< 1 Kings 18 >

1 And it came to pass after many days, that the word of Jehovah came to Elijah in the third year, saying, Go, shew thyself to Ahab; and I will send rain upon the face of the earth.
Mfeɛ mmiɛnsa akyi, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn sɛ, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no sɛ ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so.”
2 And Elijah went to shew himself to Ahab. And the famine was severe in Samaria.
Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria.
3 And Ahab called Obadiah, who was the steward of his house (now Obadiah feared Jehovah greatly;
Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye Awurade di yie.
4 and it was so, when Jezebel cut off the prophets of Jehovah, that Obadiah took a hundred prophets, and hid them by fifty in a cave, and maintained them with bread and water);
Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.
5 and Ahab said to Obadiah, Go through the land, to all the fountains of water and to all the torrents, perhaps we may find grass to save the horses and the mules alive, so that we may not have to destroy some of [our] beasts.
Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa sɛ ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu.”
6 And they divided the land between them to pass through it: Ahab went one way by himself, and Obadiah went another way by himself.
Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa.
7 And as Obadiah was on the way, behold, Elijah met him; and he knew him, and fell on his face, and said, Is it indeed thou, my lord Elijah?
Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?”
8 And he said to him, I [am he]: go, say to thy lord, Behold Elijah!
Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’”
9 And he said, What have I sinned, that thou givest thy servant into the hand of Ahab, to put me to death?
Obadia bisaa sɛ, “Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me?
10 As Jehovah thy God liveth, there is no nation or kingdom whither my lord has not sent to seek thee; and when they said, He is not [here], he took an oath of the kingdom or nation that they found thee not.
Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo.
11 And now thou sayest, Go, say to thy lord, Behold Elijah!
Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha.’
12 And it shall come to pass when I am gone from thee, that the Spirit of Jehovah shall carry thee whither I know not; and when I come and tell Ahab, and he cannot find thee, he will kill me; and I thy servant fear Jehovah from my youth.
Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom Awurade firi me mmɔfraase.
13 Was it not told my lord what I did when Jezebel slew the prophets of Jehovah, how I hid a hundred men of Jehovah's prophets by fifty in a cave, and maintained them with bread and water?
Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no anaa? Mede Awurade adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso.
14 And now thou sayest, Go, say to thy lord, Behold Elijah! and he will kill me.
Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!”
15 And Elijah said, As Jehovah of hosts liveth, before whom I stand, I will certainly shew myself to him to-day.
Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.”
16 Then Obadiah went to meet Ahab, and told him. And Ahab went to meet Elijah.
Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia.
17 And it came to pass when Ahab saw Elijah, that Ahab said to him, Is it thou, the troubler of Israel?
Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no sɛ, “Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?”
18 And he said, I have not troubled Israel, but thou and thy father's house, in that ye have forsaken the commandments of Jehovah, and thou hast followed the Baals.
Elia buaa sɛ, “Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae Awurade mmara so die, akɔdi Baal akyi.
19 And now send, gather to me all Israel to mount Carmel, and the prophets of Baal four hundred and fifty, and the prophets of the Asherah four hundred, who eat at Jezebel's table.
Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra.”
20 So Ahab sent to all the children of Israel, and gathered the prophets together unto mount Carmel.
Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano wɔ Karmel bepɔ so.
21 Then Elijah drew near to all the people, and said, How long do ye halt between two opinions? if Jehovah be God, follow him; and if Baal, follow him. And the people answered him not a word.
Elia dii nnipa no anim kaa sɛ, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi.” Nanso, nnipa no yɛɛ dinn.
22 And Elijah said to the people, I, only I, remain a prophet of Jehovah; and Baal's prophets are four hundred and fifty men.
Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, “Me nko ara ne Awurade odiyifoɔ a maka, nanso Baal wɔ adiyifoɔ ahanan aduonum.
23 Let them therefore give us two bullocks: and let them choose one bullock for themselves, and cut it in pieces, and put it on the wood, and put no fire; and I will sacrifice the other bullock, and put it on the wood, and put no fire.
Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya.
24 And call ye on the name of your gods, and I will call on the name of Jehovah; and the god that answers by fire, let him be God. And all the people answered and said, The word is good.
Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.” Ɔmanfoɔ no nyinaa penee so.
25 And Elijah said to the prophets of Baal, Choose one bullock for yourselves, and sacrifice it first; for ye are the many; and call on the name of your god, but put no fire.
Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ, “Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri sɛ, mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya.”
26 And they took the bullock which had been given them, and sacrificed it, and called on the name of Baal from morning until noon, saying, O Baal, answer us! But there was no voice, and none answered. And they leaped about the altar that had been made.
Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa sɛ wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa sɛ, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ.
27 And it came to pass at noon that Elijah mocked them and said, Cry aloud; for he is a god; for he is meditating, or gone aside, or he is on a journey; perhaps he sleeps, and will awake.
Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho fɛ sɛ, “Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ sɛ wɔnyane no.”
28 And they cried aloud, and cut themselves after their manner with swords and spears, till the blood gushed out upon them.
Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn.
29 And it came to pass when midday was past, that they prophesied until the [time] of the offering up of the oblation; but there was neither voice, nor any that answered, nor any attention.
Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
30 Then Elijah said to all the people, Draw near to me. And all the people drew near to him. And he repaired the altar of Jehovah which was broken down.
Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee Awurade afɔrebukyia a na abubuo no.
31 And Elijah took twelve stones, according to the number of the tribes of the sons of Jacob, to whom the word of Jehovah came saying, Israel shall be thy name;
Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako,
32 and with the stones he built an altar in the name of Jehovah, and made a trench round about the altar, of the capacity of two measures of seed;
na ɔde aboɔ no sane sii Awurade afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ.
33 and he put the wood in order, and cut the bullock in pieces, and laid it on the wood. And he said, Fill four pitchers with water, and pour it on the burnt-offering, and on the wood.
Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.” Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no,
34 And he said, Do it the second time. And they did it the second time. And he said, Do it the third time. And they did it the third time.
ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ara bio!” Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no,
35 And the water ran round about the altar; and he filled the trench also with water.
maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so.
36 And it came to pass at [the time of] the offering up of the oblation, that Elijah the prophet drew near, and said, Jehovah, God of Abraham, Isaac and Israel, let it be known this day that thou art God in Israel, and that I am thy servant, and that I have done all these things by thy word.
Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo.
37 Answer me, Jehovah, answer me, that this people may know that thou Jehovah art God, and [that] thou hast turned their heart back again.
Ao, Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.”
38 And the fire of Jehovah fell, and consumed the burnt-offering, and the wood, and the stones, and the dust, and licked up the water that was in the trench.
Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa.
39 And all the people saw [it], and they fell on their faces and said, Jehovah, he is God! Jehovah, he is God!
Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”
40 And Elijah said to them, Seize the prophets of Baal; let not one of them escape! And they seized them; and Elijah brought them down to the torrent of Kishon, and slaughtered them there.
Na Elia hyɛɛ sɛ, “Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane.” Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn wɔ hɔ.
41 And Elijah said to Ahab, Go up, eat and drink; for there is a sound of abundance of rain.
Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Kɔ na kɔdi aduane pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛseɛ bi rebɛtɔ.”
42 And Ahab went up to eat and to drink. And Elijah went up to the top of Carmel; and he bowed down on the earth, and put his face between his knees.
Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ.
43 And he said to his servant, Go up now, look toward the sea. And he went up and looked, and said, [There is] nothing. And he said, Go again seven times.
Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.” Ɔsomfoɔ no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia sɛ, “Manhunu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mprɛnson.
44 And it came to pass at the seventh time that he said, Behold there is a cloud, small as a man's hand, arising out of the sea. And he said, Go up, say to Ahab, Harness and go down, that the pour of rain stop thee not.
Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teaam sɛ, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na sane kɔ efie. Sɛ woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’”
45 And it came to pass in the mean while, that the heavens became black [with] clouds and wind, and there was a great pour of rain. And Ahab got on the chariot, and went to Jizreel.
Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel.
46 And the hand of Jehovah was upon Elijah; and he girded up his loins, and ran before Ahab to the entrance of Jizreel.
Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.

< 1 Kings 18 >