. Wɔhunuu sɛ ɔte bepɔ bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.”
10 And Elijah answered and said to the captain of fifty, And if I be a man of God, let fire come down from the heavens and consume thee and thy fifty. And there came down fire from the heavens, and consumed him and his fifty.
Na Elia buaa ɔsahene no sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa.
11 And again he sent to him another captain of fifty with his fifty. And he spoke and said to him, Man of God, thus says the king: Come down quickly!
Enti, ɔhene no sane somaa ɔsafohene foforɔ a asraafoɔ aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn onipa, ɔhene se bra seesei ara.”
12 And Elijah answered and said to them, If I be a man of God, let fire come down from the heavens and consume thee and thy fifty. And the fire of God came down from the heavens, and consumed him and his fifty.
Elia buaa sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn onipa deɛ a, ɛnneɛ, ma ogya mfiri ɔsoro mmra mmɛhye wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya firi ɔsoro bɛkunkum wɔn nyinaa.
13 And again he sent the captain of a third fifty with his fifty. And the third captain of fifty went up, and came and fell on his knees before Elijah, and besought him and said to him, Man of God, I pray thee, let my life, and the life of these fifty thy servants, be precious in thy sight.
Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafoɔ aduonum. Saa ɛberɛ yi deɛ, ɔsafohene no kɔbuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfoɔ aduonum yi nkwa kyɛ yɛn.
14 Behold, there came down fire from the heavens, and consumed the two captains of the former fifties with their fifties; but now, let my life be precious in thy sight.
Hwɛ sɛdeɛ ogya firi ɔsoro abɛhye akuo mmienu a wɔdi ɛkan no. Nanso, seesei mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!”
15 And the angel of Jehovah said to Elijah, Go down with him: be not afraid of him. And he arose, and went down with him to the king.
Na Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn.
16 And he said to him, Thus saith Jehovah: Forasmuch as thou hast sent messengers to inquire of Baal-zebub the god of Ekron, is it because there is no God in Israel to inquire of his word? therefore thou shalt not come down from the bed on which thou art gone up, but shalt certainly die.
Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Adɛn enti na wosomaa abɔfoɔ kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene bɛnya ahoɔden anaa? Onyankopɔn nni Israel anaa? Esiane sɛ woayɛ saa enti, worensɔre mfiri mpa a woda soɔ no so da. Na deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛwu.”
17 And he died according to the word of Jehovah that Elijah had spoken. And Jehoram began to reign in his stead, in the second year of Jehoram the son of Jehoshaphat king of Judah; for he had no son.
Na Ahasia wuiɛ sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ enti, ne nuabarima Yoram na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedie mfeɛ mmienu mu.
18 And the rest of the acts of Ahaziah, what he did, are they not written in the book of the chronicles of the kings of Israel?
Nsɛm a ɛsisii wɔ Ahasia ahennie mu no nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

< 2 Kings 1 >