< 2 Chronicles 24 >

1 Joash was seven years old when he began to reign; and he reigned forty years in Jerusalem; and his mother's name was Zibiah of Beer-sheba.
Yoas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ nson, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na ne maame din de Sibia a ɔfiri Beer-Seba.
2 And Joash did what was right in the sight of Jehovah all the days of Jehoiada the priest.
Yoas yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfoɔ Yehoiada nkwa nna nyinaa.
3 And Jehoiada took for him two wives; and he begot sons and daughters.
Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmammarima ne mmammaa.
4 And it came to pass after this, that Joash was minded to renew the house of Jehovah.
Akyire no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no.
5 And he gathered together the priests and the Levites, and said to them, Go out to the cities of Judah and collect of all Israel money for the repair of the house of your God from year to year, and ye shall hasten the matter. But the Levites hastened it not.
Enti, ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Yuda nkuro nyinaa so ntɛm, na monkɔgyegye afirinhyiatoɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi asiesie mo Onyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso, Lewifoɔ no ankɔ prɛko pɛ.
6 And the king called for Jehoiada the chief, and said to him, Why hast thou not required of the Levites to bring in out of Judah and out of Jerusalem the tribute of Moses the servant of Jehovah [laid upon] the congregation of Israel, for the tent of the testimony?
Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanin Yehoiada bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wommisaa Lewifoɔ no deɛ enti a wɔnkɔɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem nkɔgyegyee Asɔredan ho toɔ no? Mose, Awurade ɔsomfoɔ, gyegyee ɔman Israel saa toɔ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi asiesie Apam Ntomadan no.”
7 For the wicked Athaliah [and] her sons had devastated the house of God; and also all the hallowed things of the house of Jehovah had they employed for the Baals.
Mfeɛ pii mu no, otirimuɔdenfoɔ Atalia akyidifoɔ bɔ wuraa Onyankopɔn Asɔredan mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔfa de somm Baal ahoni.
8 And the king commanded, and they made a chest, and set it at the gate of the house of Jehovah without,
Enti, afei, Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɛkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi.
9 and they made a proclamation through Judah and Jerusalem, to bring to Jehovah the tribute of Moses the servant of God [laid upon] Israel in the wilderness.
Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim sɛ, wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so no mmrɛ Awurade.
10 And all the princes and all the people rejoiced, and brought in and cast into the chest, until they had finished.
Ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no penee so, enti wɔde anigyeɛ de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma.
11 And it came to pass at the time the chest was brought for the king's control by the hand of the Levites, and when they saw that there was much money, the king's scribe and high priest's officer came, and they emptied the chest, and took it, and carried it to its place again. Thus they did day by day, and gathered money in abundance.
Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifoɔ no soa de kɔma ɔhene mpanimfoɔ. Na asɛnniiɛ twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin ananmusini bi akan sika no, na wɔasane de adaka no akɔsi Asɔredan no ɛpono ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wɔnyaa sika bebree.
12 And the king and Jehoiada gave it to such as did the work of the service of the house of Jehovah, and they hired masons and carpenters to renew the house of Jehovah, and also such as wrought in iron and bronze, to repair the house of Jehovah.
Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansie sohwɛfoɔ, ma wɔfaa adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ, ma wɔsiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnadeɛ adwumfoɔ maa wɔde nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.
13 So the workmen wrought, and the work was perfected by them, and they set the house of God in its state, and strengthened it.
Na mmarima a wɔhwɛ ɛdan no nsiesie so no yɛɛ adwumaden ma adwuma no kɔɔ so sɛdeɛ ɛfata. Wɔsii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dada no sɛso na wɔhyɛɛ mu den.
14 And when they had finished, they brought the rest of the money before the king and Jehoiada; and they made of it vessels for the house of Jehovah, utensils to minister, and with which to offer up, and cups, and utensils of gold and silver. And they offered up burnt-offerings in the house of Jehovah continually all the days of Jehoiada.
Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu Awurade asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
15 And Jehoiada grew old and was full of days, and he died; he was a hundred and thirty years old when he died.
Yehoiada nyinii yie, ɔwuiɛ no na wadi mfirinhyia ɔha ne aduasa.
