< 1 Kings 15 >

1 And in the eighteenth year of king Jeroboam the son of Nebat began Abijam to reign over Judah.
Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ dunwɔtwe soɔ no, Abiyam hyɛɛ nʼadedie ase sɛ ɔhene wɔ Yuda.
2 He reigned three years in Jerusalem; and his mother's name was Maachah, a daughter of Abishalom.
Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmiɛnsa. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Absalom babaa.
3 And he walked in all the sins of his father, which he had done before him; and his heart was not perfect with Jehovah his God, as the heart of David his father.
Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni Awurade ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.
4 But for David's sake Jehovah his God gave him a lamp in Jerusalem, setting up his son after him, and establishing Jerusalem;
Nanso, ɛsiane Dawid enti, Awurade, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ wɔ Yerusalem.
5 because David did that which was right in the sight of Jehovah, and turned not aside from anything that he commanded him all the days of his life, except in the matter of Urijah the Hittite.
Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.
6 And there had been war between Rehoboam and Jeroboam all the days of his life.
Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam.
7 And the rest of the acts of Abijam, and all that he did, are they not written in the book of the chronicles of the kings of Judah? And there was war between Abijam and Jeroboam.
Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara.
8 And Abijam slept with his fathers; and they buried him in the city of David. And Asa his son reigned in his stead.
Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
9 And in the twentieth year of Jeroboam king of Israel, Asa began to reign over Judah;
Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene wɔ Yuda.
10 and he reigned forty-one years in Jerusalem; and his mother's name was Maachah, daughter of Abishalom.
Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa.
11 And Asa did what was right in the sight of Jehovah, as David his father.
Asa yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.
12 And he put away the sodomites out of the land, and removed all the idols that his father had made.
Ɔpamoo asɔreeɛ so nnwamanfoɔ nyinaa firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a nʼagyanom yɛeɛ no nyinaa.
13 And also Maachah his mother he removed from being queen, because she had made an idol for the Asherah; and Asa cut down her idol, and burned it in the valley of Kidron.
Na mpo, ɔtuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwadeɛ. Asa twaa dua no na ɔhyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu.
14 But the high places were not removed; only, Asa's heart was perfect with Jehovah all his days.
Ɛwom sɛ wɔansɛe abosonnan no nyinaa koraa deɛ, nanso, Asa kɔɔ so de nʼakoma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu.
15 And he brought into the house of Jehovah the things which his father had dedicated, and the things which he himself had dedicated, silver and gold and vessels.
Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too edin de maa Awurade Asɔredan no baeɛ.
16 And there was war between Asa and Baasha king of Israel all their days.
Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam.
17 And Baasha king of Israel came up against Judah, and built Ramah, in order to let none go out or come in to Asa king of Judah.
Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie wɔ Yudahene Asa asase so.
18 And Asa took all the silver and the gold that were left in the treasures of the house of Jehovah, and in the treasures of the king's house, and gave them into the hand of his servants; and king Asa sent them to Ben-Hadad, the son of Tabrimmon, the son of Hezion, king of Syria, who dwelt at Damascus, saying,
Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho.
19 There is a league between me and thee, [as] between my father and thy father; behold, I send thee a present of silver and gold: go, break thy league with Baasha king of Israel, that he may depart from me.
“Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”
20 And Ben-Hadad hearkened to king Asa, and sent the captains of his forces against the cities of Israel, and smote Ijon, and Dan, and Abel-Beth-Maachah, and all Kinneroth, with all the land of Naphtali.
Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so.
21 And it came to pass when Baasha heard of it, that he left off building Ramah, and dwelt in Tirzah.
Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ.
22 And king Asa called together all Judah: none was exempted; and they carried away the stones and the timber from Ramah, with which Baasha had been building; and king Asa built with them Geba of Benjamin, and Mizpah.
Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no.
23 And the rest of all the acts of Asa, and all his might, and all that he did, and the cities that he built, are they not written in the book of the chronicles of the kings of Judah? Only, in the time of his old age he was diseased in his feet.
Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan.
24 And Asa slept with his fathers, and was buried with his fathers in the city of David his father. And Jehoshaphat his son reigned in his stead.
Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
25 And Nadab the son of Jeroboam began to reign over Israel in the second year of Asa king of Judah; and he reigned over Israel two years.
Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu.
26 And he did evil in the sight of Jehovah, and walked in the way of his father, and in his sin with which he made Israel sin.
Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.
27 And Baasha the son of Ahijah, of the house of Issachar, conspired against him; and Baasha smote him at Gibbethon, which [belonged] to the Philistines, when Nadab and all Israel were besieging Gibbethon.
Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no.
28 And Baasha slew him in the third year of Asa king of Judah, and reigned in his stead.
Baasa kumm Nadab wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi hɔ.
29 And it came to pass when he was king, he smote all the house of Jeroboam; he left to Jeroboam none that breathed; until he had destroyed him, according to the word of Jehovah which he spoke by his servant Ahijah the Shilonite,
Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no.
30 because of the sins of Jeroboam which he sinned, and wherewith he made Israel to sin; by his provocation with which he provoked Jehovah the God of Israel to anger.
Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
31 And the rest of the acts of Nadab, and all that he did, are they not written in the book of the chronicles of the kings of Israel?
Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu.
32 And there was war between Asa and Baasha king of Israel all their days.
Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.
33 In the third year of Asa king of Judah began Baasha the son of Ahijah to reign over all Israel in Tirzah, for twenty-four years.
Ahiya ba Baasa hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no mfeɛ mmiɛnsa mu. Baasa dii adeɛ Tirsa mfeɛ aduonu ɛnan.
34 And he did evil in the sight of Jehovah, and walked in the way of Jeroboam, and in his sin where with he made Israel to sin.
Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no.

< 1 Kings 15 >