16 And they buried him in the city of David among the kings, because he had done good in Israel, both toward God and toward his house.
Wɔsiee no ahemfo asieeɛ wɔ Dawid kurom, ɛfiri sɛ, na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.
17 And after the death of Jehoiada the princes of Judah came and made obeisance to the king; then the king hearkened to them.
Yehoiada owuo akyi no, Yuda ntuanofoɔ bɛkotoo ɔhene Yoas anim, srɛɛ no sɛ ɔntie wɔn afotuo.
18 And they forsook the house of Jehovah the God of their fathers, and served the Asherahs and idols; and wrath came upon Judah and Jerusalem for this their trespass.
Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛgya Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera afɔrebukyia no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne enti.
19 And he sent prophets among them to bring them again to Jehovah, and they testified against them; but they would not give ear.
Awurade somaa adiyifoɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.
20 And the Spirit of God came upon Zechariah the son of Jehoiada the priest; and he stood up above the people and said unto them, Thus saith God: Wherefore do ye transgress the commandments of Jehovah? And ye cannot prosper; for ye have forsaken Jehovah, and he hath forsaken you.
Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni Awurade ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri sɛ, moagya Awurade ama ɔno nso agya mo!”
21 And they conspired against him, and stoned him with stones at the command of the king in the court of the house of Jehovah.
Na ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Sakaria ho sɛ wɔbɛkum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wɔsii no aboɔ, kumm no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ hɔ.
22 And king Joash remembered not the kindness which Jehoiada his father had done to him, but slew his son. And when he died, he said, Jehovah see and require [it]!
Na ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne babarima. Sakaria rewuo no, nsɛm a ɔka twaa toɔ ne sɛ, “Awurade nhunu deɛ wɔreyɛ na ɔmma wɔmmu ho akonta!”
23 And it came to pass at the end of the year [that] the army of Syria came up against him; and they entered into Judah and Jerusalem, and destroyed all the princes of the people from among the people, and sent all the spoil of them to the king at Damascus.
Afe no ahyɛaseɛ no, Aram akodɔm bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛeɛ, kunkumm ntuanofoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asadeɛ a wɔnyaeɛ nyinaa, de kɔmaa wɔn ɔhene wɔ Damasko.
24 Truly with a small company of men came the army of the Syrians, but Jehovah delivered a very great army into their hand, because they had forsaken Jehovah the God of their fathers; and they executed judgment upon Joash.
Ɛwom sɛ Aram dɔm a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no sua deɛ, nanso, Awurade boaa wɔn maa wɔdii Yuda akodɔm kɛseɛ no so nkonim. Yudafoɔ gyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, ɛno enti Awurade buu atɛn tiaa Yoas.
25 And when they had departed from him (for they left him in great diseases), his own servants conspired against him for the blood of the sons of Jehoiada the priest, and slew him on his bed, and he died; and they buried him in the city of David, but they did not bury him in the sepulchres of the kings.
Aramfoɔ twee wɔn ho na wɔgyaa Yoas a na wapira yie no hɔ. Nanso, ɔno ankasa mpanimfoɔ dwenee ho sɛ, ɛsiane sɛ ɔkumm ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima enti, wɔbɛkum no. Wɔkumm no wɔ ɛberɛ a ɔda mpa so. Na wɔsiee no Dawid kurom a wɔankɔsie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ.
26 And these are they that conspired against him: Zabad the son of Shimeath an Ammonitess, and Jehozabad the son of Shimrith a Moabitess.
Na awudifoɔ no yɛ Yosabat a ɔyɛ Amonni baa Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabni baa Simrit babarima.
27 And as to his sons, and the greatness of the burdens [laid] upon him, and the building of the house of God, behold, they are written in the treatise of the book of the kings. And Amaziah his son reigned in his stead.
Wɔatwerɛ nsɛm a ɛfa Yoas mmammarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no nsiesie wɔ Ahene nwoma nkyerɛmu no mu. Yoas wuiɛ no, ne babarima Amasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 24 >